< 1 Samuel 15 >
1 Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi Awurade nkyɛn no.
Ɛda koro bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Me na Awurade somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a ɛfiri Awurade nkyɛn no.
2 Asɛm a Asafo Awurade se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho.
Asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ nie, ‘Me ne Amalekfoɔ bɛdi wɔ deɛ wɔyɛ de tiaa Israelfoɔ ɛberɛ a na wɔfiri Misraim reba no.
3 Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’”
Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’”
4 Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda.
Enti, Saulo frɛɛ nʼakodɔm boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodoɔ yɛ asraafoɔ ɔpehanu ne ɔpedu nso a wɔfiri Yuda.
5 Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu.
Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛɛ bɔnhwa no mu.
6 Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho.
Na ɔtoo Kenifoɔ no nkra sɛ, “Momfiri deɛ Amalekfoɔ teɛ hɔ na mansɛe mo ne wɔn, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ no firi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yie.” Enti, Kenifoɔ no twee wɔn ho firi Amalekfoɔ no ho.
7 Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam.
Na Saulo kunkumm Amalekfoɔ no firii Hawila kɔsii Sur wɔ Misraim apueeɛ fam.
8 Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa.
Ɔkyeree Amalekfoɔ ɔhene Agag anikann, nanso ɔkunkumm nnipa no nyinaa.
9 Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa.
Na Saulo ne nʼakodɔm no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nnwan pa, anantwie pa ne anantwie ne nnwan mma a wɔadodɔre sradeɛ ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee deɛ ɛho nni wɔn mfasoɔ na ɛnni mu nyinaa.
10 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se,
Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ,
11 “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.
“Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, ɛfiri sɛ, wanni me nokorɛ, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haa Samuel, na ɔsu frɛɛ Awurade anadwo mu no nyinaa.
12 Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.”
Adeɛ kyee no, Samuel sɔree ntɛm kɔhyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no sɛ, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekɔsi nkaeɛdum de ahyɛ ne ho animuonyam, na ɔfirii hɔ kɔɔ Gilgal.”
13 Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛde no so.”
Na Samuel hunuu no akyire no, Saulo kyeaa no anigyeɛ so sɛ, “Awurade nhyira wo. Madi Awurade ahyɛdeɛ no so.”
14 Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?”
Samuel bisaa sɛ, “Na adɛn ne nnwan ne anantwie su a mete yi?”
15 Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.”
Saulo gye too mu sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ sɛ akodɔm no amfa wɔn nsa anka nnwan pa ne anantwie pa no. Nanso, wɔde yei rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no deɛ, yɛasɛe no.”
16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.” Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?”
Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.” Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”
17 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so.
Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so.
18 Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’
Na ɔsomaa wo sɛ kɔdi dwuma bi ma no, na ɔsee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumuyɛfoɔ a ɛyɛ Amalekfoɔ no pasapasa, kɔsi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dworobɛɛ.’
19 Adɛn nti na woantie Awurade? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea Awurade kaa se monnyɛ?”
Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?”
20 Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee Awurade. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa.
Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa.
21 Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama Awurade, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”
Na mʼakodɔm no nso de nnwan pa, anantwie pa ne asadeɛ baeɛ sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade, wo Onyankopɔn wɔ Gilgal.”
22 Na Samuel buae se, “Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre, anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne? Osetie ye sen afɔrebɔ. Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma.
Na Samuel buaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne? Osetie yɛ sene afɔrebɔ, sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.
23 Atuatew te sɛ bayi, na asoɔden nso te sɛ ahonisom. Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no nti, ɔno nso apo wʼahenni.”
Adɔnyɛ te sɛ bayie, ɛna asoɔden nso te sɛ ahonisom. Esiane sɛ woapo Awurade asɛm no enti, ɔno nso apo wʼahennie.”
24 Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no.
Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Mayɛ bɔne. Manni Awurade ahyɛdeɛ ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na mesuro nnipa no enti na meyɛɛ wɔn apɛdeɛ maa wɔn no.
25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
Enti, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom Awurade.”
26 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛde enti Awurade nso apo wʼahenni!”
Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”
27 Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee.
Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo sɔɔ nʼatadeɛ mu pɛɛ sɛ ɔsane noɔ, na atadeɛ no mu suaneeɛ.
28 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, Awurade atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo.
Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ ɛfiri ɛnnɛ, Awurade ate Israel ahemman mu afiri wo ho de ama obi foforɔ a ɔyɛ sene wo.
29 Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”
Deɛ ɔyɛ Israel Animuonyam no nni atorɔ na ɔnsesa nʼadwene; ɛfiri sɛ, ɔnnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.”
30 Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Nyankopɔn.”
Saulo srɛɛ bio sɛ, “Menim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me animuonyam wɔ me mpanimfoɔ ne me nkurɔfoɔ anim; wo ne me nkɔsom Awurade, wo Onyankopɔn.”
31 Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som Awurade.
Enti, Samuel pene ne Saulo sane kɔeɛ, na Saulo somm Awurade.
32 Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no.
Afei, Samuel kaa sɛ, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” Agag baa ne nkyɛn gyidie mu, susuu sɛ ɛhɔ a wakɔ no deɛ, owuo apare no.
33 Nanso Samuel kae se, “Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no, wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.” Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.
Nanso, Samuel kaa sɛ, “Sɛdeɛ wʼakofena akum mmaa bi mmammarima no, wo nso wo maame bɛyɛ ɔbaa a ɔnni ba.” Enti, Samuel twitwaa Agag mu nketenkete Awurade anim wɔ Gilgal.
34 Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea.
Na Samuel firi hɔ kɔɔ Rama ɛna Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea.
35 Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so.
Samuel anhyia Saulo bio nanso ɔdii ne ho yea bebree. Na ɛyɛɛ Awurade yea sɛ wasi Saulo ɔhene wɔ Israel so.