< 1 Samuel 18 >
1 Bere a Dawid ne Saulo kasa wiei no, ohyiaa ɔhenebabarima Yonatan. Wɔn baanu no dɔɔ wɔn ho wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara.
Ɛberɛ a Dawid ne Saulo kasa wieeɛ no, ɔhyiaa ɔhene babarima Yonatan. Wɔn baanu no dodɔɔ wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara.
2 Efi saa da no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfi hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ ne fi.
Ɛfiri saa ɛda no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfie hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ ne fie.
3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
4 Na Yonatan de ne batakari, nhyɛase, afoa, agyan ne nkyekyeremu maa Dawid de sɔw apam no ano.
Na Yonatan de ne batakari, nhyɛaseɛ, akofena, agyan ne abɔwomu maa Dawid de sɔɔ apam no ano.
5 Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti Saulo yɛɛ no nʼasraafo so ɔsahene, maa nʼakofo ne wɔn mpanyimfo nyinaa de anigye penee so.
Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti, Saulo yɛɛ no nʼasraafoɔ so ɔsahene, maa nʼakofoɔ ne wɔn mpanimfoɔ nyinaa de anigyeɛ penee so.
6 Nanso bere a Israelfo nkonimdifo rekɔ fie, na Dawid akum Filistini no, mmea fifi nkurow a ɛbɛn ɔkwan no ho no bɛtwee mmommomme hyiaa Ɔhene Saulo a na wɔde anigye reto nnwom, bɔ akasae ne kyɛnkyɛn.
Nanso, ɛberɛ a Israelfoɔ nkonimdifoɔ rekɔ fie, na Dawid akum Goliat no, asɛm bi siiɛ. Mmaa fifiri nkuro a ɛbemmɛn ɛkwan no ho no bɛtwee mmomone maa ɔhene Saulo. Wɔtoo nnwom, saa ano, bɔɔ akasaeɛ ne kyankyan.
7 Wɔresaw no, wɔtoo dwom se: Saulo akum ne apem apem, na Dawid de ne mpem du du!
Wɔn dwom a wɔtoeɛ no nie: Saulo akum ne mpempem, na Dawid deɛ, ɔpedupedu!
8 Eyi maa Saulo bo fuw yiye. Ɔkae se, “Eyi ase ne dɛn? Wɔde mpem du mpem du abata Dawid din ho, na me de, wɔde apem apem pɛ. Dɛn na aka sen sɛ wobesi no hene?”
Yei maa Saulo bo fuu yie. Ɔkaa sɛ, “Yei ase ne sɛn? Wɔde ɔpedu ɔpedu abata Dawid din ho, na me deɛ, wɔde mpempem. Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, wɔbɛsi no ɔhene.”
9 Efi saa bere no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so.
10 Ade kyee no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛɛ Saulo so. Na ɔrehyɛ nkɔm wɔ ne fi, bere a na Dawid rebɔ ne sanku sɛnea na ɔtaa yɛ no. Na Saulo kura peaw
Adeɛ kyeeɛ no, nokorɛm, Onyankopɔn honhommɔne sii Saulo so ma ɔhyɛɛ aseɛ kasakasaa ɔhyew so sɛ ɔbɔdamfoɔ. Dawid hyɛɛ aseɛ bɔɔ ne sankuo sɛdeɛ saa asɛm yi si a, ɔyɛ no. Nanso, Saulo a na ɔkura pea no,
11 na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mesina Dawid atare ɔfasu no.” Nanso Dawid huruw sii nkyɛn na oguanee mpɛn abien.
too pea no prɛko pɛ kyerɛɛ Dawid so sɛ anka ɔde rewɔ no aka no atare fasuo. Nanso, Dawid huri sii nkyɛn na ɔdwaneeɛ. Saa asɛm korɔ yi ara sii bio,
12 Na Saulo suro Dawid, efisɛ na Awurade agyaw no akɔ Dawid afa.
ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, Awurade agya no akɔ Dawid afa.
13 Enti Saulo yii Dawid fii ne ho na ɔma ɔkɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafo apem so, na, Dawid dii saa nsraadɔm no anim de wɔn kɔɔ ɔsa.
Ne korakora ne sɛ, Saulo pamoo no firi nʼanim na ɔma ɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafoɔ apem pɛ so. Nanso, Dawid de adwenemuteɛ dii saa akodɔm no anim de wɔn kɔɔ sa.
