< 1 Samuel 3 >

1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som Awurade. Saa bere no na asɛm a wɔte fi Awurade nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na.
Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, somm Awurade. Saa ɛberɛ no na asɛm a wɔte firi Awurade nkyɛn ne anisoadehunu yɛ adeɛ a ɛho yɛ na.
2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa.
Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa.
3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no.
Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no.
4 Prɛko pɛ, Awurade frɛe se, “Samuel! Samuel!” Samuel buae se, “Mini.”
Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!” Samuel buaa sɛ, “Menie.”
5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.” Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae.
Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ.
6 Awurade san frɛɛ bio se, “Samuel!” Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?” Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.”
Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!” Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”
7 Na Samuel nnya nhuu Awurade, efisɛ na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da.
8 Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.” Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.
Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.
9 Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘Awurade kasa na wʼakoa retie.’” Enti Samuel kɔdaa bio.
Enti, ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so na ka sɛ, ‘Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.’” Enti, Samuel kɔdaa bio.
10 Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buae se, “Awurade kasa na wʼakoa retie.”
Na Awurade ba bɛfrɛɛ bio sɛ, “Samuel! Samuel!” Na Samuel buaa sɛ, “Menie, Awurade kasa na wʼakoa retie.”
11 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel.
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Merebɛyɛ akomatuo adeɛ bi wɔ Israel.
12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa.
Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa.
13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn.
Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmuo reba ɔne nʼabusuafoɔ so, ɛfiri sɛ, ne mmammarima abɔ mmusuo atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn.
14 Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
Na maka ntam sɛ, Eli ne ne mmammarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.”
15 Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli.
Samuel daa hɔ ara kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. Ɔbuebuee ntomadan hɔ mfɛnsere sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli.
16 Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.” Samuel buae se, “Mini!”
Nanso, Eli frɛɛ no sɛ, “Samuel, me ba.” Samuel buaa sɛ, “Menie!”
17 Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.”
Eli bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Awurade ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.”
18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne Awurade; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.”
Enti, Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee ansie no. Eli ka sɔɔ so sɛ, “Ɛyɛ Awurade pɛ. Ɔnyɛ deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ na ɛfata biara.”
19 Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa.
Awurade kaa Samuel ho wɔ ne nyiniiɛ mu, na biribiara a Samuel kaeɛ no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa.
20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade diyifo.
Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, ɛfiri asase no ti kɔsi nʼanafoɔ, na wɔnim sɛ wɔahyɛ Samuel Awurade odiyifoɔ.
21 Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ. Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa
Awurade kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔde nsɛm maa Samuel wɔ ntomadan mu hɔ.

< 1 Samuel 3 >