< 1 Samuel 30 >

1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa,
Or trois jours après David et ses gens étant revenus à Tsiklag, [trouvèrent] que les Hamalécites s'étaient jetés du côté du Midi, et sur Tsiklag, et qu'ils avaient frappé Tsiklag, et l'avaient brûlée;
2 akyekyeree mmea ne mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mu nyinaa. Wɔankum wɔn mu biara, mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔe.
Et qu'ils avaient fait prisonnières les femmes qui étaient là, sans avoir tué aucun homme, depuis les plus petits jusqu'aux plus grands: mais ils les avaient emmenés, et s'en étaient allés leur chemin.
3 Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no,
David donc et ses gens revinrent en la ville: et voici elle était brûlée, et leurs femmes, et leurs fils, et leurs filles avaient été faits prisonniers.
4 wotwaa agyaadwo ara kosii sɛ afei na wontumi ntwa agyaadwo no bio.
C'est pourquoi David et le peuple qui était avec lui élevèrent leur voix, et pleurèrent tellement qu'il n'y avait plus en eux de force pour pleurer.
5 Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔe no ho.
Et les deux femmes de David avaient été prises prisonnières, [savoir] Ahinoham de Jizréhel, et Abigaïl [qui avait été] femme de Nabal, lequel était de Carmel.
6 Dawid ho yeraw no yiye, efisɛ na mmarima no adwene ho sɛ wobesiw no abo, esiane wɔn mmabarima ne wɔn mmabea a wɔakyekyere wɔn no nti. Nanso Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.
Mais David fut dans une grande extrémité, parce que le peuple parlait de le lapider; car tout le peuple était outré à cause de leurs fils et de leurs filles; toutefois David se fortifia en l'Eternel son Dieu.
7 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “Fa asɔfotade no brɛ me.” Na Abiatar de bae.
Et il dit à Abiathar le Sacrificateur, fils d'Ahimélec: Mets, je te prie, l'Ephod pour moi; et Abiathar mit l'Ephod pour David.
8 Na Dawid bisaa Awurade se, “Mintiw dɔm no ana? Mɛto wɔn ana?” Awurade buaa no se, “Yiw, tiw wɔn. Na biribiara a wɔafa afi mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.”
Et David consulta l'Eternel, en disant: Poursuivrai-je cette troupe-là; l'atteindrai-je? et il lui répondit: Poursuis-la; car tu ne manqueras point de l'atteindre, et de recouvrer [tout].
9 Enti Dawid ne ne mmarima ahansia no sii kwan so. Ankyɛ biara na woduu Besor asuwa no so.
David donc s'en alla avec les six cents hommes qui étaient avec lui, et ils arrivèrent au torrent de Bésor, où s'arrêtèrent ceux qui demeuraient en arrière.
10 Nanso mmarima no mu ahannu de, na wɔabrɛbrɛ yiye nti wɔantumi antwa asu no. Ɛno nti, Dawid de asraafo ahannan a wɔaka no toaa so.
Ainsi David et quatre cents hommes firent la poursuite, mais deux cents hommes s'arrêtèrent, qui étaient trop fatigués pour pouvoir passer le torrent de Bésor.
11 Asraafo no bi huu Misraimni barima bi wɔ wuram hɔ ma wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no brodo sɛ onni ne nsu sɛ ɔnnom.
Or ayant trouvé un homme Egyptien par les champs, ils l'amenèrent à David, et lui donnèrent du pain, et il mangea, puis ils lui donnèrent de l'eau à boire.
12 Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden.
Ils lui donnèrent aussi quelques figues sèches, et deux grappes de raisins secs, et il mangea, et le cœur lui revint; car il y avait trois jours et trois nuits qu'il n'avait point mangé de pain, ni bu d'eau.
13 Dawid bisaa no se, “Hena nipa ne wo, na wufi he?” Obuae se, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaw me hɔ, efisɛ na meyare.
Et David lui dit: A qui es-tu? et d'où es-tu? Et il répondit: Je suis un garçon Egyptien, serviteur d'un homme Hamalécite; et mon maître m'a abandonné, parce que je tombai malade il y a trois jours.
14 Yɛkɔtoaa Keretifo wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyew Siklag.”
Nous nous étions jetés du côté du Midi des Keréthiens, et sur ce qui est de Juda, et du côté du Midi de Caleb, et nous avons brûlé Tsiklag par feu.
15 Dawid bisaa no se, “Enti wubedi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberante no buae se, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensan mfa me mma me wura de a, ɛno de, medi wʼanim de wo akɔ.”
Et David lui dit: Me conduiras-tu bien vers cette troupe-là? Et il répondit: Jure-moi par [le nom de] Dieu que tu ne me feras point mourir, et que tu ne me livreras point entre les mains de mon maître, et je te conduirai vers cette troupe-là.
16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so.
