< 1 Samuel 21 >

1 Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?”
Daudi nodhi Nob ir Ahimelek jadolo. Ahimelek nokirni kane oromo kode mopenjo niya, “Angʼo momiyo in kendi? Angʼo momiyo ngʼato ok obiro kodi?”
2 Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me.
Daudi nodwoko Ahimelek jadolo niya, “Ruoth oseora e ote moro konyisa ni, ‘Kik ngʼato ngʼe gimoro amora kuom oteni kod gik monyisi mondo itim.’ Joga to asechiko mondo waromgo kamoro.
3 Afei, dɛn na wowɔ? Ma me brodo mua anum anaa biribiara a wowɔ.”
Angʼo ma in-go ka sani? Miya makati abich kata gimoro amora minyalo yudo.”
4 Na ɔsɔfo no buaa Dawid se, “Minni brodo teta yi bi wɔ ha. Brodo kronkron de, bi wɔ ha, nanso gye sɛ mmarima no ne mmea bi nnae nnansa yi.”
To jadolo nodwoko Daudi niya, “Aonge gi makati moro amora makmana nitiere moko mowal ka, ginyalo tiyo kode mana ka giseritore ma ok gibedo e achiel gi mon.”
5 Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.”
Daudi nodwoke niya, “Adier wasebedo mabor gi mon, mana kaka wajatimo kinde ma awuok oko. Ringre chwo to ler kata mana e ote moko ma ok ler. To koro kawuononi digibed maler maromo nade!”
6 Na esiane sɛ aduan foforo biara nni hɔ no nti, ɔsɔfo no de brodo kronkron a wɔde abodoohyew asi anan mu wɔ Awurade hyiadan no mu maa Dawid.
Eka jadolo nomiye makati mowal nikech ne onge makati moro amora makmana makati moket e Nyim Jehova Nyasaye migolo oko chiengʼ miketo makati maliet kargi.
7 Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafo panyin no kodwiraa ne ho wɔ hɔ da no.
Koro jatich Saulo moro ne nitie kanyo chiengʼno mane ogengʼne e nyim Jehova Nyasaye; ne en Doeg ma ja-Edom, mane jatend jokwadh Saulo.
8 Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.”
Daudi nopenjo Ahimelek niya, “Donge dibedie gi tongʼ kata ligangla moro amora ka? Ne ok akawo ligangla kata gir lweny moro amora, nikech ote ruoth nobirona mapiyo.”
9 Ɔsɔfo no buae se, “Afoa a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wukum no wɔ Ela bon mu no dea. Wɔde ntama akyekyere ho da asɔfotade no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, efisɛ biribiara nni ha bio.” Dawid buae se, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.”
Jadolo nodwoke niya, “Ligangla Goliath ja-Filistia, mane inego e holo mar Ela, nika; oboye gi law en e tok law mayom mar dolo miluongo ni efod. Ka idware to kawe, onge ligangla moro makmana mano.” Daudi nowacho niya, “Onge moro amora machal kode; miyago.”
10 Da no, Dawid guan fii Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn.
Chiengʼno Daudi noringo Saulo mi odhi ir Akish ruoth Gath.
11 Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’”
To jotich Akish nowachone niya, “Donge ngʼatni e Daudi ma ruodh pinygi? Donge en ema gimielne ka giwer ni: “‘Saulo osenego ji alufe, to Daudi onego alufe gi alufe’?”
12 Dawid tee saa akekakeka yi no, osuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi.
Wechegi nodonjo e chuny Daudi mi nomiyo oluoro Akish ruoth Gath ahinya.
13 Ɛno nti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfo, ɔwerɛwerɛw apon ho maa ntasu sen faa nʼabogyesɛ mu.
Omiyo nowuondore ni en janeko e nyimgi kanyo, kane en e lwetgi notimo timbe mag janeko, kogwaro dhorangach kendo koweyo olawo wuok e dhoge nyaka e yie tike.
14 Nea edi akyi ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Ɔbɔdamfo na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me?
Akish nowachone jotije niya, “Ngʼiuru ngʼatni en janeko! Angʼo momiyo ukele ira?
15 Yɛwɔ pii wɔ ha dedaw! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me hɔho?”
Uparo ni aonge gi joneko moromo momiyo ukelo ngʼatni e nyima? Ne ochuno ni nyaka ngʼatni bi e oda?”

< 1 Samuel 21 >