< 1 Ahemfo 9 >
1 Bere a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfi no si no, ohuu sɛ wayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie.
And it came to pass when Solomon had completed the building of the house of Jehovah, and the king's house, and all Solomon's desire which he was pleased to do,
2 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛnea na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dedaw no.
that Jehovah appeared to Solomon the second time, as he had appeared to him at Gibeon.
3 Awurade ka kyerɛɛ no se: “Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.
And Jehovah said to him, I have heard thy prayer and thy supplication which thou hast made before me: I have hallowed this house, which thou hast built, to put my name there for ever; and mine eyes and my heart shall be there perpetually.
4 “Na wo, sɛ wode nokware ne nyamesuro di mʼakyi, sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na odii me mmara ne mʼahyɛde nyinaa so no a,
And [as for] thee, if thou wilt walk before me, as David thy father walked, in integrity of heart, and in uprightness, to do according to all that I have commanded thee, [and] wilt keep my statutes and mine ordinances;
5 metim wʼahenni nnidiso ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛnea meka kyerɛɛ wʼagya Dawid se, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi ntena Israel ahengua no so da no.’
then will I establish the throne of thy kingdom over Israel for ever, as I promised to David thy father, saying, There shall not fail thee a man upon the throne of Israel.
6 “Na sɛ wo anaa wo mmabarima dan fi me ho, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na sɛ wofi akyi kɔsom anyame afoforo, sɔre wɔn a,
[But] if ye shall at all turn from following me, ye or your children, and will not keep my commandments, my statutes which I have set before you, but go and serve other gods, and worship them;
7 ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu.
then will I cut off Israel out of the land which I have given them; and the house, which I have hallowed to my name, will I cast out of my sight; and Israel shall be a proverb and a by word among all peoples;
8 Na ɛwɔ mu sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso wɔn a wobetwa mu wɔ ho no betwiri no, adi ho abooboo, abisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’
and this house, [which] is high, every one that passes by it shall be astonished at, and shall hiss, and they shall say, Why has Jehovah done thus to this land and to this house?
9 Nnipa bebua se, ‘Efisɛ wɔapa Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforo a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno nti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’”
And they shall say, Because they forsook Jehovah their God, who brought forth their fathers out of the land of Egypt, and have attached themselves to other gods, and have worshipped them and served them; therefore has Jehovah brought upon them all this evil.
10 Mfe aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfi no akyi,
And it came to pass at the end of twenty years, when Solomon had built the two houses, the house of Jehovah and the king's house,
11 ɔhene Salomo de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, efisɛ Huram maa no sida nnua ne ɔpepaw nnua ne sikakɔkɔɔ a na ohia.
Hiram the king of Tyre having furnished Solomon with cedar-trees and cypress-trees, and with gold, according to all his desire, — that then king Solomon gave Hiram twenty cities in the land of Galilee.
12 Huram fii Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa.
And Hiram came out from Tyre to see the cities that Solomon had given him; and they did not please him.
13 Obisae se, “Me nua, na nkurow bɛn na wode ama me yi? Saa nkurow yi nni mu!” Enti ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Nea enni mu” de besi nnɛ.
And he said, What cities are these which thou hast given me, my brother? And he called them the land of Cabul to this day.
14 Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔn anan akɔma Salomo.
And Hiram had sent to the king one hundred and twenty talents of gold.
15 Ɔkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wosii Awurade asɔredan no ne nʼahemfi, Milo, Yerusalem fasu ne Hasor, Megido ne Geser nkurow no ni:
And this is the account of the levy which king Solomon raised, to build the house of Jehovah, and his own house, and Millo, and the wall of Jerusalem, and Hazor, and Megiddo, and Gezer.
16 Misraimhene kotuaa Geser, gyee hɔ fae. Okum Kanaanfo a wɔte kurow no mu nyinaa, hyew hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babea no sɛ akyɛde bere a ɔwaree Salomo no.
— Pharaoh king of Egypt had gone up and taken Gezer, and burned it with fire, and slain the Canaanites that dwelt in the city, and given it as a dowry to his daughter, Solomon's wife.
17 Enti Salomo san kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsan kyekyeree nkurow a ɛwɔ Bet-Horon anafo,
— And Solomon built Gezer, and lower Beth-horon,
18 Baalat ne Tamar wɔ sare so, nʼasase so.
and Baalath, and Tadmor in the wilderness, in the land,
19 Ɔkyekyeree nkurow a na wɔkora nnuan wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼaheman nyinaa, sɛnea ne koma pɛ.
and all the store-cities that Solomon had, and cities for chariots, and cities for the horsemen, and that which Solomon desired to build in Jerusalem, and on Lebanon, and in all the land of his dominion.
20 Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Wɔne Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
All the people that were left of the Amorites, the Hittites, the Perizzites, the Hivites, and the Jebusites, who were not of the children of Israel,
21 Eyinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefo. Enti Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfo, na wɔda so yɛ de besi nnɛ.
their children that were left after them in the land, whom the children of Israel were not able utterly to destroy, upon them did Solomon impose a tribute of bondservice until this day.
22 Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene.
But of the children of Israel did Solomon make no bondmen; but they were men of war, and his servants, and his chiefs, and his captains, and captains of his chariots, and his horsemen.
23 Afei, oyii wɔn mu ahannum ne aduonum ma wɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma ahorow so.
These were the chief superintendents that were over Solomon's work, five hundred and fifty, that ruled over the people that wrought in the work.
24 Bere a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babea no fii Dawid kurow no mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu no, ɔkyekyee Milo.
But Pharaoh's daughter came up out of the city of David to her house which he had built for her: then he built Millo.
25 Na Salomo bɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ma Awurade afe biara wɔ afɔremuka a osii no so mprɛnsa. Na ɔne wɔn hyew aduhuam nso ma Awurade sɛ asodi a ɛda hɔ ma no wɔ asɔredan no.
And three times in the year did Solomon offer up burnt-offerings and peace-offerings upon the altar that he had built to Jehovah, and he burned incense upon that which was before Jehovah. So he finished the house.
26 Ɔhene Salomo yɛɛ po so ahyɛn nso wɔ Esion-Geber, hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mpoano.
And king Solomon made a fleet of ships in Ezion-Geber, which is beside Eloth, on the shore of the Red Sea, in the land of Edom.
27 Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfo a wonim hyɛn mu adwuma yiye no, ne Salomo nkurɔfo de ahyɛn no yɛɛ adwuma.
And Hiram sent in the fleet his servants, shipmen that had knowledge of the sea, with the servants of Solomon;
28 Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir, na wɔsan de sikakɔkɔɔ nsania ani nkaribo tɔn 16 brɛɛ Salomo.
and they went to Ophir, and fetched thence gold, four hundred and twenty talents, and brought it to king Solomon.