< 1 Samuel 17 >
1 Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim.
Filistejci skupiše svoje čete za rat i sastaše se kod Soka u Judeji. Tabor udariše između Soka i Azeke kod Efes Damima.
2 Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon.
A Šaul i Izraelci skupiše se i utaboriše u Terebintskoj dolini, i svrstaše se za boj protiv Filistejaca.
3 Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam.
Filistejci su stajali na gori s jedne strane, Izraelci na gori s druge strane, a dolina bila među njima.
4 Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron.
Iz filistejskih redova izađe jedan izazivač. Zvao se Golijat, a bio je iz Gata. Visok bijaše šest lakata i jedan pedalj.
5 Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason.
Na glavi je imao mjedenu kacigu, obučen je bio u ljuskav oklop, a oklop mu težak pet tisuća mjedenih šekela.
6 Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi.
Na nogama je imao mjedene nogavice, a na ramenima mjedenu sulicu.
7 Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim.
Kopljača njegova koplja bila je kao tkalačko vratilo, a šiljak koplja težak šest stotina željeznih šekela. Pred njim je stupao štitonoša.
8 Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka!
On se postavi pred izraelske bojne redove i dovikne im: “Što ste izašli da se svrstate za bitku? Nisam li ja Filistejac, a vi Šaulove sluge? Izaberite između sebe jednoga čovjeka pa neka siđe k meni!
9 Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.”
Ako pobijedi u borbi sa mnom i pogubi me, mi ćemo biti vaše sluge. Ako li ja pobijedim njega i pogubim ga, onda ćete vi biti naše sluge i nama ćete robovati.”
10 Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.”
Još je Filistejac rekao: “Ja sam danas izazvao Izraelove bojne redove. Dajte mi čovjeka da se ogledamo u dvoboju!”
11 Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe.
Kad je Šaul i sav Izrael čuo što je rekao Filistejac, obuze ih strah i drhat.
12 Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye.
David je bio sin nekoga Efraćanina iz Betlehema u Judeji; taj se zvao Jišaj, a imao je osam sinova. Taj je čovjek u Šaulovo vrijeme bio star i odmakao u godinama.
13 Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama.
Tri najstarija Jišajeva sina bijahu otišla u rat za Šaulom; a ta trojica njegovih sinova koji bijahu otišli u rat zvahu se: najstariji Eliab, drugi Abinadab, a treći Šama.
14 Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi,
David bijaše najmlađi. A tri najstarija bijahu otišla za Šaulom. -
15 nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso.
David je odlazio k Šaulu i vraćao se iz njegove službe da pase stada svoga oca u Betlehemu.
16 Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan.
A Filistejac izlazio svakoga jutra i večeri i postavljao se tako četrdeset dana. -
17 Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom.
A Jišaj reče svome sinu Davidu: “Uzmi za svoju braću ovu efu prženoga žita i ovih deset hljebova i odnesi brže svojoj braći u tabor.
18 Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me.
A ovih deset sireva odnesi njihovu tisućniku. Propitaj se za zdravlje svoje braće i donesi od njih znak da si izvršio nalog!
19 Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.”
Oni su sa Šaulom i svim Izraelom u Terebintskoj dolini: vojuju protiv Filistejaca.”
20 Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu.
David ustade u rano jutro, ostavi stado jednom čuvaru, spremi se i ode kako mu bijaše zapovjedio Jišaj. U tabor je stigao kad je vojska izlazila u bojni red i dizala bojni poklik.
21 Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim.
Izraelci i Filistejci svrstaše se u bojni red jedni prema drugima.
22 Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom.
David ostavi svoje stvari čuvaru opreme pa otrča u bojni red. Došavši, zapita svoju braću za zdravlje.
23 Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no.
Dok je s njima govorio, gle, onaj izazivač (zvao se Golijat, Filistejac iz Gata) iziđe iz filistejskih bojnih redova i ponovi iste riječi kao prije. I David ih je čuo.
24 Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe.
A čim su Izraelci ugledali toga čovjeka, pobjegoše svi daleko od njega i strah ih uhvati.
25 Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.”
