< 1 Ahemfo 8 >

1 Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, sɛ wonhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo wɔ Asɔredan mu hɔ.
Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuo ne mmusua biara mu ntuanofoɔ nyinaa, sɛ wɔnhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforɔ wɔ Asɔredan mu hɔ.
2 Wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase wɔ ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.
Wɔn nyinaa bɛhyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirinhyia afahyɛ a wɔfrɛ no Dwanekɔbea Afahyɛ no ase wɔ bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.
3 Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so.
Ɛberɛ a mpanimfoɔ no duruu Israel no, asɔfoɔ no maa Adaka no so.
4 Afei, asɔfo no ne Lewifo maa Awurade Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho.
Afei, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ maa Awurade Adaka no ne Ntomadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔate ho no ka ho.
5 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim.
Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.
6 Afei, asɔfo no maa Awurade Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase.
Afei, asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no de kɔɔ Asɔredan no kronkron mu kronkron hɔ. Wɔde sii Kerubim no ntaban ase.
7 Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so.
Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so.
8 Na nnua a esuso mu no woware ara kosi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso sɛ ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ.
Na nnua a ɛsosɔ mu no woware ara kɔsi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛseɛ a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ɔhunu, nanso sɛ ɔgyina akyire deɛ a, ɔnhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
9 Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no, faako a Awurade ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no.
Na biribiara nni Adaka no mu ka aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb no, baabi a Awurade ne Israelfoɔ yɛɛ apam, ɛberɛ a wɔfirii Misraim no.
10 Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma.
Asɔfoɔ no refiri Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma.
11 Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ Awurade anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn dwumadie no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.
12 Na Salomo bɔɔ mpae se, “Awurade, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu.
Na Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, woaka sɛ wobɛtena omununkum kusuu mu.
13 Nanso masi Asɔredan a ɛwɔ anuonyam ama wo a wubetumi atena mu afebɔɔ.”
Nanso, masi Asɔredan a ɛwɔ animuonyam ama wo a wobɛtumi atena mu afebɔɔ.”
14 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se,
Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ,
15 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so.
“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so.
16 Na ɔka kyerɛɛ mʼagya se, ‘Efi da a mede me nkurɔfo Israel fi Misraim bae no, manyi kurow biara wɔ Israel mmusuakuw no mu a ɛsɛ sɛ wosi asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Nanso mprempren, mayi Dawid sɛ onni hene wɔ me nkurɔfo so.’”
Na ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, ‘Ɛfiri da a mede me nkurɔfoɔ Israel firi Misraim baeɛ no, mannyi kuro biara wɔ Israel mmusuakuo no mu a ɛsɛ sɛ wɔsi asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Nanso, seesei mayi Dawid sɛ ɔnni ɔhene wɔ me nkurɔfoɔ so.’”
17 Na Salomo kaa se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
Na Salomo kaa sɛ, “Mʼagya pɛɛ sɛ anka ɔsi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
18 Nanso Awurade ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi Asɔredan de hyɛ me din anuonyam,
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi Asɔredan de hyɛ me din animuonyam,
19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’
nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’
20 “Na mprempren, Awurade ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Nyankopɔn din anuonyam.
“Na seesei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, madi adeɛ sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam.
21 Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ bere a oyii wɔn fii Misraim no.”
Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.”
22 Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro wɔ Awurade afɔremuka no anim wɔ Israelfo no nyinaa anim.
Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia no anim wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim.
23 Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛde nso.
Ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛnni awieeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔtie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛdeɛ nso.
24 Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
Wo bɔ a wohyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na ɛnnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu.
25 “Afei, Awurade, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.’
“Afei, Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, ma ɛbɔ a wokɔɔ so hyɛɛ wo ɔsomfoɔ Dawid a ɔyɛ mʼagya no mmra mu. Woka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ bɔ wɔn bra yie, na wɔdi me mmara so sɛdeɛ woayɛ no a, wɔbɛdi Israel so ɔhene daa daa.’
26 Enti afei, Israel Nyankopɔn, di bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid no so.
Enti afei, Ao, Israel Onyankopɔn, di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ, mʼagya Dawid no so.
27 “Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo.
“Na ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so? Mpo, sɛ ɔsorosoro sua ma wo a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa Asɔredan a masi yi ho!
28 Tie me mpaebɔ ne mʼadesrɛ, Awurade, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ a wo somfo resu ne mpae a wo somfo rebɔ akyerɛ wo nnɛ.
Tie me mpaeɛbɔ ne mʼadesrɛdeɛ, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Tie su a wo ɔsomfoɔ resu ne mpaeɛ a wo ɔsomfoɔ rebɔ akyerɛ wo ɛnnɛ.
