< 1 Timoteo 2 >
1 Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
Παρακαλῶ οὖν πρῶτον πάντων ποιεῖσθαι δεήσεις, προσευχάς, ἐντεύξεις, εὐχαριστίας, ὑπὲρ πάντων ἀνθρώπων,
2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.
ὑπὲρ βασιλέων καὶ πάντων τῶν ἐν ὑπεροχῇ ὄντων, ἵνα ἤρεμον καὶ ἡσύχιον βίον διάγωμεν ἐν πάσῃ εὐσεβείᾳ καὶ σεμνότητι.
3 Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a
τοῦτο καλὸν καὶ ἀπόδεκτον ἐνώπιον τοῦ Σωτῆρος ἡμῶν Θεοῦ,
4 ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani.
ὃς πάντας ἀνθρώπους θέλει σωθῆναι καὶ εἰς ἐπίγνωσιν ἀληθείας ἐλθεῖν.
5 Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no.
εἷς γὰρ Θεός, εἷς καὶ μεσίτης Θεοῦ καὶ ἀνθρώπων, ἄνθρωπος Χριστὸς Ἰησοῦς,
6 Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbaa bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa.
ὁ δοὺς ἑαυτὸν ἀντίλυτρον ὑπὲρ πάντων, τὸ μαρτύριον καιροῖς ἰδίοις·
7 Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro, mereka nokware!
εἰς ὃ ἐτέθην ἐγὼ κῆρυξ καὶ ἀπόστολος, ἀλήθειαν λέγω, οὐ ψεύδομαι, διδάσκαλος ἐθνῶν ἐν πίστει καὶ ἀληθείᾳ.
8 Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae.
Βούλομαι οὖν προσεύχεσθαι τοὺς ἄνδρας ἐν παντὶ τόπῳ ἐπαίροντας ὁσίους χεῖρας χωρὶς ὀργῆς καὶ διαλογισμοῦ.
9 Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa ɔkwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔnyɛ wɔn ti sɛ mmea ahobrɛasefo; wɔmmfa sika anaa nwinne anaa ntade a ne bo yɛ den nsiesie wɔn ho.
Ὡσαύτως γυναῖκας ἐν καταστολῇ κοσμίῳ μετὰ αἰδοῦς καὶ σωφροσύνης κοσμεῖν ἑαυτάς, μὴ ἐν πλέγμασιν καὶ χρυσίῳ ἢ μαργαρίταις ἢ ἱματισμῷ πολυτελεῖ,
10 Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo no adi.
ἀλλ’ ὃ πρέπει γυναιξὶν ἐπαγγελλομέναις θεοσέβειαν, δι’ ἔργων ἀγαθῶν.
11 Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade.
Γυνὴ ἐν ἡσυχίᾳ μανθανέτω ἐν πάσῃ ὑποταγῇ·
12 Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm.
διδάσκειν δὲ γυναικὶ οὐκ ἐπιτρέπω, οὐδὲ αὐθεντεῖν ἀνδρός, ἀλλ’ εἶναι ἐν ἡσυχίᾳ.
13 Efisɛ wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.
Ἀδὰμ γὰρ πρῶτος ἐπλάσθη, εἶτα Εὔα.
14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so.
καὶ Ἀδὰμ οὐκ ἠπατήθη, ἡ δὲ γυνὴ ἐξαπατηθεῖσα ἐν παραβάσει γέγονεν·
15 Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronkronyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu.
σωθήσεται δὲ διὰ τῆς τεκνογονίας, ἐὰν μείνωσιν ἐν πίστει καὶ ἀγάπῃ καὶ ἁγιασμῷ μετὰ σωφροσύνης.