< 1 Samuel 7 >
1 Enti Kiriat-Yearimfo begyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab fi a ɛda bepɔw nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wodwiraa ne babarima Eleasar sɛ ɔnhwɛ so.
基列‧耶琳人就下來,將耶和華的約櫃接上去,放在山上亞比拿達的家中,分派他兒子以利亞撒看守耶和華的約櫃。
2 Apam Adaka no kyɛe yiye wɔ Kiriat-Yearim. Edii mfirihyia aduonu wɔ hɔ. Saa bere no Israel nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ na ayɛ sɛ Awurade agyaw wɔn.
約櫃在基列‧耶琳許久。過了二十年,以色列全家都傾向耶和華。
3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa se, “Sɛ mode mo koma nyinaa resan akɔ Awurade nkyɛn de a, ɛno de, montwe mo ho mfi ananafo anyame ne Astoret ahoni ho. Munsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ osetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na obegye mo afi Filistifo nsam.”
撒母耳對以色列全家說:「你們若一心歸順耶和華,就要把外邦的神和亞斯她錄從你們中間除掉,專心歸向耶和華,單單地事奉他。他必救你們脫離非利士人的手。」
4 Enti Israelfo no too Baalim ne Astoret gui, som Awurade nko.
以色列人就除掉諸巴力和亞斯她錄,單單地事奉耶和華。
5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpae mma mo.”
撒母耳說:「要使以色列眾人聚集在米斯巴,我好為你們禱告耶和華。」
6 Enti wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn anyankamade mu no, wɔsaw nsu fi abura bi mu, na wohwie guu Awurade anim. Wodii abuada da no, na wɔkaa nokware sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so temmufo.
他們就聚集在米斯巴,打水澆在耶和華面前,當日禁食,說:「我們得罪了耶和華。」於是撒母耳在米斯巴審判以色列人。
7 Bere a Filistifo sodifo no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, tu teɛe. Na Israelfo no tee sɛ Filistifo no rebɛn wɔn no, wɔn koma tuu yiye.
非利士人聽見以色列人聚集在米斯巴,非利士的首領就上來要攻擊以色列人。以色列人聽見,就懼怕非利士人。
8 Woguan toaa Samuel se, “Srɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.”
以色列人對撒母耳說:「願你不住地為我們呼求耶和華-我們的上帝,救我們脫離非利士人的手。」
9 Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Ɔsrɛɛ Awurade maa Israelfo, na Awurade tiei.
撒母耳就把一隻吃奶的羊羔獻與耶和華作全牲的燔祭,為以色列人呼求耶和華;耶和華就應允他。
10 Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso Onyankopɔn de aprannaa nne a emu yɛ duru yiye kasa fi soro, maa basabasayɛ sii Filistifo no mu, maa Israelfo no dii wɔn so nkonim.
撒母耳正獻燔祭的時候,非利士人前來要與以色列人爭戰。當日,耶和華大發雷聲,驚亂非利士人,他們就敗在以色列人面前。
11 Israel mmarima pam wɔn fi Mispa, kosii Bet-Kar, kunkum wɔn guu ɔkwan so.
以色列人從米斯巴出來,追趕非利士人,擊殺他們,直到伯‧甲的下邊。
12 Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abesi!”
撒母耳將一塊石頭立在米斯巴和善的中間,給石頭起名叫以便以謝,說:「到如今耶和華都幫助我們。」
13 Enti wodii Filistifo no so, na wɔantumi ammegye Israelfo nsase amfa wɔ bere tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, Awurade nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifo.
從此,非利士人就被制伏,不敢再入以色列人的境內。撒母耳作士師的時候,耶和華的手攻擊非利士人。
14 Na Israel nkurow a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifo no agyigye no. Wɔde asase a aka a Filistifo no agyigye no kaa ho. Ɛmaa asomdwoe baa Israel ne Amorifo ntam saa bere no.
非利士人所取以色列人的城邑,從以革倫直到迦特,都歸以色列人了。屬這些城的四境,以色列人也從非利士人手下收回。那時以色列人與亞摩利人和好。
15 Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so temmufo ne nkwa nna a aka nyinaa.
撒母耳平生作以色列的士師。
16 Afe biara, na otu kwan kyinkyin bu atɛn wɔ nʼasennii. Ofi ase wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Obuu Israelfo atɛn wɔ saa nkurow yi biara so.
他每年巡行到伯特利、吉甲、米斯巴,在這幾處審判以色列人。
17 Afei, na ɔsan ba ne kurom Rama bedi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔremuka wɔ Rama de maa Awurade.
隨後回到拉瑪,因為他的家在那裏;也在那裏審判以色列人,且為耶和華築了一座壇。