29 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no.
Wobɛhwɛ Asɔredan yi so awia ne anadwo; saa beaeɛ a woaka sɛ wode wo din bɛto so no. Wobɛtie mpaeɛ a mebɔ wɔ beaeɛ yi daa.
30 Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae wɔ beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ.
Tie mʼahobrɛaseɛ ne nokorɛ abisadeɛ a ɛfiri me ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ nkyɛn, ɛberɛ a yɛrebɔ mpaeɛ wɔ beaeɛ ha no. Aane, tie yɛn firi soro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ.
31 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a,
“Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ ɔnnim ho hwee wɔ afɔrebukyia a ɛsi asɔredan mu no anim a,
32 ɛno de, tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no.
tie firi soro, na bu wʼasomfoɔ baanu no a ɛyɛ deɛ wɔabɔ no soboɔ no ne soboɔbɔfoɔ no ntam atɛn. Deɛ ɔdi fɔ no, twe nʼaso na gyaa deɛ ɔdi bem no.
33 “Sɛ atamfo di wo nkurɔfo Israel so, efisɛ wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan mu ha a,
“Sɛ wɔdi wo nkurɔfoɔ Israel so, ɛfiri sɛ, wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha a,
34 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsane nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so.
35 “Sɛ ɔsoro mu to, na osu ntɔ, efisɛ wo nkurɔfo ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdan fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a,
“Sɛ ɔsoro mu ato, na osuo ntɔ, ɛfiri sɛ, wo nkurɔfoɔ ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpaeɛ wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdane firi wɔn bɔne ho, ɛfiri sɛ, woatwe wɔn aso a,
36 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so.
ɛnneɛ, tie firi soro, na fa wʼasomfoɔ, wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne no kyɛ. Kyerɛ wɔn deɛ ɛyɛ, na ma osuo ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ sononko no so.
37 “Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no,
“Sɛ ɛkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa mfudeɛ nyarewa ba anaa ntutummɛ ne asa bɛgu mfudeɛ so, anaa wo nkurɔfoɔ atamfoɔ ba asase no so bɛtua wɔn nkuro a, sɛdeɛ ɔhaw no te biara no,
38 sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
na sɛ wo nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ wɔ wɔn haw ne awerɛhoɔ ho, na wɔpagya wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a,
39 tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a eye ma wo nkurɔfo ma wɔn, na wo nko ara na wunim onipa koma mu.
tie firi soro, deɛ wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛyɛ ma wo nkurɔfoɔ ma wɔn, na wo nko ara na wonim onipa akoma mu.
40 Na wobesuro wo, na wɔanantew wʼakwan so, mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so.
Na wɔbɛsuro wo, na wɔanante wʼakwan so, berɛ dodoɔ a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom yi so no.
41 “Na sɛ ananafo te wo nka, na wofi akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛse no a,
“Na sɛ ananafoɔ te wo nka, na wɔfiri akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛseɛ no a,
42 wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnne akɛse no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpae wɔ saa asɔredan yi mu a,
wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ wɔ saa asɔredan yi mu a,
43 tie fi ɔsoro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahu, na wɔasuro wo, sɛnea wo ara wo nkurɔfo Israelfo yɛ no. Wɔn nso behu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so.
tie firi soro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahunu, na wɔasuro wo, sɛdeɛ wo ara wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ yɛ no. Wɔn nso bɛhunu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so.
44 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ Awurade fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a,
“Sɛ wohyɛ wo nkurɔfoɔ ma wɔpue, kɔko tia wɔn atamfoɔ, na sɛ wɔbɔ mpaeɛ, srɛ Awurade fa saa kuro yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a,
45 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn.
ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro, na yɛ wɔn abisadeɛ ma wɔn.
46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn, na woama wɔn atamfo adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so.
“Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hwan na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo bɛfu wɔn, na woama wɔn atamfoɔ adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so.
47 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’
Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu sane ba wo nkyɛn, bɔ mpaeɛ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumuyɛsɛm ne atirimuɔdensɛm,’
48 na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a,
Na sɛ wɔde wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa dane ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpaeɛ ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kuro a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din animuonyam yi a,
49 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛde ma wɔn,
ɛnneɛ, tie wɔn mpaeɛbɔ firi soro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛdeɛ ma wɔn,
50 na fa wo nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafo nhu wɔn mmɔbɔ,
na fa wo nkurɔfoɔ a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ,
51 efisɛ wɔyɛ wo nkurɔfo, wʼagyapade sononko a wuyii wɔn fii Misraim dadenan nyansramma mu.
ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼagyapadeɛ sononko a woyii wɔn firii Misraim dadenane fononoo mu.
52 “Bue wʼani ma mʼabisade ne wo nkurɔfo Israelfo abisade. Bere biara a wobesu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so.
“Bue wʼani ma mʼabisadeɛ ne wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ abisadeɛ. Ɛberɛ biara a wɔbɛsu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so.
53 Efisɛ bere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim no, Otumfo Awurade, woka kyerɛɛ wo somfo Mose se, woatew Israel afi aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapade sononko.”
Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim no, Ao, Otumfoɔ Awurade, woka kyerɛɛ wo ɔsomfoɔ Mose sɛ, woate Israel afiri aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapadeɛ sononko.”
54 Bere a Salomo wiee saa mpaebɔ ne nʼabisade a ɔde dan Awurade no, ogyinaa Awurade afɔremuka anim, faako a na ɔtaa bu nkotodwe no, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro.
Ɛberɛ a Salomo wiee saa mpaeɛbɔ ne nʼabisadeɛ a ɔde danee Awurade yi no, ɔgyinaa Awurade afɔrebukyia anim, baabi a na ɔtaa bu nkotodwe, na ɔpagya ne nsa kyerɛ soro.
55 Ogyinaa hɔ teɛɛ mu, hyiraa Israelfo no se,
Ɔgyinaa hɔ teaam, hyiraa Israelfoɔ no so sɛ,
56 “Ayeyi nka Awurade a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Trenee bɔ a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu.
“Ayɛyie nka Awurade a wama ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ ɔhome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no. Ɛbɔ nwanwa a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu.
57 Awurade, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da.
Awurade, yɛn Onyankopɔn, nka yɛn ho sɛdeɛ ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennya yɛn da biara da.
58 Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde wɔ biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so.
Ɔmma yɛnya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛdeɛ wɔ biribiara mu, na yɛnni mmara ne ahyɛdeɛ a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so.
59 Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpae wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn, betie me ne Israelfo, na wayɛ nea ehia yɛn daa ama yɛn.
Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpaeɛ wɔ Awurade anim yi daa awia ne anadwo, sɛdeɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛtie me ne Israelfoɔ, na wayɛ deɛ ɛhia yɛn daa ama yɛn.
60 Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforo biara nni hɔ.
Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na onyame foforɔ biara nni hɔ.
61 Na mo a moyɛ ne nkurɔfo no, nni Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nokware daa. Munni ne mmara ne nʼahyɛde so daa, sɛnea moyɛ no nnɛ yi.”
Na mo a moyɛ ne nkurɔfoɔ no, nni Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nokorɛ daa. Monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so daa, sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi.”
62 Na ɔhene no ne Israelfo a wɔka ne ho no bɔɔ afɔre maa Awurade.
Na ɔhene no ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade.
63 Salomo bɔɔ asomdwoe afɔre maa Awurade. Nʼafɔrebɔde no yɛ anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade.
Salomo bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ anantwie ɔpeduonu mmienu ne nnwan ɔpeha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa Awurade.
64 Saa da no ara, ɔhene no tew Asɔredan no adiwo no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no ho. Ɔbɔɔ ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no wɔ hɔ, efisɛ na kɔbere mfrafrae afɔremuka a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo sɛ ebetumi akora afɔrebɔde bebree.
Saa ɛda no ara, ɔhene no daa Asɔredan no adihɔ no mfimfini a ɛka Awurade Asɔredan ho no adi. Ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ Awurade anim no sua dodo sɛ ɛbɛtumi akora afɔrebɔdeɛ bebree.
65 Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat wɔ atifi fam kosi Misraim asuwa wɔ anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no.
Na Salomo ne Israel nyinaa boom, dii Dwanekɔbea Afahyɛ wɔ Awurade, wɔn Onyankopɔn, anim. Nnipadɔm no firi Lebo Hamat wɔ atifi fam kɔsi Misraim asuwa wɔ anafoɔ fam, na wɔbaeɛ. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔrebukyia no adi, ɛnna wɔde mu nnanson nso dii Dwanekɔbea Afahyɛ no.
66 Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ Awurade ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye.
Afahyɛ no twaam no, Salomo maa ɔmanfoɔ no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛ ne ahotɔ, ɛfiri sɛ, Awurade ne ne ɔsomfoɔ Dawid ne Israelfoɔ adi no yie.

< 1 Ahemfo 8 >