< 1 Petro 3 >

1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi,
아내 된 자들아 이와 같이 자기 남편에게 순복하라 이는 혹 도를 순종치 않는 자라도 말로 말미암지 않고 그 아내의 행위로 말미암아 구원을 얻게 하려 함이니
2 efisɛ wobehu obu ne nidi a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu.
너희의 두려워하며 정결한 행위를 봄이라
3 Mommfa nneɛma foforo bi nkeka mo ho mma mo ho nyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinne a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura.
너희 단장은 머리를 꾸미고 금을 차고 아름다운 옷을 입는 외모로 하지 말고
4 Momfa odwo ne ahobrɛase nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamtew no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
오직 마음에 숨은 사람을 온유하고 안정한 심령의 썩지 아니할 것으로 하라 이는 하나님 앞에 값진 것이니라
5 Saa ɔkwan yi so na mmea agyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.
전에 하나님께 소망을 두었던 거룩한 부녀들도 이와 같이 자기 남편에게 순복함으로 자기를 단장하였나니
6 Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Mprempren sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a moyɛ ne mmabea.
사라가 아브라함을 주라 칭하여 복종한 것같이 너희가 선을 행하고 아무 두려운 일에도 놀라지 아니함으로 그의 딸이 되었느니라
7 Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan.
남편된 자들아 이와 같이 지식을 따라 너희 아내와 동거하고 저는 더 연약한 그릇이요 또 생명의 은혜를 유업으로 함께 받을 자로 알아 귀히 여기라 이는 너희 기도가 막히지 아니하게 하려 함이라
8 Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase.
마지막으로 말하노니 너희가 다 마음을 같이하여 체휼하며 형제를 사랑하며 불쌍히 여기며 겸손하며
9 Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso ntua ɔyaw so ka. Na mmom, daa munhyirahyira, efisɛ ɛno nti na wɔfrɛɛ mo, na moanya nhyira.
악을 악으로, 욕을 욕으로 갚지 말고 도리어 복을 빌라 이를 위하여 너희가 부르심을 입었으니 이는 복을 유업으로 받게 하려하심이라
10 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye na ohu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa.
그러므로 생명을 사랑하고 좋은 날 보기를 원하는 자는 혀를 금하여 악한 말을 그치며 그 입술로 궤휼을 말하지 말고
11 Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi.
악에서 떠나 선을 행하고 화평을 구하여 이를 좇으라
12 Efisɛ Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.”
주의 눈은 의인을 향하시고 그의 귀는 저의 간구에 기울이시되 주의 낯은 악행하는 자들을 향하시느니라 하였느니라
13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo?
또 너희가 열심으로 선을 행하면 누가 너희를 해하리요
14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo.
그러나 의를 위하여 고난을 받으면 복 있는 자니 저희의 두려워함을 두려워 말며 소동치 말고
15 Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase.
너희 마음에 그리스도를 주로 삼아 거룩하게 하고 너희 속에 있는 소망에 관한 이유를 묻는 자에게는 대답할 것을 항상 예비하되 온유와 두려움으로 하고
16 Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho.
선한 양심을 가지라 이는 그리스도 안에 있는 너희의 선행을 욕하는 자들로 그 비방하는 일에 부끄러움을 당하게 하려 함이라
17 Efisɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne.
선을 행함으로 고난 받는 것이 하나님의 뜻일찐대 악을 행함으로 고난 받는 것보다 나으니라
18 Efisɛ Kristo no ankasa wu maa mo. Owui pɛnkoro maa mo bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, nanso ɔsɔree wɔ honhom mu,
그리스도께서도 한번 죄를 위하여 죽으사 의인으로서 불의한 자를 대신하셨으니 이는 우리를 하나님 앞으로 인도하려 하심이라 육체로는 죽임을 당하시고 영으로는 살리심을 받으셨으니
19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no.
저가 또한 영으로 옥에 있는 영들에게 전파하시니라
20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa,
그들은 전에 노아의 날 방주 예비할 동안 하나님이 오래 참고 기다리실 때에 순종치 아니하던 자들이라 방주에서 물로 말미암아 구원을 얻은 자가 몇 명 뿐이니 겨우 여덟명이라
21 na saa nsu yi yɛ asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa.
22 Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene.

< 1 Petro 3 >