< 1 Timoteo 3 >
1 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa.
This is a trustworthy saying: If anyone aspires to be an overseer, he desires a noble task.
2 Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso.
An overseer, then, must be above reproach, the husband of but one wife, temperate, self-controlled, respectable, hospitable, able to teach,
3 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo.
not dependent on wine, not violent but gentle, peaceable, and free of the love of money.
4 Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no.
An overseer must manage his own household well and keep his children under control, with complete dignity.
5 Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?
For if someone does not know how to manage his own household, how can he care for the church of God?
6 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no.
He must not be a recent convert, or he may become conceited and fall under the same condemnation as the devil.
7 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no.
Furthermore, he must have a good reputation with outsiders, so that he will not fall into disgrace and into the snare of the devil.
8 Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo.
Deacons likewise must be dignified, not double-tongued or given to much wine or greedy for money.
9 Ɛsɛ sɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no.
They must hold to the mystery of the faith with a clear conscience.
10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom.
Additionally, they must first be tested. Then, if they are above reproach, let them serve as deacons.
11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware wɔ biribiara mu.
In the same way, the women must be dignified, not slanderers, but temperate and faithful in all things.
12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye.
A deacon must be the husband of but one wife, a good manager of his children and of his own household.
13 Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam.
For those who have served well as deacons acquire for themselves a high standing and great confidence in the faith that is in Christ Jesus.
14 Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn.
Although I hope to come to you soon, I am writing you these things
15 Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso.
in case I am delayed, so that you will know how each one must conduct himself in God’s household, which is the church of the living God, the pillar and foundation of the truth.
16 Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn: Ɔbae onipa tebea mu, Honhom no buu no bem, na abɔfo huu no, wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu, na wiase gyee no dii, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu.
By common confession, the mystery of godliness is great: He appeared in the flesh, was vindicated by the Spirit, was seen by angels, was proclaimed among the nations, was believed in throughout the world, was taken up in glory.