< 1 Samuel 24 >
1 Saulo ne Filistifo no ko wiee no, wɔka kyerɛɛ no se, “Dawid hyɛ En-Gedi sare so hɔ.”
Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.”
2 Ɛno nti Saulo yii mmarima mpensa fii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔe sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beae bi a ɛbɛn Wuram Mmirekyi Abotan no.
Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no.
3 Obeduu nguannan bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekogye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.
Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.
4 Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a Awurade kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano.
Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.
5 Na Dawid adwene mu anteɛ no sɛ watwa Saulo atade ano.
Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano.
6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ mmusu sɛ obi bɛteɛ me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; efisɛ Awurade ankasa na wapaw no.”
Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.”
7 Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.
Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.
8 Dawid pue bae, teɛteɛɛ mu dii nʼakyi se, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase.
Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase.
9 Afei, ɔteɛɛ mu bisaa Saulo se, “Adɛn nti na wutie nkurɔfo ano sɛ merepɛ wo ahaw wo?
Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo?
10 Nnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokware. Efisɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me se, minkum wo, nanso mankum wo. Na mekae se, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, efisɛ ɔyɛ obi a Awurade asra no.’
Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’
11 Mʼagya, hwɛ ade a mikura yi. Ɛyɛ wʼatade sin bi. Mitwae, nanso mankum wo. Eyi da no adi pefee sɛ merenhaw wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me rehwehwɛ me akum me.
Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me.
12 Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, nea woayɛ nti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me de, merenhaw wo da.
Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da.
13 Wobu bɛ se, ‘Abɔnefo mu na bɔne fi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenhaw wo.
Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo.
14 “Hena na Israelhene rehwehwɛ no akyere no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne bere taataa obi a ne so nni mfaso sɛ ɔkraman funu anaa dwiw?
“Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie?
15 Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu nea odi bem, na ɔntwe ɔfɔdifo no aso. Ɔno ne me kamafo, na obegye me afi wo tumi ase.”
Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.”
16 Saulo buae se, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ofii ase sui.
Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.
17 Ɔtoaa so se, “Woteɛ sen me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me de mayɛ wo bɔne.
Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne.
18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, efisɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa, a anka wubetumi akum me nanso woankum me.
Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me.
19 Sɛ obi nsa ka ne tamfo a, ogyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɔkwan a wode me afa so nnɛ yi ho.
Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho.
20 Afei mahu sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wobesi wo ɔhene, na Israel ahemman no bedi yiye wɔ wo bere so.
Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so.
21 Afei, sua wɔ Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wubedi ade a, worentwa mʼasefo anaa worempepa me din mfi mʼagya fi.”
Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.”
22 Enti Dawid sua kyerɛɛ Saulo. Na Saulo san kɔɔ fie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn abandennen mu.
Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.