< 1 Tesalonikafo 3 >

1 Akyiri yi a yehuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
ⲁ̅ⲉⲧⲃⲉⲡⲁⲓ̈ ϭⲉ ⲙ̅ⲡⲛ̅ⲉϣϭⲱ. ⲉⲁⲛⲣ̅ϩⲛⲁⲛ ⲉϣⲱϫⲡ̅ ⲙⲁⲩⲁⲁⲛ ϩⲛ̅ⲁⲑⲏⲛⲁⲓⲥ.
2 Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa nhyɛ mo gyidi den,
ⲃ̅ⲁⲛⲧⲛ̅ⲛⲟⲟⲩ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲧⲓⲙⲟⲑⲉⲟⲥ ⲡⲉⲛⲥⲟⲛ. ⲡⲇⲓⲁⲕⲟⲛⲟⲥ ⲛ̅ⲧⲉⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲙ̅ⲡⲉⲩⲁⲅⲅⲉⲗⲓⲟⲛ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅. ⲉⲡⲧⲁϫⲣⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲁⲩⲱ ⲉⲥⲟⲡⲥ̅ ϩⲁⲧⲉⲧⲛ̅ⲡⲓⲥⲧⲓⲥ
3 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti mo mu biara remmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
ⲅ̅ⲉⲧⲙ̅ⲧⲣⲉⲗⲁⲁⲩ ⲕⲓⲙ ϩⲛ̅ⲛⲉⲓ̈ⲑⲗⲓⲯⲓⲥ̅ ⲛ̅ⲧⲱⲧⲛ̅ ⲅⲁⲣ ⲧⲉⲧⲛ̅ⲥⲟⲟⲩⲛ ϫⲉ ⲉⲛⲕⲏ ⲉⲡⲉⲓ̈ϩⲱⲃ.
4 Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se wɔbɛtaa yɛn; na sɛnea munim no na aba mu saa pɛpɛɛpɛ no.
ⲇ̅ⲕⲁⲓⲅⲁⲣ ⲉⲛϩⲁⲧⲛ̅ⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲁⲛϣⲣ̅ⲡϫⲟⲟⲥ ⲛⲏⲧⲛ̅ ϫⲉ ⲥⲉⲛⲁⲑⲗⲓⲃⲉ ⲙ̅ⲙⲟⲛ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲥϣⲱⲡⲉ. ⲁⲩⲱ ⲧⲉⲧⲛ̅ⲥⲟⲟⲩⲛ·
5 Eyi nti esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa.
ⲉ̅ⲉⲧⲃⲉⲡⲁⲓ̈ ⲁⲛⲟⲕ ϩⲱ ⲙ̅ⲡⲓⲉϣϭⲱ ⲁⲓ̈ⲧⲛ̅ⲛⲟⲟⲩ ⲉⲉⲓⲙⲉ ⲉⲧⲉⲧⲛ̅ⲡⲓⲥⲧⲓⲥ ϫⲉ ⲙⲉϣⲁⲕ ⲁϥⲡⲓⲣⲁⲍⲉ ⲙ̅ⲙⲱⲧⲛ̅ ⲛ̅ϭⲓⲡⲉⲧⲡⲓⲣⲁⲍⲉ. ⲛ̅ⲧⲉⲡⲉⲛϩⲓⲥⲉ ϣⲱⲡⲉ ⲉⲡϫⲓⲛϫⲏ.
6 Afei, Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se, daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo no ara pɛ.
ⲋ̅ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲇⲉ ⲛ̅ⲧⲉⲣⲉⲧⲓⲙⲟⲑⲉⲟⲥ ⲉⲓ ϣⲁⲣⲟⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅. ⲁⲩⲱ ⲛ̅ⲧⲉⲣⲉϥⲧⲁⲙⲟⲛ ⲉⲧⲉⲧⲛ̅ⲡⲓⲥⲧⲓⲥ. ⲙⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲁⲅⲁⲡⲏ ⲁⲩⲱ ϫⲉ ⲟⲩⲛ̅ⲧⲏⲧⲛ̅ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲛⲣ̅ⲡⲙⲉⲉⲩⲉ ⲉⲛⲁⲛⲟⲩϥ ⲛ̅ⲟⲩⲟⲉⲓϣ ⲛⲓⲙ. ⲉⲧⲉⲧⲛ̅ⲟⲩⲉϣⲛⲁⲩ ⲉⲣⲟⲛ. ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ϩⲱⲱⲛ ⲉⲧⲛ̅ⲟⲩⲉϣⲛⲁⲩ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅.
