< 1 Petro 2 >
1 Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho.
Тим то, відложивши всяку злобу, і всякий підступ і лицемірство і зависть і всяку осуду,
2 Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa.
Яко ж новорожденні дїти будьте жадні словесного чистого молока, щоб у ньому виросли на спасеннє;
3 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.”
коли покушали, що благий Господь.
4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo.
Приступаючи до Него, до каменя живого, від людей відкинутого, від Бога ж вибраного, дорогого,
5 Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn.
і самі, яко живе каміннє, будуйте дім духовний, сьвященьство сьвяте, щоб приношено духовні жертви любоприємні Богу через Ісуса Христа.
6 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a obiara a obegye no adi no, wɔrenni no nhuammɔ.”
Тим то й стоїть в писанню: "Ось, владу в Сионї угольний, камінь, ви. браний, дорогий; і віруючий в Него не осоромить ся."
7 Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no, “Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.”
Оце як вам віруючим, - дорогий, неслухняним же "камінь, що відкинули будівничі, та став ся у голову угла, - камінь спотикання і скеля поблазнї";
8 Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.
і спотикають ся, не слухаючи слова, на що вони й полишені.
9 Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.
Ви ж - рід вибраний, царске Сьвященьство, нарід сьвятий, люде прибрані, щоб звіщали чесноти Покликавшого вас із темряви у дивне своє сьвітло;
10 Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no.
ви, колись і не народ, а тепер народ Божий; непомилувані, а тепер помилувані.
11 Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho.
Любі, молю, як чужосторонцїв ї прохожих, ухилятись від тілесного хотїння, котре воює проти душі,
12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.
і вести добре життє своє між поганами, щоб, у чому судять вас яко лиходіїв, наглядаючи добрі дїла (ваші), славили Бога в день одвідання.
13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so,
Тим то коріть ся всякому чоловічому начальству ради Господа: чи то цареві, яко значному,
14 anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so.
чи то начальникам, яко від него посланим на одмщеннє лиходїям, а на хвалу добротворпям.
15 Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ.
Така бо воля Божа, щоб ви, роблячи добро, затикали уста невіжи безрозумних людей,
16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo.
яко свобідні, а не яко ті, що мають свободу за покриттє злоби, а яко слуги Божі.
17 Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.
Усїх шануйте; браттівство любіте; Бога лякайтесь; царя честїть.
18 Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni.
Слуги, з усяким страхом корітесь панам, не тільки добрим і лагідним, а також лукавим.
19 Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ.
Се бо угодно перед Богом, коли хто ради совісти Божої переносить смуток, страждаючи не по правдї.
20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo.
Яка бо похвала, коли, согрішаючи й биті в лице, терпите? Тільки коли добре робите, і, страждаючи терпите, то се угодно перед Богом.
21 Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi.
На се бо ви покликані, бо і Христос страждав за вас, оставляючи вам приклад, щоб ви йшли слїдом за Його стопами;
22 “Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.”
котрий не зробив гріха, анї не знайдено підступу в устах Його;
23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu.
котрий, злословлений, не злословив, і страждаючи, не грозив, а передав Судячому праведно;
24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa.
котрий гріхи наші сам піднїс на тїлї своїм на дереві, щоб ми, для гріхів умерши, правдою жили; котрого "ранами сцїлились".
25 Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi.
Були бо ви, як вївцї блукаючі; тільки ж вернулись нинї до Пастиря і Владики душ ваших.