14 Biribiara a Dawid yɛe no, odii nkonim wɔ mu, efisɛ na Awurade ka ne ho.
Biribiara a Dawid yɛeɛ no, ɔdii nkonim wɔ mu, ɛfiri sɛ, na Awurade ka ne ho.
15 Saulo huu eyi no, osuroo no.
Ɛberɛ a Saulo hunuu yei no, ɛmaa ɔsuroo no mmorosoɔ.
16 Nanso Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ na odi nʼakofo anim kɔ ɔsa a, odi nkonim.
Nanso, Israel nyinaa ne Yuda dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ, na ɔdi nʼakodɔm anim kɔ sa a, ɔdi nkonim.
17 Da bi, Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Mepɛ sɛ mede me babea panyin Merab ma wo aware. Nea edi kan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofo kɛse a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Merenteɛ me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifo no na wɔakum no.”
Ɛda bi Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mepɛ sɛ mede me babaa panin Merab ma wo awadeɛ. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofoɔ kɛseɛ a wobɛko Awurade ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Merentene me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifoɔ no na wɔakum no.”
18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Me sɛɛ ne hena a mɛyɛ ɔhene ase? Me fi ne mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?”
Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me sɛɛ ne hwan a mɛyɛ ɔhene ase? Me fie, me mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?”
19 Enti bere no duu sɛ wɔde Saulo babea Merab ma Dawid aware no, wɔde no maa Adriel a ofi Meholat aware.
Enti, berɛ no duruu sɛ wɔde Saulo babaa Merab ma Dawid awadeɛ no, wɔde no maa Adriel a ɔfiri Meholat awadeɛ.
20 Na Saulo babea Mikal dɔ Dawid, enti bere a Saulo tee no, ɛyɛɛ no anigye.
Na Saulo babaa Mikal dɔ Dawid, enti ɛberɛ a Saulo teeɛ no, ɛyɛɛ no anigye.
21 Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Mede no bɛma no na wafa so ayɛ afiri a ɛbɛma Filistifo nsa aka no akum no.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid se, “Afei, ɔkwan a ɛto so abien a wobɛfa so ayɛ mʼase no abue ama wo.”
Saulo kaa wɔ ne tirim sɛ, “Akwannya foforɔ a ɛbɛma Filistifoɔ nsa aka no akum no nie.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Afei, manya ɛkwan foforɔ ama wo a wonam so bɛyɛ ɔhene ase.”
22 Na Saulo hyɛɛ ne nkoa se, “Monka no kokoa mu nkyerɛ Dawid se, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn nti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’”
Na Saulo hyɛɛ ne nkoa sɛ, “Monka no kɔkoam nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn enti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’”
23 Wotii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso Dawid kae se, “Ohiani ba a me fi nni bi, mususuw sɛ ɛyɛ ade a ɛda fam sɛ obi bɛyɛ ɔhene nʼase ana?”
Wɔtii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso, Dawid kaa sɛ, “Ohianiwaa a me fie nni bi, ɛhe na menya ɔhene babaa tirinsa?”
24 Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no,
Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no,
25 Saulo kae se, “Monkɔka nkyerɛ Dawid se, ‘Ɔhene nhwehwɛ ti nsa biara sɛ Filistifo ɔha mmarima ano were. Mʼatamfo so aweretɔ nko ara ne ade a mepɛ.’” Na Saulo adwene ara ne sɛ wobekum Dawid wɔ akono.
Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono.
26 Dawid de anigye penee adebisa no so. Enti ansa na bere no duu no,
Dawid de anigyeɛ penee adebisa no so. Enti ansa na berɛ no bɛduru no,
27 Dawid ne ne mmarima kɔ kokum Filistifo no ahannu. Ɔde wɔn mmarima ano were brɛɛ ɔhene. Enti Saulo de ne babea Mikal maa Dawid aware.
Dawid ne ne mmarima kɔeɛ kɔkumm Filistifoɔ no ahanu. Ɔde wɔn mmarima ano wedeɛ brɛɛ ɔhene. Enti, Saulo de ne babaa Mikal maa Dawid awadeɛ.
28 Saulo huu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babea Mikal nso dɔ Dawid no,
Saulo hunuu sɛ Awurade ka Dawid ho, na ne babaa Mikal nso dɔ Dawid no,
29 Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu no, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo tamfo.
Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo ɔtamfoɔ.
30 Bere biara a Filistifo asraafo tow hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sen Saulo asahene a wɔaka no. Eyi maa Dawid gyee din wɔ asase no so nyinaa.
Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.