Neki Izraelac reče: “Jeste li vidjeli onoga čovjeka što je izišao? A izišao je da izaziva Izraela. Tko njega pogubi, kralj će mu dati silno blago i dat će mu svoju kćer i oslobodit će od poreza njegov očinski dom u Izraelu.”
26 Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?”
Tada David zapita ljude koji stajahu oko njega: “Što će to dobiti čovjek koji ubije toga Filistejca i skine sramotu s Izraela? I tko je taj neobrezani Filistejac da izaziva bojne redove živoga Boga?”
27 Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.”
A narod mu odgovori istim riječima kao prije: “Eto to će dobiti čovjek koji ga pogubi.”
28 Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.”
A kad je Eliab, njegov najstariji brat, čuo kako se razgovara s ljudima, usplamtje gnjevom na Davida pa mu reče: “A što si ti došao ovamo? Kome si ostavio ono malo ovaca u pustinji? Znam ja tvoju drskost i zlobu tvoga srca: došao si da vidiš bitku!”
29 Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?”
A David odgovori: “A što sam učinio? Zar se ne smije ni riječ reći?”
30 Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no.
Tada se okrene od njega k drugome i zapita istim riječima kao prije. Narod mu odgovori isto kao prvi put.
31 Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no.
Kad su ljudi čuli što je govorio David, jave to Šaulu, a on ga pozva preda se.
32 Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.”
David reče Šaulu: “Neka nikome ne klone srce zbog onoga čovjeka! Tvoj će sluga izaći i borit će se s tim Filistejcem.”
33 Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.”
Ali Šaul odvrati Davidu: “Ne možeš ti izaći na toga Filistejca da se boriš s njim jer si ti još dijete, a on ratnik od svoje mladosti.”
34 Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a,
Ali David odgovori Šaulu: “Tvoj je sluga čuvao ovce svome ocu, pa kad bi došao lav ili medvjed te uhvatio ovcu iz stada,
35 mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no.
ja bih potrčao za njim, udario ga i istrgao mu ovcu iz ralja. A ako bi se on digao na me, uhvatio bih ga za grivu i udarao ga dok ga ne bih ubio.
36 Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi.
I lava je i medvjeda tvoj sluga ubio, pa će i taj neobrezani Filistejac proći kao jedan od njih jer je izazvao bojne čete Boga živoga.”
37 Awurade a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.” Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. Awurade nka wo ho.”
David još dometne: “Jahve koji me izbavio iz lavlje pandže i medvjeđe šape izbavit će me i iz ruku toga Filistejca.” Tada Šaul reče Davidu: “Idi i Jahve neka bude s tobom!”
38 Afei, Saulo de ɔno ankasa akode maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛw ne akotade kaa ho.
Šaul obuče Davida u svoju ratnu odoru, na glavu mu ustače mjedenu kacigu i stavi mu oklop.
39 Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ.
Pripasa Davidu svoj mač preko odore, ali David uzalud pokuša hodati, jer ne bijaše navikao, pa reče Šaulu: “Ne mogu hodati u tome jer nisam navikao.” Zato sve skinu sa sebe.
40 Ɔfaa kokwabo anum fii asuwa bi mu, de guu ne nguanhwɛfo kotoku mu. Ɔfaa ne nguanhwɛfo pema ne nʼahwimmo nko ara. Afei, osii kwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko.
David uze svoj štap u ruku, izabra u potoku pet glatkih kamenova i metnu ih u svoju pastirsku torbu, koja mu je služila kao torba za praćku, te s praćkom u ruci pođe prema Filistejcu.
41 Goliat twiw pinii Dawid a ne nkatabokurafo di nʼanim.
A Filistejac se sve bliže primicao Davidu, dok je njegov štitonoša stupao pred njim.
42 Goliat huu Dawid no, obuu no abomfiaa.
A kad Filistejac pogleda i vidje Davida, prezre ga s njegove mladosti - bijaše David mladić, rumen, lijepa lica.
43 Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid se, “Meyɛ ɔkraman na wode pema aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid.
Zato Filistejac reče Davidu: “Zar sam ja pseto te ideš na me sa štapovima?” I uze proklinjati Davida svojim bogovima.
44 Goliat kae se, “Bra mʼanim ha, na mede wo nam bɛma nnomaa ne nkekaboa.”
Zatim Filistejac reče Davidu: “Dođi k meni da dam tvoje meso pticama nebeskim i zvijerima zemaljskim!”
45 Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo Awurade, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so.
A David odgovori Filistejcu: “Ti ideš na me mačem, kopljem i sulicom, a ja idem na te u ime Jahve Sebaota, Boga Izraelovih četa koje si ti izazvao.
46 Nnɛ, Awurade bedi wo so nkonim, na mekum wo, atwa wo ti. Na mede Filistifo asraafo no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na wiase nyinaa behu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel!
Danas će te Jahve predati u moju ruku, ja ću te ubiti, skinut ću tvoju glavu i još ću danas tvoje mrtvo tijelo i mrtva tjelesa filistejske vojske dati pticama nebeskim i zvijerima zemaljskim. Sva će zemlja znati da ima Bog u Izraelu.
47 Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”
I sav će ovaj zbor znati da Jahve ne daje pobjedu mačem ni kopljem, jer je Jahve gospodar bitke i on vas predaje u naše ruke.”
48 Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kohyiaa no.
Kad se Filistejac približio i pošao prema Davidu, izađe David iz bojnih redova i krenu pred Filistejca.
49 Ɔde ne nsa hyɛɛ nguanhwɛfo kotoku no mu, yii kokwabo baako de hyɛɛ nʼahwimmo no mu tow ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwabo no wuraa Goliat tirim ma obu hwee, maa nʼanim kobutuw fam.
David segnu rukom u torbu, izvadi iz nje kamen i hitnu ga iz praćke. I pogodi Filistejca u čelo; kamen mu se zabi u čelo i on pade ničice na zemlju.
50 Enti Dawid de ahwimmo ne kokwabo baako dii Filistini ɔkwabran no so.
Tako je David praćkom i kamenom nadjačao Filistejca: udario je Filistejca i ubio ga, a nije imao mača u ruci.
51 Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti. Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee.
Zato David potrča i stade na Filistejca, zgrabi njegov mač, izvuče ga iz korica i pogubi Filistejca odsjekavši mu glavu. Kad Filistejci vidješe kako pogibe njihov junak, nagnuše u bijeg.
52 Afei, Israelfo no bɔɔ ose kɛse nkonimdi so, taa Filistifo no ara koduu Gat ne Ekron apon ano. Na Filistifo a wɔawuwu no afunu ne apirafo no gugu ɔkwan so, de fi Saaraim de koduu Gat ne Ekron.
Tada ustadoše Izraelci i Judejci, digoše bojnu viku i potjeraše Filistejce do opkopa oko Gata i do gradskih vrata Ekrona; filistejski mrtvaci pokriše put od Šaarajima sve do Gata i do Ekrona.
53 Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma.
Nato se Izraelci vratiše iz te žestoke potjere za Filistejcima i opljačkaše njihov tabor.
54 Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, na ɔkoraa Filistini no akode wɔ ɔno ankasa ne ntamadan mu.
A David uze Filistejčevu glavu i odnese je u Jeruzalem, a oružje njegovo položi u svoj šator.
55 Bere a Saulo huu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, obisaa Abner a na ɔyɛ nʼakofo sahene se, “Abner, hena ba ne saa aberante yi?” Abner buae se, “Nokware ni, minnim.”
Kad je Šaul vidio Davida gdje izlazi pred Filistejca, upitao je svoga vojvodu Abnera: “Čiji je sin taj mladić, Abnere?” A Abner je odgovorio: “Tako mi tvoga života, kralju, ne znam!”
56 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ a, bisa.”
A kralj mu reče: “Raspitaj se čiji je sin taj mladić!”
57 Dawid kum Goliat akyi no, Abner de no brɛɛ Saulo a na ɔda so kita Filistini no ti no.
A kad se David vratio pošto je pogubio Filistejca, uze ga Abner i dovede ga pred Šaula, a u ruci David još držaše Filistejčevu glavu.
58 Saulo ka kyerɛɛ no se, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” Na Dawid buae se, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.”
Šaul ga upita: “Čiji si ti sin, momče?” A David odgovori: “Sin sam tvoga sluge Betlehemca Jišaja.”