< 1 Samuel 31 >

1 Afei, Filistifo no ko tiaa Israel. Israelfo no guanee wɔ wɔn anim, na wokunkum pii wɔ Gilboa bepɔw so.
و فلسطینیان با اسرائیل جنگ کردند ومردان اسرائیل از حضور فلسطینیان فرار کردند، و در کوه جلبوع کشته شده، افتادند.۱
2 Filistifo no kɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, kunkum wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
و فلسطینیان، شاول و پسرانش را به سختی تعاقب نمودند، و فلسطینیان یوناتان و ابیناداب وملکیشوع پسران شاول را کشتند.۲
3 Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifo agyantowfo no bɛn no, na wopiraa no kɛse pa ara.
و جنگ برشاول سخت شد، و تیراندازان دور او را گرفتند وبه‌سبب تیراندازان به غایت دلتنگ گردید.۳
4 Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa no, na fa wɔ me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” Na nʼakodekurafo no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ankasa afoa sinaa ne ho wɔ so.
و شاول به سلاحدار خود گفت: «شمشیرخود را کشیده، آن را به من فرو بر مبادا این نامختونان آمده، مرا مجروح سازند و مرا افتضاح نمایند.» اما سلاحدارش نخواست زیرا که بسیاردر ترس بود. پس شاول شمشیر خود را گرفته، برآن افتاد.۴
5 Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ wawu no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho.
و هنگامی که سلاحدارش شاول را دید که مرده است، او نیز بر شمشیر خود افتاده، با اوبمرد.۵
6 Enti Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodekurafo ne nʼakofo nyinaa totɔɔ saa da no.
پس شاول و سه پسرش و سلاحدارش وجمیع کسانش نیز در آن روز با هم مردند.۶
7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow hɔ guanee. Na Filistifo no bɛtenaa hɔ.
وچون مردان اسرائیل که به آن طرف دره و به آن طرف اردن بودند، دیدند که مردان اسرائیل فرارکرده‌اند و شاول و پسرانش مرده‌اند، شهرهای خود را ترک کرده، گریختند و فلسطینیان آمده، در آنها ساکن شدند.۷
8 Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔw so.
و در فردای آن روز، چون فلسطینیان برای برهنه کردن کشتگان آمدند، شاول و سه پسرش رایافتند که در کوه جلبوع افتاده بودند.۸
9 Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔ wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa.
پس سر اورا بریدند و اسلحه‌اش را بیرون کرده، به زمین فلسطینیان، به هر طرف فرستادند تا به بتخانه های خود و به قوم مژده برسانند.۹
10 Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho.
و اسلحه او را درخانه عشتاروت نهادند و جسدش را بر حصاربیتشان آویختند.۱۰
11 Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no,
و چون ساکنان یابیش جلعاد، آنچه را که فلسطینیان به شاول کرده بودندشنیدند،۱۱
12 wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn.
جمیع مردان شجاع برخاسته، و تمامی شب سفر کرده، جسد شاول و اجسادپسرانش را از حصار بیتشان گرفتند، و به یابیش برگشته، آنها را در آنجا سوزانیدند.۱۲
13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.
واستخوانهای ایشان را گرفته، آنها را زیر درخت بلوطی که در یابیش است، دفن کردند و هفت روزروزه گرفتند.۱۳

< 1 Samuel 31 >