< 1 Samuel 8 >
1 Samuel bɔɔ akwakoraa no, oyii ne mmabarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufo.
Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ.
2 Nʼabakan no din de Yoel, na ne ba a ɔto so abien no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufo wɔ Beer-Seba.
Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba.
3 Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew.
Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea.
4 Enti Israel mpanyimfo nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bedii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ.
Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ.
5 Wɔka kyerɛɛ no se, “Woabɔ akwakoraa, na wo mmabarima nso nnantew wʼakwan so; enti si ɔhene na onni yɛn anim sɛnea aman bebree yɛ no no.”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”
6 Wɔn abisade no anyɛ Samuel dɛ nti, ɔkɔɔ Awurade anim kobisaa akwankyerɛ.
Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ.
7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio.
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio.
8 Efi bere a miyii wɔn fii Misraim no besi nnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akodi anyame afoforo akyi; na nnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.
Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.
9 Ɛno nti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibere so, na ma wonhu ɔkwan a ɔhene a ɔrebedi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”
Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”
10 Enti Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no.
Enti, Samuel kaa Awurade kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no.
11 “Sɛɛ na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmabarima na wama wɔde ne nteaseɛnam ne apɔnkɔ asom, na wama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.
“Sei na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmammarima akɔfra nʼasradɔm mu, na wɔama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim.
12 Ebinom bɛyɛ nʼakofo mpem ne aduonum so asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa ma wɔafuntum nʼasase, na wɔatwa ne nnɔbae, na afoforo ayɛ nʼakode ne ne teaseɛnam ho nneɛma.
Ebinom bɛyɛ nʼakodɔm mu asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa mu asomfoɔ. Wɔbɛhyɛ ebinom ma wɔafuntum nʼafuo, na wɔatwa nʼafudeɛ, na afoforɔ ayɛ nʼakodeɛ ne ne teaseɛnam ho nneɛma.
13 Ɔhene no begye mo mmabea afi mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuan, na wɔato nnuan, na wɔayɛ nnuhuam nso ama no.
Ɔhene no bɛgye mo mmammaa afiri mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuane, na wɔato nnuane, na wɔayɛ nnuhwam nso ama no.
14 Obegye mo mfuw ne mo bobe mfuw ne mo ngo mfuw a eye no afi mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfo.
Ɔbɛgye mo mfuo ne mo bobe mfuo ne mo ngo mfuo a ɛyɛ no afiri mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfoɔ.
15 Obegye mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfo ne nʼasomfo.
Ɔbɛgye mo mfudeɛ mu nkyɛmu edu mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasomfoɔ.
16 Ɔbɛpɛ sɛ obenya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwi papa ne mo mfurum de wɔn ayɛ nʼadwuma.
Ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛnya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwie papa ne mo mfunumu de wɔn ayɛ nʼadwuma.
17 Obegye mo nguan mu nkyɛmu du mu baako na moayɛ nʼasomfo.
Ɔbɛgye mo nnwan mu nkyɛmu edu mu baako na moayɛ nʼasomfoɔ.
18 Sɛ da no du a, mobɛsrɛ ahomegye afi saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”
Sɛ ɛda no duru a, mobɛsrɛ ahomegyeɛ afiri saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso Awurade remmoa mo.”
19 Nanso ɔmanfo no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkae ara ne se, “Yɛpɛ ɔhene.
Nanso, ɔmanfoɔ no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkaeɛ ara ne sɛ, “Sɛ ɛte sɛn koraa a, yɛpɛ ɔhene.
20 Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn hene bedi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn ɔhene bɛdi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.”
21 Enti Samuel kaa asɛm a nkurɔfo no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade,
Enti, Samuel kaa asɛm a nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Awurade,
22 na Awurade buae se, “Yɛ nea wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.
na Awurade buaa sɛ, “Yɛ deɛ wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom.