< 1 Tesalonikafo 4 >
1 Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no so.
Finally, brothers, we encourage and exhort you in the Lord Jesus. As you received instructions from us about how you must walk and please God, also in this way walk, so that you do so even more.
2 Munim nkyerɛkyerɛ a esiane Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo.
For you know what instructions we gave you through the Lord Jesus.
3 Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho.
For this is the will of God, your sanctification, that you avoid sexual immorality,
4 Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena wɔ kronkronyɛ ne anuonyam mu.
that each of you know how to possess his own vessel in holiness and honor,
5 Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no.
not in the passion of lust (as the Gentiles who do not know God).
6 Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko, efisɛ sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso denneennen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no.
Let no man transgress and wrong his brother in this matter. For the Lord is an avenger in all these things, just as we forewarned you and testified.
7 Onyankopɔn amfrɛ yɛn se yɛmmɛbɔ aguaman, na mmom ɔfrɛɛ yɛn se yɛntena ase ahotew mu.
For God did not call us to uncleanness, but to holiness.
8 Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo saa nkyerɛkyerɛ yi no mpo onipa, na mmom ɔpo Onyankopɔn a ɔma mo ne Honhom Kronkron no.
Therefore, he who rejects this rejects not people, but God, who gives his Holy Spirit to you.
9 Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho.
Regarding brotherly love, you have no need for anyone to write to you, for you yourselves are taught by God to love one another.
10 Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa.
Indeed, you do this for all the brothers who are in all Macedonia. But we exhort you, brothers, to do this even more.
11 Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no.
We also exhort you to aspire to live quietly, take care of your own responsibilities, and work with your hands, just as we commanded you,
12 Sɛ moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.
so that you may walk properly before outsiders and not be in any need.
13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no.
We do not want you to be uninformed, brothers, about those who sleep, so that you do not grieve like the rest who do not have hope.
14 Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba.
For if we believe that Jesus died and rose again, even so God will bring with Jesus those who have fallen asleep in him.
15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne se, da a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan.
For this we say to you by the word of the Lord, that we who are alive, who are left at the coming of the Lord, will surely not go before those who have fallen asleep.
16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfo panyin nteɛmu ne Onyankopɔn torobɛnto nnyigye fi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan,
For the Lord himself will descend from heaven. He will come with a shout, with the voice of the archangel, and with the trumpet of God, and the dead in Christ will rise first.
17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.
Then we who are alive, who are left, will together with them be caught up in the clouds to meet the Lord in the air. In this way we will always be with the Lord.
18 Enti momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.
Therefore, comfort one another with these words.