< 1 Ahemfo 7 >

1 Salomo san sii ɔno ankasa nʼahemfi. Na mfirihyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfi no si.
But his own house was Solomon building thirteen years, and then he finished all his house.
2 Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwae Ahemfi. Na ne tenten mu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. Na sida nsamso no mpuran no deda sida fadum anan a wɔatoto ahyehyɛ no tee no so.
He built also the house of the forest of Lebanon: a hundred cubits was its length, and fifty cubits was its breadth, and thirty cubits was its height, upon four rows of cedar pillars, with cedar beams upon the pillars.
3 Na wɔabɔ sida nsɛmso a etweri mpuran aduanan anum a ɛno nso gugu afadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenso abiɛsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenso baako biara mu.
And it was covered with cedar above over the beams, that lay on the forty-five pillars, fifteen in a row.
4 Afasu no fa biara, mfɛnsere sesa so abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim.
And there were window-spaces in three rows, and windows were opposite each other in three ranks.
5 Apon no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim.
And all the entrances and door-posts formed a square in shape: and windows were opposite windows in three ranks.
6 Osii afadum asa a ne tenten mu yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum. Na ntwironoo a wɔakuru so wɔ anim a esi afadum so.
And he made a porch of pillars: fifty cubits was its length, and thirty cubits its breadth; and the porch was before them; and the other pillars with an entablature before them.
7 Na ahengua asa a na wonim no sɛ atemmu asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena di nsɛm. Na wɔde sida asam mu fi fam, de kosi nsamso so.
Then he made a porch for the throne where he might judge, the porch of judgment: and it was covered with cedar from one side of the floor to the other.
8 Faako a na Salomo te no twa asennii a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɔkwan koro no ara so na wɔfa de sii. Osii ne dan no sɛso de maa Farao babea a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.
And his house where he dwelt in another court within the porch, was of the like work: and Solomon made also a house for Pharaoh's daughter, whom he had taken for wife, like unto this porch.
9 Abo akɛse a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne bo yɛ den yiye na wɔde sii saa adan no.
All these were of heavy stones, hewn after a fixed measure, sawed with the saw inside and outside, even from the foundation unto the coping, and from the outside unto the great court.
10 Abo a wɔde too ɔdan no fapem no tenten mu yɛ anammɔn dunum, na bi nso tenten mu yɛ anammɔn dumien.
And the foundation was of heavy stones, large stones, stones of ten cubits, and stones of eight cubits.
11 Abo a ne bo yɛ den yiye a wɔde sii afasu no nso, na wɔasusuw, atwa no pɛpɛɛpɛ a sida mpuran nso ka ho.
And above were heavy stones, hewn after a fixed measure, and cedars.
12 Adiwo kɛse no afasu no nso, wɔto de sida mpuran ntaaso baako biara too abo a wɔatwa ntaaso abiɛsa biara so, te sɛ afasu a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwironoo kwan ka ho.
And the great court round about was of three rows of hewn stones, and one row of cedar beams, both for the inner court of the house of the Lord, and for the porch of the house.
13 Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ofi Tiro a ne din de Huram ase sɛ omfi Tiro mmra,
And king Solomon sent and fetched Hiram out of Tyre.
14 efisɛ na ɔyɛ odwumfo a onim kɔbere mfrafrae ho adwinne yiye. Na ne fa yɛ Israelni, efisɛ ne na yɛ okunafo a ofi Naftali abusua mu. Na nʼagya nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔnan nnade wɔ Tiro. Enti ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.
He was the son of a widow of the tribe of Naphtali, and his father was a man of Tyre, a worker in copper: and he was filled with wisdom, and understanding, and knowledge, to make every work in copper; and he came to king Solomon, and did all his work.
15 Huram twaa kɔbere mfrafrae afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason, na ne afefarem nso yɛ anammɔn dunwɔtwe.
And he cast two pillars of copper, eighteen cubits was the height of the one pillar; and a line of twelve cubits did encompass the second pillar.
16 Ɔde kɔbere mfrafrae yɛɛ afadum no apampam ntaaso a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa.
And he made two capitals, to set upon the tops of the pillars, of molten copper; five cubits was the height of the one capital, and five cubits was the height of the other capital;
17 Ntaaso biara nso, wɔde ɔtan a wɔanwen ason ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho.
And nets of checker-work, and wreaths of chain-work, for the capitals which were upon the top of the pillars; seven for the one capital, and seven for the other capital.
