< 1 Samuel 6 >
1 Awurade Apam Adaka no dii Filistifo asase so asram ason.
Awurade Apam Adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.
2 Na Filistifo no frɛɛ wɔn asɔfo ne wɔn asamanfrɛfo bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsan mfa nkɔ asase a efi so no so.”
Na Filistifoɔ no frɛɛ wɔn asɔfoɔ ne wɔn nsamanfrɛfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Awurade Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so nsane mfa nkɔ asase a ɛfiri soɔ no so.”
3 Wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ faako a mokɔfaa no, na momfa akyɛde nka ho. Momfa afɔdi afɔre nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde bae.”
Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.”
4 Wobisae se, “Ɛno de, na afɔdi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo asodifo baanum nti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ pɔmpɔ sɛso anum ne sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum te sɛ nea asodifo no dodow te.
Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ.
5 Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa mfa nkyerɛ nidi a mowɔ ma Israel Nyankopɔn. Na ebia, obegyaa mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no.
Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa fa nkyerɛ anidie a mowɔ ma Israel Onyankopɔn. Na ebia, ɔbɛgyae mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no.
6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ atuatewfo, sɛnea Farao ne Misraimfo yɛe no. Wɔamma Israelfo ankɔ kosii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm tew guu wɔn so.
Monnyɛ asoɔden, nnyɛ adɔnyɛfoɔ, sɛdeɛ Farao ne Misraimfoɔ yɛeɛ no. Wɔamma Israelfoɔ ankɔ kɔsii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm te guu wɔn so.
7 “Afei, monyɛ teaseɛnam foforo, na monhwehwɛ anantwibere abien a afei na wɔawo mma foforo. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no na montetew wɔn mma no mfi wɔn ho, mfa wɔn nkogu wɔn buw mu.
“Afei, monyɛ teaseɛnam foforɔ, na monhwehwɛ anantwibereɛ mmienu a afei na wɔawo mma foforɔ. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no na montete wɔn mma no mfiri wɔn ho, mfa wɔn nkɔgu wɔn buo mu.
8 Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwi no nkɔ baabiara a wɔpɛ.
Momfa Awurade Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwie no nkɔ baabiara a wɔpɛ.
9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hye, na wokodu Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛse yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yebehu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, emfi Awurade, wɔ ɔkwan biara so.”
Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.”
10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwi abien a wɔawo foforo de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buw mu.
Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwie mmienu a wɔawo foforɔ de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buo mu.
11 Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho.
Wɔde Awurade Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akusie sɛso ne sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho.
12 Afei, anantwi no de su faa ɔtempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifo asodifo dii wɔn akyi ara kosii Bet-Semes hye so.
Afei, anantwie no de su faa tempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifoɔ sodifoɔ dii wɔn akyi ara kɔsii Bet-Semes hyeɛ so.
13 Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko wɔ obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi.
Saa ɛberɛ no, na Bet-Semesfoɔ retwa wɔn atokoɔ wɔ bɔnhwa no mu. Enti, wɔpagyaa wɔn ani hunuu Adaka no, wɔdii ahurisie.
14 Teaseɛnam no koduu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ofi Bet-Semes afuw mu no, egyinaa ɔbotan kɛse bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade.
Teaseɛnam no kɔduruu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ɔfiri Bet-Semes afuo mu no, ɛgyinaa ɔbotan kɛseɛ bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade.
15 Lewifo no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agude wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛse no so. Saa da no, Bet-Semesfo bɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre bebree maa Awurade.
Lewifoɔ no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agudeɛ wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛseɛ no so. Saa ɛda no, Bet-Semesfoɔ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ bebree maa Awurade.
16 Filistifo asodifo baanum no hwɛɛ eyinom nyinaa, na da no ara, wɔsan kɔɔ Ekron.
Filistifoɔ sodifoɔ baanum no hwɛɛ yeinom nyinaa, na ɛda no ara, wɔsane kɔɔ Ekron.
17 Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifo no de kɔɔ sɛ asodi afɔre, de maa Awurade no yɛ akyɛde a efi Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron asodifo nkyɛn.
Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifoɔ no de kɔɔ sɛ asodie afɔdeɛ, de maa Awurade no yɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron sodifoɔ nkyɛn.
18 Sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum no nso gyina hɔ ma Filistifo nkuropɔn anum no ne nkurow a atwa ho ahyia no a na asodifo baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛse a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no sii no nso da so tim Yosua afum besi nnɛ sɛ nkae ade a ɛkyerɛ asɛm a esii wɔ hɔ no.
Sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum no nso gyina hɔ ma Filistifoɔ nkuropɔn enum no ne nkurotoɔ a atwa ho ahyia no a na sodifoɔ baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛseɛ a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde Awurade Apam Adaka no siiɛ no nso da so tim Yosua afuom bɛsi ɛnnɛ sɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ asɛm a ɛsii hɔ no.
19 Na Awurade kunkum Bet-Semesfo no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na nea Awurade yɛe no nti, nnipa no twaa agyaadwo pa ara.
Na Awurade kunkumm Bet-Semesfoɔ no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ Awurade Apam Adaka no mu. Na deɛ Awurade yɛeɛ no enti, nnipa no twaa agyaadwoɔ pa ara.
20 Wosu bisae se, “Hena na obetumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Nyankopɔn anim? Ɛhe na yebetumi de adaka yi afi ha akɔ?”
Wɔsu bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi agyina Awurade, Ɔkronkronni Onyankopɔn anim? Ɛhe na yɛbɛtumi de adaka yi afiri ha akɔ?”
21 Enti wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Filistifo no asan de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmegye!”
Enti, wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Filistifoɔ no asane de Awurade Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmɛgye!”