< 1 Samuel 12 >

1 Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene.
Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene.
2 Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase.
Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase.
3 Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”
Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”
4 Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.”
Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.”
5 Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!”
Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”
6 Samuel toaa so se, “Ɛyɛ Awurade na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so.
Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so.
7 Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
8 “Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.
“Ɛberɛ a na Israelfoɔ wɔ Misraim na wɔsu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wɔnnyi wɔn mfiri Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.
9 “Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so.
“Nanso, ankyɛre biara na nnipa no werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor akodɔm sahene no ne Filistifoɔ ne Moabhene dii wɔn so.
10 Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’
Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’
11 Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu.
Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ɔgyee mo firii mo atamfoɔ nsam na mobɛtenaa asomdwoeɛ mu.
12 “Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene.
“Nanso, mosuroo Amonfoɔ ɔhene Nahas enti, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Onyankopɔn yɛ mo so ɔhene.
13 Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛde ama mo.
Afei, mo ɔhene a moayi no nie; deɛ mobisaeɛ no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛdeɛ ama mo.
14 Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye.
Sɛ mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie.
15 Na sɛ moantie Awurade, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no.
Na sɛ moantie Awurade, na motia ne mmara a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛdeɛ ɛyɛɛ mo agyanom so no.
16 “Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a Awurade rebɛyɛ.
“Enti afei, monnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛseɛ a Awurade rebɛyɛ.
17 Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma Awurade apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.”
Monim sɛ saa ɛberɛ yi a ɛyɛ ayuotwaberɛ yi, osuo nntɔ. Mɛma Awurade adwa aprannaa na ama osuo atɔ. Afei mobɛhunu bɔne a moyɛeɛ sɛ mobisaa ɔhene no.”
18 Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na da no ara, Awurade paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel.
Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na ɛda no ara, Awurade dwaa aprannaa, tɔɔ osuo. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel.
19 Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”
Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Bɔ Awurade, wo Onyankopɔn, mpaeɛ ma wʼasomfoɔ sɛdeɛ yɛrenwuo, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahodoɔ nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”
20 Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade.
Samuel buaa sɛ, “Monnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi deɛ, nanso monnnane mo ani mfiri Awurade so, na momfa mo akoma nyinaa nsom Awurade.
21 Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso.
Monnsane nkɔdi ahoni huhuo a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, ɛfiri sɛ, wɔn ho nni mfasoɔ.
22 Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade.
Esiane ne din kɛseɛ no enti, Awurade rempo ne nkurɔfoɔ. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼadeɛ.
23 Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne.
Na me deɛ, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne.
24 Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu.
Nanso, monhwɛ sɛ mobɛsuro Awurade na moasom no nokorɛm.
25 Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.”
Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo ɔhene nyinaa.”

< 1 Samuel 12 >