< 1 Samuel 13 >

1 Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien.
Saul tedy prvního léta kralování svého, (kraloval pak dvě létě nad Izraelem),
2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so.
Vybral sobě tři tisíce z Izraele. I bylo jich s Saulem dva tisíce v Michmas a na hoře Bethel, a tisíc bylo s Jonatou v Gabaa Beniaminově; ostatek pak lidu rozpustil jednoho každého do příbytku jeho.
3 Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so wɔ Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa se, “Hebrifo, monsɔre!”
I pobil Jonata stráž Filistinských, kterouž měli na pahrbku, a uslyšeli to Filistinští. Tedy Saul troubil v troubu po vší zemi, řka: Ať to slyší Hebrejští.
4 Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.
A tak slyšel všecken Izrael, že bylo praveno: Pobil Saul stráž Filistinských, pročež také zoškliven byl Izrael mezi Filistinskými. I svolán jest lid za Saulem do Galgala.
5 Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam.
Filistinští pak sebrali se k boji proti Izraelovi, třidceti tisíc vozů, a šest tisíc jezdců, a lidu ve množství, jako jest písku na břehu mořském. I vytáhli a položili se v Michmas na východ Betaven.
6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu.
A protož muži Izraelští vidouce, že jim úzko, (nebo byl ssoužen lid), skryl se lid v jeskyních a v ohradách, a v skalách a v horách, i v jamách.
7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu.
Hebrejští také přepravili se přes Jordán do země Gád a Galád. Saul pak ještě byl v Galgala, a všecken lid zastrašil se, jda za ním.
8 Odii nnanson wɔ hɔ sɛnea Samuel hyɛɛ no sɛ onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu sɛ mmarima no rebɔ ahwete.
I očekával tu za sedm dní vedlé času uloženého od Samuele; a když nepřicházel Samuel do Galgala, rozešel se lid od něho.
9 Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no.
Tedy řekl Saul: Přineste ke mně obět zápalnou a oběti pokojné. I obětoval oběti zápalné.
10 Ɔrewie afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel koduu hɔ. Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba.
Když pak již dokonal obětování oběti zápalné, aj, Samuel přicházel, a Saul vyšel proti němu, aby ho přivítal.
11 Samuel bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi?” Saulo buae se, “Mihuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no,
I řekl Samuel: Co jsi učinil? Odpověděl Saul: Když jsem viděl, že se lid rozchází ode mne, a ty nepřicházíš k uloženému dni, a Filistinští byli shromážděni v Michmas:
12 medwenee se, ‘Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso mimmisaa Awurade nkyɛn adom ɛ.’ Enti metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba.”
I řekl jsem: Nyní připadnou Filistinští na mne v Galgala, a tváři Hospodinově nemodlil jsem se. Takž jsem se opovážil a obětoval jsem oběti zápalné.
13 Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ.
Tedy řekl Samuel Saulovi: Bláznivě jsi učinil, nezachovals přikázaní Hospodina Boha svého, kteréž přikázal tobě; nebo nyní byl by utvrdil Hospodin království tvé nad Izraelem až na věky.
14 Na mprempren, wʼahenni no rentim. Awurade apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no sɛ ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni Awurade mmara no so.”
Ale již nyní království tvé neostojí. Vyhledalť jest Hospodin sobě muže vedlé srdce svého, jemuž rozkázal Hospodin, aby byl vůdce nad lidem jeho; nebo jsi nezachoval, cožť přikázal Hospodin.
15 Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea wɔ Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia.
Vstav pak Samuel, vstoupil z Galgala do Gabaa Beniaminova. A Saul načetl lidu, kterýž zůstával při něm, okolo šesti set mužů.
16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban wɔ Mikmas.
Saul tedy a Jonata syn jeho, i lid, kterýž zůstával s nimi, byli v Gabaa Beniaminově, Filistinští pak leželi v Michmas.
17 Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ.
I vyšli zhoubcové z vojska Filistinského na tré rozdělení. Houf jeden obrátil se k cestě Ofra, k zemi Sual;
18 Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam.
A houf druhý obrátil se na cestu Betoron; houf pak třetí pustil se cestou krajiny, kteráž patří k údolí Seboim na poušť.
19 Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.”
Kováře pak žádného nenalézalo se ve vší zemi Izraelské; nebo byli řekli Filistinští: Aby sobě Hebrejští nenadělali mečů a kopí.
20 Enti na Israelfo no nyinaa kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano.
Protož chodívali všickni Izraelští k Filistinským, aby ostřil sobě jeden každý radlici svou, a motyku svou, sekeru svou i vidly své,
21 (Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.)
Sic jinak byly štěrbiny na radlicích, motykách, vidlách třírohých a sekerách; také i o zaostření ostnu bývalo těžko.
22 Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan.
I bylo, že v čas boje nenalézalo se meče ani kopí u žádného z lidu toho, kterýž byl s Saulem a s Jonatou, toliko u Saule a u Jonaty syna jeho.
23 Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no.
Vyšla pak stráž Filistinských k cestám Michmas.

< 1 Samuel 13 >