< 1 Tesalonikafo 1 >

1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: Adom ne asomdwoe nka mo.
פולוס וסלונוס וטימותיוס אל קהלת התסלוניקים באלהים האב ובאדון ישוע המשיח חסד לכם ושלום מאת אלהים אבינו ואדנינו ישוע המשיח׃
2 Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso.
נודה לאלהים על כלכם בכל עת בהזכיר אתכם בתפלותינו׃
3 Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.
בזכרנו תמיד לפני האלהים אבינו את פעל אמונתכם ויגיעת אהבתכם וסבלנות תקותכם לאדנינו ישוע המשיח׃
4 Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no.
כי ידענו אחי חביבי האלהים את אשר נבחרתם׃
5 Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae.
באשר בשורתנו לא היתה לכם בדבור לבד כי גם בגבורה וברוח הקדש ובדעת נאמנה מאד כאשר ידעתם גם אתם את אשר היינו בתוככם למענכם׃
6 Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no.
ואתם הייתם הלכים בעקבותינו ובעקבות אדנינו בקבלכם את הדבר בתוך עני רב עם חדות רוח הקדש׃
7 Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa.
עד היותכם מופת לכל המאמינים אשר במקדוניא ובאכיא׃
8 Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio.
כי מאתכם נשמע קול דבר יהוה לא לבד במקדוניא ואכיא כי אם בכל מקום יצאה אמונתכם באלהים עד שאין לנו צרך לדבר דבר׃
9 Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no,
כי פיהם המספר מה היה מבואנו אליכם ואיך פניתם מעבודת אלילים ושבתם לאלהים לעבד את אל חי ואמתי׃
10 na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.
ולחכות לבנו מן השמים אשר העירו מן המתים לישוע מצילנו מן החרון הבא׃

< 1 Tesalonikafo 1 >