< 1 Samuel 22 >

1 Dawid guan fii Gat kɔtɛw ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛ biara na ne nuanom mmarima ne ne fifo bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ.
Abiit ergo David inde, et fugit in speluncam Odollam. Quod cum audissent fratres eius, et omnis domus patris eius, descenderunt ad eum illuc.
2 Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan.
Et convenerunt ad eum omnes, qui erant in angustia constituti, et oppressi aere alieno, et amaro animo: et factus est eorum princeps, fueruntque cum eo quasi quadringenti viri.
3 Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?”
Et profectus est David inde in Maspha, quae est Moab: et dixit ad regem Moab: Maneat, oro, pater meus et mater mea vobiscum, donec sciam quid faciat mihi Deus.
4 Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea hɔ.
Et reliquit eos ante faciem regis Moab: manseruntque apud eum cunctis diebus, quibus David fuit in praesidio.
5 Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, “Ntena hintabea hɔ. Kɔ Yuda asase so.” Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu.
Dixitque Gad propheta ad David: Noli manere in praesidio, proficiscere, et vade in Terram Iuda. Et profectus est David, et venit in saltum Haret.
6 Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia.
Et audivit Saul quod apparuisset David, et viri qui erant cum eo. Saul autem cum maneret in Gabaa, et esset in nemore, quod est in Rama, hastam manu tenens, cunctique servi eius circumstarent eum,
7 Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana?
ait ad servos suos qui assistebant ei: Audite me nunc filii Iemini: numquid omnibus vobis dabit filius Isai agros et vineas, et universos vos faciet tribunos, et centuriones:
8 Ɛno nti na mo nyinaa abɔ pɔw atia me yi? Na amfa mo mu biara ho sɛ morenka biribi nkyerɛ me se me ara me babarima wɔ Dawid afa. Munnwen ho! Me ara me babarima hyɛ mʼakoa nkuran sɛ ɔnkɔtɛw me mpɛ me nkum me!”
quoniam coniurastis omnes adversum me, et non est qui mihi renunciet, maxime cum et filius meus foedus inierit cum filio Isai? Non est qui vicem meam doleat ex vobis, nec qui annunciet mihi: eo quod suscitaverit filius meus servum meum adversum me, insidiantem mihi usque hodie.
9 Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofo gyina hɔ no kae se, “Mihuu Yisai ba no sɛ ɔbae Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.
Respondens autem Doeg Idumaeus, qui assistebat, et erat primus inter servos Saul, Vidi, inquit, filium Isai in Nobe apud Achimelech filium Achitob sacerdotem.
10 Ahimelek bisaa Awurade nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no.”
Qui consuluit pro eo Dominum, et cibaria dedit ei: sed et gladium Goliath Philisthaei dedit illi.
11 Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfo Ahimelek ne ne fifo a na wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra.
Misit ergo rex ad accersendum Achimelech sacerdotem filium Achitob, et omnem domum patris eius, sacerdotum, qui erant in Nobe, qui universi venerunt ad regem.
12 Wɔbae no, Saulo kae se, “Tie! Ahitub ba.” Obuae se, “Nana asɛm bɛn.”
Et ait Saul ad Achimelech: Audi fili Achitob. Qui respondit: Praesto sum Domine.
13 Na Saulo bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne Dawid apam me ti so, na womaa no brodo ne afoa, san bisaa Awurade maa no. Adɛn nti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ adɔm ntia me na ɔmmɛtow nhyɛ me so wɔ ha?”
Dixitque ad eum Saul: Quare coniurastis adversum me, tu et filius Isai, et dedisti ei panes et gladium, et consuluisti pro eo Dominum, ut consurgeret adversum me, insidiator usque hodie permanens?
14 Ahimelek buae se, “Nana, mesrɛ mibisa sɛ, wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafo te sɛ wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wɔ wo fidua mu.
Respondensque Achimelech regi, ait: Et quis in omnibus servis tuis, sicut David fidelis, et gener regis, et pergens ad imperium tuum, et gloriosus in domo tua?
15 Ɛnyɛ saa da no ne da a edi kan a mabisa Awurade ama no. Dabi da! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de sobo bɔ ne somfo ne ne fifo, efisɛ wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”
Num hodie coepi pro eo consulere Dominum? absit hoc a me: ne suspicetur rex adversus servum suum rem huiuscemodi, in universa domo patris mei: non enim scivit servus tuus quidquam super hoc negotio, vel modicum vel grande.
16 Na ɔhene kae se, “Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu.”
Dixitque rex: Morte morieris Achimelech, tu, et omnis domus patris tui.
17 Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ hɔ no se, “Munkunkum Awurade asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim sɛ ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no.
Et ait rex emissariis qui circumstabant eum: Convertimini, et interficite sacerdotes Domini: nam manus eorum cum David est: scientes quod fugisset, et non indicaverunt mihi. Noluerunt autem servi regis extendere manus suas in sacerdotes Domini.
18 Enti ɔhene hyɛɛ Doeg se, “Dan wo ho na kunkum asɔfo no.” Enti Edomni Doeg dan ne ho kunkum wɔn. Da no, okum mmarima a na wɔhyɛ sirikyi asɔfotade aduɔwɔtwe anum.
Et ait rex ad Doeg: Convertere tu, et irrue in sacerdotes. Conversusque Doeg Idumaeus, irruit in sacerdotes, et trucidavit in die illa octogintaquinque viros vestitos ephod lineo.
19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa.
Nobe autem civitatem sacerdotum percussit in ore gladii, viros et mulieres, et parvulos, et lactentes, bovemque et asinum, et ovem in ore gladii.
20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn.
Evadens autem unus filius Achimelech, filii Achitob, cuius nomen erat Abiathar, fugit ad David,
21 Bere a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfo no,
et annunciavit ei quod occidisset Saul sacerdotes Domini.
22 Dawid teɛɛ mu se, “Na minim! Bere a mihuu Doeg wɔ hɔ saa da no, na minim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Mprempren, mama wʼagya fifo nyinaa awuwu.
Et ait David ad Abiathar: Sciebam in die illa, quod cum ibi esset Doeg Idumaeus, proculdubio annunciaret Sauli: ego sum reus omnium animarum patris tui.
23 Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, efisɛ onipa koro no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”
Mane mecum, ne timeas: si quis quaesierit animam meam, quaeret et animam tuam, mecumque servaberis.

< 1 Samuel 22 >