Et il le conduisit dans ce lieu-là. Et voici, ils étaient dispersés sur toute la terre, mangeant, buvant, et dansant, à cause de ce grand butin qu'ils avaient pris au pays des Philistins, et au pays de Juda.
17 Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkum wɔn wɔ afoa ano anadwo mu no nyinaa, kosii adekyee no anwummere. Amalekfo no mu biara antumi anguan, gye mmarima ahannan a wɔtenatenaa yoma so guanee no.
Et David les frappa depuis l'aube du jour jusqu'au soir du lendemain qu'il s'était mis à les poursuivre; et il n'en échappa aucun d'eux, hormis quatre cents jeunes hommes qui montèrent sur des chameaux, et qui s'enfuirent.
18 Dawid gyee biribiara a Amalekfo no fae, san gyee ne yerenom baanu no.
Et David recouvra tout ce que les Hamalécites avaient emporté; il recouvra aussi ses deux femmes.
19 Biribiara anyera; sɛ ɛyɛ akumaa anaa ɔpanyin, abarimaa anaa abeawa anaa biribiara a wɔfae sɛ asade no, Dawid de ne nyinaa san bae.
Et ils trouvèrent que rien ne leur manquait, depuis le plus petit jusqu'au plus grand, tant des fils que des filles, et du butin, et de tout ce qu'ils leur avaient emporté; David recouvra le tout.
20 Nʼakofo no kaa nguan ne anantwi no de wɔn bae. Na wɔkae se, “Eyinom nyinaa yɛ Dawid asade.”
David prit aussi tout le [reste du] gros et du menu bétail, qu'on mena devant les troupeaux [qu'on leur avait pris]; [et] on disait: C'est ici le butin de David.
21 Na woduu Besor asuwa no so no, wohuu mmarima ahannu a ɔbrɛ dodow nti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyiaa wɔn anigye so.
Puis David vint vers les deux cents hommes qui avaient été tellement fatigués qu'ils n'avaient pu marcher après David, qui les avait fait demeurer auprès du torrent de Bésor; et ils sortirent au devant de David, et au devant du peuple qui était avec lui; et David s'étant approché du peuple, il les salua aimablement.
22 Nanso Dawid mmarima no mu asɛmpɛfo bi kae se, “Wɔne yɛn ankɔ nti, wɔrennya asade no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn se, womfi yɛn ani so nkɔ.”
Mais tous les mauvais et méchants hommes qui étaient allés avec David, prirent la parole, et dirent: Puisqu'ils ne sont point venus avec nous, nous ne leur donnerons rien du butin que nous avons recouvré, sinon à chacun d'eux sa femme et ses enfants, et qu'ils les emmènent, et s'en aillent.
23 Nanso Dawid kae se, “Dabi, anuanom! Monnyɛ nea Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkominya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfo so nkonim.
Mais David dit: Mes frères, vous ne ferez pas ainsi de ce que l'Eternel nous a donné, lequel nous a gardés, et a livré entre nos mains la troupe qui était venue contre nous.
24 Mugye di sɛ sɛ moka no saa a, obi betie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ ɔsa ne wɔn a wɔhwɛ akode so nyinaa.”
Qui vous croirait en ce cas-ci? car celui qui demeure au bagage doit avoir autant de part que celui qui descend à la bataille; ils partageront également.
25 Efi saa bere no, Dawid yɛɛ eyi mmara, maa Israel nyinaa na wɔda so di so saa ara de besi nnɛ.
Ce qui fut ainsi pratiqué depuis ce jour-là, et il en fut fait une ordonnance et une loi en Israël, jusqu'à ce jour.
26 Bere a Dawid duu Siklag no, ɔsoma ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a na wɔyɛ ne nnamfonom kae se, “Mo akyɛde a yɛfa fi Awurade atamfo nsam ni.”
David donc revint à Tsiklag, et envoya du butin aux Anciens de Juda, [savoir] à ses amis, en disant: Voici, un présent pour vous, du butin des ennemis de l'Eternel.
27 Wɔde akyɛde no kɔmaa wɔn a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafo fam ne Yatir;
[Il en envoya] à ceux qui étaient à Béthel, et à ceux qui étaient à Ramoth du Midi, et à ceux qui étaient à Jattir,
28 wɔn a wɔwɔ Aroer, Sifmot, Estemoa
Et à ceux qui étaient à Haroher, et à ceux qui étaient à Siphamoth, et à ceux qui étaient à Estemoah,
29 ne Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfo nkurow mu ne Kenifo kurow mu,
Et à ceux qui étaient à Racal, et à ceux qui étaient dans les villes des Jerahméeliens, et à ceux qui étaient dans les villes des Kéniens,
30 ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak,
Et à ceux qui étaient à Horma, et à ceux qui étaient à Cor-hasan, et à ceux qui étaient à Hathac,
31 Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.
Et à ceux qui étaient à Hébron, et dans tous les lieux où David avait demeuré, lui et ses gens.

< 1 Samuel 30 >