7 Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
ⲍ̅ⲉⲧⲃⲉⲡⲁⲓ̈ ⲁⲡⲉⲛϩⲏⲧ ⲙ̅ⲧⲟⲛ ⲉϫⲛ̅ⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲛⲉⲥⲛⲏⲩ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉϫⲛ̅ⲁⲛⲁⲅⲕⲏ ⲛⲓⲙ ⲙⲛ̅ⲧⲉⲛⲑⲗⲓⲯⲓⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲟⲟⲧⲥ̅ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲡⲓⲥⲧⲓⲥ.
8 efisɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
ⲏ̅ϫⲉ ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲧⲛ̅ⲟⲛϩ̅ ⲉⲧⲉⲧⲛ̅ϣⲁⲛⲁϩⲉⲣⲁⲧⲧⲏⲧⲧⲛ̅ ϩⲙ̅ⲡϫⲟⲉⲓⲥ.
9 Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛw yɛn wɔ nʼanim.
ⲑ̅ⲁϣ ⲅⲁⲣ ⲛ̅ϣⲡ̅ϩⲙⲟⲧ ⲡⲉⲧⲛ̅ⲛⲁϣⲧⲟⲩⲉⲓⲟϥ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲁⲣⲱⲧⲛ̅ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉϫⲙ̅ⲡⲣⲁϣⲉ ⲉⲧⲛ̅ⲣⲁϣⲉ ⲙ̅ⲙⲟϥ ⲉⲧⲃⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙ̅ⲡⲉⲛⲛⲟⲩⲧⲉ
10 Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu.
ⲓ̅ⲛ̅ⲧⲉⲩϣⲏ ⲙⲛ̅ⲡⲉϩⲟⲟⲩ ⲉⲛⲥⲟⲡⲥ̅ ⲙ̅ⲙⲁⲧⲉ ⲉⲧⲣⲉⲛⲛⲁⲩ ⲉⲡⲉⲧⲛ̅ϩⲟ. ⲁⲩⲱ ⲉⲥⲟⲃⲧⲉ ⲛ̅ⲛ̅ϣⲱⲱⲧ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ⲡⲓⲥⲧⲓⲥ.
11 Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie ɔkwan na yɛmmra mo nkyɛn.
ⲓ̅ⲁ̅ⲛ̅ⲧⲟϥ ⲇⲉ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲉⲛⲉⲓⲱⲧ ⲙⲛ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅. ⲉϥⲉⲥⲟⲟⲩⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲧⲉⲛϩⲓⲏ ϣⲁⲣⲱⲧⲛ̅.
12 Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no.
ⲓ̅ⲃ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲇⲉ ⲉϥⲉⲧⲁϣⲉⲧⲏⲩⲧⲛ̅. ⲁⲩⲱ ⲉϥⲉⲧⲣⲉⲧⲛ̅ⲣ̅ϩⲟⲩⲟ ϩⲛ̅ⲧⲁⲅⲁⲡⲏ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲛⲉⲧⲛ̅ⲉⲣⲏⲩ ⲁⲩⲱ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲟⲩⲟⲛ ⲛⲓⲙ. ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲛ̅ⲁⲛⲟⲛ ⲉϩⲟⲩⲛ ⲉⲣⲱⲧⲛ̅.
13 Mebɔ mpae sɛ Awurade ne ne nkurɔfo nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronkron a nkekae biara nni mu wɔ Agya Nyankopɔn anim.
ⲓ̅ⲅ̅ⲉⲡⲧⲁϫⲣⲉⲛⲉⲧⲛ̅ϩⲏⲧ ⲁϫⲛ̅ⲛⲟⲃⲉ. ϩⲛ̅ⲟⲩⲟⲩⲟⲡ ⲙ̅ⲡⲉⲙⲧⲟ ⲉⲃⲟⲗ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲉⲛⲉⲓⲱⲧ ϩⲛ̅ⲧⲡⲁⲣϩⲟⲩⲥⲓⲁ ⲙ̅ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅ ⲙⲛ̅ⲛⲉϥⲡⲉⲧⲟⲩⲁⲁⲃ ⲧⲏⲣⲟⲩ·

< 1 Tesalonikafo 3 >