< 1 Samuel 27 >

1 Na Dawid dwen ho se, “Da bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na nea mɛyɛ a eye pa ara ne sɛ, meguan akɔ Filistifo nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo begyae mʼakyidi na menya bammɔ.”
ダビデ心の中にいひけるは是のごとくば我早晩サウルの手にほろびん速にペリシテ人の地にのがるるにまさることあらず然らばサウルかさねて我をイスラエルの四方の境にたづぬることをやめて我かれの手をのがれんと
2 Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase.
ダビデたちておのれとともな六百人のものとともにわたりてガテの王マオクの子アキシにいたる
3 Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabea no kɔe.
ダビデと其從者ガテにてアキシとともに住ておのおの其家族とともにをるダビデはその二人の妻すなはちヱズレル人アヒノアムとカルメル人ナバルの妻なりしアビガルとともにあり
4 Saulo tee sɛ Dawid aguan kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio.
ダビデのガテににげしことサウルにきこえければサウルかさねてかれをたづねざりき
5 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis se, “Sɛ ɛrenhaw wo a, ma yɛn baabi wɔ nkurow no bi so na yɛnkɔtena hɔ sen sɛ yɛbɛtena ahenkurow yi mu.”
ここにダビデ、アキシにいひけるは我もし爾のまへに恩を得たるならばねがはくは郷里にある邑のうちにて一のところを我にあたへて其處にすむことを得さしめよ僕なんぞ爾とともに王城にすむべけんやと
6 Enti Akis de Siklag kurow maa no, (na efi saa da no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenae de besi nnɛ),
アキシ其日チクラグをかれにあたへたり是故にヂクラグは今日にいたるまでユダの王に屬す
7 na wɔtenaa Filistifo no mu afe ne asram anan.
タビデのペリシテ人の國にをりし日數は一年と四箇月なりき
8 Afei, Dawid ne ne dɔm kɔtow hyɛɛ Gesurfo, Girsifo ne Amalekfo so. Saa nnipa yi na na kan no, wɔtete asase a ɛtrɛw kɔ Sur a ɛwɔ Misraim kwan so no.
ダビデ其從者と共にのぼりゲシユル人ゲゼリ人アマレク人を襲ふたり昔より是等はシユルにいたる地にすみてエジプトの地にまでおよべり
9 Dawid annyaw onipa baako anikann wɔ nkuraa a ɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nguan, anantwi, mfurum, yoma ne ntade nyinaa ansa na ɔresan akɔ Akis nkyɛn.
ダビデ其地をうちて男をも女をも生し存さず羊と牛と駱駝と衣服をとりて還りてアキシに至る
10 Akis bisaa Dawid se, “Ɛhe na nnɛ mofom nneɛma kodui?” Dawid buae se, “Yɛkɔɔ Yuda anafo fam kɔtow hyɛɛ Yerahmeelfo ne Kenifo so.”
アキシいひけるは爾ら今日何地を襲ひしやダビデいひけるはユダの南とヱラメルの南とケニ人の南ををかせりと
11 Dawid kum wɔn nyinaa. Wannyaw obiara a obetumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔe. Saa ade yi kɔɔ so ara wɔ bere a na Dawid te Filistifo mu no.
ダビデ男も女も生存らしめずして一人をもガテにひきゆかざりき其はダビデ恐くは彼らダビデかくなせりといひて我儕の事を告んといひたればなりダビデ、ペリシテ人の地にすめるあひだは其なすところ常にかくのごとくなりき
12 Akis gyee Dawid dii, na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Saa bere yi de, Israelfo bekyi no kɔkɔɔkɔ, na ɛbɛma no atena ha, na wasom me afebɔɔ.”
アキシ、ダビデを信じていひけるは彼は其民イスラエルをして全くおのれを惡ましむされば永くわが僕となるべし

< 1 Samuel 27 >