< 1 Tesalonikafo 2 >

1 Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa.
Konečně, sami víte nejlíp, drazí bratři, k čemu byla dobrá návštěva u vás.
2 Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no.
Víte, jak s námi předtím zacházeli ve Filipech a co jsme tam zkusili. A přece nám Bůh dal odvahu vystoupit se stejným poselstvím i u vás, ačkoliv jsme byli obklopeni nepřáteli.
3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo.
Vidíte tedy, že za naším kázáním nebyly žádné nečestné úmysly ani snaha někoho podvést; naše řeč byla přímá a upřímná.
4 Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ.
Bůh nás přece poctil úkolem hlásat jeho radostné poselství, a proto nemůžeme změnit jediné písmenko z jeho slov. Vždyť jemu ani naše nejtajnější myšlenky nejsou neznámé.
5 Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni.
Nikdy jsme se nepokoušeli získat někoho lichotkami ani jsme předstíraným přátelstvím z nikoho nemámili peníze. Bůh je naším svědkem.
6 Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ.
Ani jsme pro sebe nepožadovali nějaké zvláštní pocty,
7 Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma.
i když jsme jako apoštolové na vaši úctu jistě měli právo. My jsme dali přednost spíš mateřsky laskavému přístupu
8 Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no.
a také jsme si vás tak zamilovali, že bychom vám rádi odevzdali nejen Boží poselství, ale i vlastní život.
9 Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so.
Vzpomínáte ještě, drazí, jak tvrdě jsme si u vás vydělávali svůj denní chléb? Ve dne v noci jsme dřeli, abychom při svém kázání nebyli nikomu na obtíž.
10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho.
Sami můžete dosvědčit – a Bůh to ví také, že jsme se všemi jednali s úctou, spravedlivě a čestně.
11 Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena.
Víte přece, že jsme s každým z vás zacházeli jako otec se svými dětmi.
12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so.
Povzbuzovali jsme vás i napomínali, abyste žili ke cti a radosti Boha, který vás povolal do svého království.
13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.
Když jsme vám přinesli Boží poselství, přijali jste ho ne jako lidské slovo, ale jako slovo Boží, jak bylo i na místě. Zato znovu a znovu Bohu děkujeme. Vždyť i vaše životy byly tím slovem proměněny,
14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a
ale stalo se totéž, co už dříve zažili křesťané v Judsku: přišlo pronásledování od vlastních krajanů.
15 wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara.
Tam židé zabíjeli své vlastní proroky, zabili i Ježíše Krista a teď zase pronásledují nás a odevšad nás vyhánějí. Přivolávají na sebe Boží hněv a jednají nepřátelsky vůči lidstvu,
16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so.
když nám brání zvěstovat poselství, jež ho může zachránit. Tak jen dovršují míru svých hříchů a Boží neodvolatelný hněv se už nad nimi stahuje.
17 Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa.
Bratři, když jsme od vás museli na nějakou dobu odejít – ale v duchu jsme s vámi pořád, přemýšleli jsme, jak se k vám zase co nejdříve vrátit.
18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan.
Já, Pavel, jsem se o to už několikrát pokoušel, ale vždycky mi to Boží nepřítel překazil.
19 Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana?
Vždyť kdo bude naší radostí, naší nadějí a vavřínem, až se jednou postavíme před Kristem v den jeho návratu?
20 Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.
Vy jste naše sláva a radost.

< 1 Tesalonikafo 2 >