< 1 Tesalonikafo 5 >
1 Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi.
Mas irmãos, acerca dos tempos e das estações, não necessitais de que eu vos escreva;
2 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo.
pois vós mesmos bem sabeis que o dia do Senhor virá como um ladrão de noite.
3 Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no.
Quando disserem: “Paz e segurança”, então virá sobre eles repentina destruição, como as dores de parto da grávida, e de maneira nenhuma escaparão.
4 Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfo.
Mas vós, irmãos, não estais em trevas, para que aquele dia vos tome de surpresa como um ladrão.
5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma.
Todos vós sois filhos da luz e filhos do dia; não somos da noite nem das trevas.
6 Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.
Portanto, não durmamos, como os outros; em vez disso, vigiemos e sejamos sóbrios.
7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa.
Pois os que dormem, dormem de noite; e os que ficam bêbados embebedam-se de noite.
8 Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.
Mas nós, que somos do dia, sejamos sóbrios, e nos vistamos da couraça da fé e do amor, e do capacete da esperança da salvação.
9 Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn sɛ yebenya nkwagye wɔ Awurade Yesu Kristo mu.
Porque Deus não nos destinou para a ira, mas, sim, para obtermos a salvação, por meio do nosso Senhor Jesus Cristo,
10 Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛanyan oo, anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu.
que morreu por nós, a fim de que, se estivermos vigiando ou dormindo, nós vivamos juntamente com ele.
11 Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi.
Portanto exortai-vos uns aos outros, e edificai-vos uns aos outros, como já fazeis.
12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no.
Irmãos, nós vos rogamos que reconheçais os que trabalham entre vós, e que lideram sobre vós no Senhor, e vos advertem;
13 Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu.
e os estimai muito com amor, por causa do trabalho deles. Tende paz entre vós.
14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa.
Rogamo-vos também, irmãos, que advirtais os desordeiros, consoleis os de pouco ânimo, apoieis aos fracos, e tenhais paciência com todos.
15 Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara.
Tende cuidado para que ninguém retribua o mal com o mal, mas sempre segui o bem, tanto uns com os outros, como com todos.
16 Momma mo ani nnye da biara
Alegrai-vos sempre.
17 na bere biara nso, mommɔ mpae;
Orai sem cessar.
18 biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
Agradecei em tudo, pois essa é a vontade de Deus em Cristo Jesus para vós mesmos.
19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ;
Não apagueis o Espírito.
20 munnsi adiyisɛm atwetwe.
Não desprezeis as profecias.
21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye.
Examinai tudo, e mantende o que é bom.
Não haja entre vós qualquer forma de mal.
23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba.
E o próprio Deus da paz vos santifique em tudo; e que todo o vosso espírito, alma e corpo sejam preservados irrepreensíveis na vinda do nosso Senhor Jesus Cristo.
24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.
Fiel é aquele que vos chama, e ele também [o] fará.
25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn.
Irmãos, orai por nós.
26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.
Saudai a todos os irmãos com beijo santo.
27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
Eu vos mando pelo Senhor que esta carta seja lida a todos os irmãos.
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
A graça de nosso Senhor Jesus Cristo [seja] convosco.