< 1 Samuel 28 >

1 Saa bere no, Filistifo no boaboaa wɔn asraafo ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid se, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
I u ono vrijeme skupiše Filisteji vojsku svoju da zavojšte na Izrailja; i reèe Ahis Davidu: znaj da æeš iæi sa mnom na vojsku ti i tvoji ljudi.
2 Dawid penee so se, “Eye pa ara, wʼankasa wubehu nea wʼakoa betumi ayɛ.” Akis kae se, “Eye, mɛyɛ wo me bammɔfo afebɔɔ.”
A David reèe Ahisu: sad æeš vidjeti šta æe uèiniti tvoj sluga. A Ahis reèe Davidu: zato æu te postaviti da si èuvar glave moje svagda.
3 Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so.
A Samuilo bijaše umro, i plaka za njim sav Izrailj, i pogreboše ga u Rami, u njegovu gradu. I Saul bijaše istrijebio iz zemlje gatare i vraèare.
4 Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa.
I Filisteji skupivši se doðoše i stadoše u oko kod Sunima; skupi i Saul sve Izrailjce, i stadoše u oko kod Gelvuje.
5 Bere a Saulo huu Filistifo asraafo no dodow no, osuroe; ehu hyɛɛ ne koma ma.
Saul pak videæi vojsku Filistejsku uplaši se, i srce mu uzdrhta veoma.
6 Obisaa Awurade nea ɔnyɛ nanso Awurade amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no.
I upita Saul Gospoda, ali mu Gospod ne odgovori ni u snu ni preko Urima, ni preko proroka.
7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufo se, “Monhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” Nʼafotufo no buae se, “Ɔbea samanfrɛfo bi wɔ En-Dor.”
I Saul reèe slugama svojim: tražite mi ženu s duhom vraèarskim, da otidem k njoj i upitam je. A sluge mu rekoše: evo u Endoru ima žena u kojoj je duh vraèarski.
8 Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”
Tada se Saul preruši obukav druge haljine, i otide sa dva èovjeka, i doðe k onoj ženi noæu; i on joj reèe: hajde vraèaj mi duhom vraèarskim, i dozovi mi onoga koga ti kažem.
9 Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?”
Ali mu žena reèe: ta ti znaš šta je uèinio Saul i kako je istrijebio iz zemlje gatare i vraèare; zašto dakle meæeš zamku duši mojoj da me ubiješ?
10 Saulo de Awurade din kaa no ntam se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ eyi ho da.”
A Saul joj se zakle Gospodom govoreæi: tako živ bio Gospod! neæe ti biti ništa za to.
11 Afei, ɔbea no bisae se, “Hena na memfrɛ no mma wo?” Obuae se, “Frɛ Samuel ma me.”
Tada reèe žena: koga da ti dozovem? A on reèe: Samuila mi dozovi.
12 Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
A kad žena vidje Samuila, povika iza glasa, i reèe žena Saulu govoreæi: zašto si me prevario? ta ti si Saul.
13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro. Dɛn na wuhu?” Ɔbea no buae se, “Mihu honhom bi sɛ apue afi fam reba.”
A car joj reèe: ne boj se; nego šta si vidjela? A žena reèe Saulu: bogove sam vidjela gdje izlaze iz zemlje.
14 Saulo bisae se, “Ɔte dɛn?” Obuae se, “Akwakoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” Ɛhɔ na Saulo huu sɛ ɛyɛ Samuel, enti ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuw fam.
On joj opet reèe: kakav je? Ona mu reèe: star èovjek izlazi ogrnut plaštem. Tada razumje Saul da je Samuilo, i savi se licem do zemlje i pokloni se.
15 Samuel bisae se, “Adɛn nti na wofrɛ me de haw me saa?” Saulo buae se, “Efisɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifo de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agyaw me. Mente ne nka wɔ adiyifo nkyɛn anaa daeso mu. Enti mafrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ.”
A Samuilo reèe Saulu: zašto si me uznemirio i izazvao? Odgovori Saul: u nevolji sam velikoj, jer Filisteji zavojštiše na me, a Bog je otstupio od mene, i ne odgovara mi više ni preko proroka ni u snu, zato pozvah tebe da mi kažeš šta æu èiniti.
16 Na Samuel buae se, “Sɛ Awurade agyaw wo, abɛyɛ wo tamfo a, adɛn nti na worebisa me?
A Samuilo reèe: pa što mene pitaš, kad je Gospod otstupio od tebe i postao ti neprijatelj?
17 Awurade ayɛ nea ɔnam me so hyɛɛ ho nkɔm no. Wagye ahenni no afi wo nsam de ama Dawid, wo nkurɔfo no mu baako.
Gospod je uèinio kako je kazao preko mene; jer je Gospod istrgao carstvo iz tvoje ruke i dao ga bližnjemu tvojemu Davidu;
18 Awurade ayɛ saa, efisɛ woanni ne mmara a ɛfa Amalekfo ho no so.
Jer nijesi poslušao glasa Gospodnjega, niti si izvršio žestokoga gnjeva njegova na Amaliku; zato ti je danas Gospod to uèinio.
19 Nea ɛka ho ne se, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafo nyinaa bɛma Filistifo, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel asraafo no nyinaa adi nkogu.”
I Gospod æe predati i Izrailja s tobom u ruke Filistejima; te æeš sjutra ti i sinovi tvoji biti kod mene; i oko Izrailjski predaæe Gospod u ruke Filistejima.
20 Samuel nsɛm a Saulo tee no nti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam. Na onni ahoɔden biara, efisɛ na onnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
A Saul ujedanput pade na zemlju kolik je dug, jer se vrlo uplaši od rijeèi Samuilovijeh, i ne bješe snage u njemu, jer ne bješe ništa jeo vas dan i svu noæ.
21 Ɔbea no huu adwene mu haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisade.
Tada žena pristupi k Saulu, i videæi ga vrlo uplašena reèe mu: evo, sluškinja te je tvoja poslušala, i nijesam za život svoj marila da bih te poslušala što si mi kazao.
22 Enti yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛnea ɛbɛma woanya ahoɔden asan akɔ wʼakyi.”
Nego sada i ti poslušaj šta æe ti sluškinja tvoja kazati: postaviæu ti malo hljeba, te jedi da se okrijepiš da se možeš vratiti svojim putem.
23 Nanso Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ onnidi. Enti akyiri no, ɔpenee so sɔre fii fam hɔ, tenaa akongua so.
A on ne htje, i reèe: neæu jesti. Ali navališe na nj sluge njegove i žena, te ih posluša, i ustavši sa zemlje sjede na postelju.
24 Na ɔbea no ayɛn nantwi ba ama wadɔ srade nti, ɔyɛɛ ntɛm kokum no, na ɔfɔw asikresiam, fɔtɔw de too apiti.
A žena imaše kod kuæe tele ugojeno, i brže ga zakla, i uze brašna te umijesi i ispeèe hljebove prijesne.
25 Ɔde aduan no besii Saulo ne ne mmarima no anim ma wodii. Na wofii hɔ kɔɔ anadwo no.
Potom postavi Saulu i slugama njegovijem, te jedoše. A poslije ustaše i otidoše iste noæi.

< 1 Samuel 28 >