< 1 Samuel 11 >

1 Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”
Otprilike poslije mjesec dana dođe Amonac Nahaš i utabori se kod Jabeša Gileadskog. Svi Jabešani poručiše Nahašu: “Sklopi savez s nama pa ćemo ti se pokoriti.”
2 Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”
Ali im Amonac Nahaš odgovori: “Ovako ću sklopiti savez s vama: svakome ću od vas iskopati desno oko, i tako ću učiniti sramotu svemu Izraelu.”
3 Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.”
A jabeške mu starješine rekoše: “Ostavi nam sedam dana da pošaljemo glasnike u sve krajeve Izraelove, pa ako se ne nađe nitko da nas izbavi, predat ćemo se tebi.”
4 Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui.
I dođoše poslanici u Šaulovu Gibeu te izložiše sve narodu da čuje. Tada sav narod zaplaka iza glasa.
5 Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ.
A gle, Šaul je upravo išao za govedima iz polja pa upita: “Što je ljudima te plaču?” I pripovjediše mu što su rekli Jabešani.
6 Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye.
Kad je Šaul čuo te riječi, duh Jahvin siđe na njega i silan gnjev uskipje u njemu.
7 Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na Awurade maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano.
I uze on dva vola, isiječe ih i komade razasla po poslanicima u sve krajeve Izraelove i poruči: “Tko ne pođe za Šaulom, ovako će biti s njegovim govedima.” I strah Božji obuze ljude te pođoše kao jedan čovjek.
8 Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa.
Šaul ih izbroji u Bezeku: i bijaše sinova Izraelovih tri stotine tisuća, a Judinih ljudi trideset tisuća.
9 Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei.
Zatim reče poslanicima koji bijahu došli: “Ovako recite Jabešanima u Gileadu: sutra, kad sunce pripeče, stići će vam pomoć.” Kad su se poslanici vratili, javiše sve to Jabešanima i oni se obradovaše.
10 Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.”
I poručiše Nahašu: “Sutra ćemo izaći k vama, pa učinite s nama što vam bude drago.”
11 Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako.
Sutradan Šaul razdijeli narod u tri čete, koje provališe u tabor o jutarnjoj straži i tukoše Amonce do najveće dnevne žege; a što preživje, rasprša se da ni dvojica ne ostaše zajedno.
12 Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.”
Tada narod reče Samuelu: “Tko je onaj što je govorio: 'Zar će Šaul kraljevati nad nama?' Dajte te ljude da ih pogubimo!”
13 Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, Awurade agye Israel nnɛ.”
Ali Šaul odgovori: “Neka se ne pogubi u ovaj dan nitko, jer je danas Jahve izvojevao pobjedu u Izraelu.”
14 Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.”
Tada Samuel reče narodu: “Hajdemo u Gilgal da ondje potvrdimo kraljevstvo.”
15 Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ Awurade anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani.
I sav narod krenu u Gilgal i ondje postaviše Šaula za kralja pred Jahvom, u Gilgalu. Ondje žrtvovaše pred Jahvom žrtve pričesnice i ondje je Šaul sa svim Izraelcima slavio slavlje.

< 1 Samuel 11 >