18 Na ɔyɛɛ atoaa nsɛso a ɛsesa so tee abien bebaree ɔtan a wɔanwen no de siesiee ntaaso a ɛwɔ afadum no atifi.
And he made the pillars, so that two rows of pomegranates were round about upon the one net-work, to cover the capitals that were upon the top: and the same he made for the other capital.
19 Ntaaso a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwironoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne sorokɔ yɛ anammɔn asia.
And the capitals, that were upon the top of the pillars, furnished with lily-work, [as] those in the porch, were four cubits.
20 Ntaaso biara a na ɛwɔ afadum abien no so no nso, na atoaa nsɛso ahannu a wɔahyehyɛ no tee abien atwa ho ahyia a, ɛyɛ kurukuruwa a ɛtoa ɔtan a wɔanwen no so.
And the capitals upon the two pillars rose also above, close by the rounding which was on the side of the network: and the pomegranates were two hundred, in rows round about, upon either capital.
21 Huram de afadum no sisii Asɔredan no kwan ano a baako kyerɛ anafo fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafo fam no din Yakin (Ɔde tim) na nea ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).
And he set up the pillars for the porch of the temple; and he set up the right pillar, and called its name Yachin; and he set up the left pillar, and called its name Boaz.
22 Afadum no ntaaso no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.
And upon the top of the pillars there was lily-work: and so was finished the work of the pillars.
23 Afei, Huram twaa nsukorade kurukuruwa kɛse bi a efi ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo ne din Po. Na emu tenten yɛ anammɔn ason ne fa, nʼafefare mu nso yɛ anammɔn aduanan anum.
And he made the molten sea, ten cubits from the one brim to the other, rounded all about, and it was five cubits in height: and a line of thirty cubits did encompass it round about.
24 Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
And colocynth-shaped knobs were under its brim round about encompassing it, ten in a cubit, encircling the sea round about: the colocynths were in two rows, and were cast [with it] when it was cast.
25 Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam.
It was standing upon twelve oxen, three looking toward the north, and three looking toward the west, and three looking toward the south, and three looking toward the east; and the sea was resting above upon them, and all their hinder parts were inward.
26 Na Po no afasu mu piw bɛyɛ nsateaato abiɛsa, na ano no trɛw te sɛ kuruwa, na na ɛte sɛ sukooko a apae. Na ebetumi akora nsu bɛyɛ galɔn mpem dubaako.
And its thickness was a hand's breadth, and its brim was wrought like the brim of a cup, with lily-buds: it could contain two thousand baths.
27 Huram san yɛɛ nteaseɛnam du a wɔde twe nsu a emu biara tenten mu yɛ anammɔn asia na ne trɛw mu nso yɛ anammɔn asia, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa.
And he made ten bases of copper: four cubits was the length of each one base, and four cubits its breadth, and three cubits its height.
28 Na sɛnea wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ ntetareho ntrantraa a wɔabram so.
And this was the workmanship of the bases: They had borders, and the borders were between the corner ledges;
29 Wɔde gyata, anantwi ne kerubim a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnade a wɔde bram ɔpon akyi no. Gyata no ne anantwi no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn.
And on the borders that were between the ledges were lions, oxen, and cherubim; and upon the corner ledges it was thus also above; and likewise beneath the lions and oxen were pendant wreaths of plated work.
30 Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafrae ntwahonan anan ne kɔbere mfrafrae ntwahodade. Na nteaseɛnam biara twɔtwɔw no wɔ nnyinaso afadum de ma kɔbere mfrafrae nsukorade no; saa nnyinaso no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni.
And every base had four copper wheels, and axles of copper; and its four corners had undersetters; under the laver were the undersetters cast on; at the side of each were pendants.
31 Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinaso kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma nsukorade no. Na ehwirew mu, kɔ soro bɛyɛ ɔnammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamude kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni asiesie. Na nteaseɛnam no ntetareho no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.
And its mouth was within the capital and above a cubit in height; but the mouth of this was rounded after the work of the base, a cubit and a half cubit; and also upon its mouth were carvings; and their borders were square, not rounded.
32 Ntetareso no ase na ntwahonan anan a wɔde atoa ntwahodade so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na efi ntwahonan no dantaban ano kosi ano yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa,
And the four wheels were under the borders; and the axletrees of the wheels were joined to the base: and the height of each one wheel was a cubit and a half cubit.
33 a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan abien. Emu ntwahodade, mparow, hankare ne nea ɛhyɛ mfimfini no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafrae na ɛyɛe.
And the workmanship of the wheels was like the workmanship of a chariot-wheel: their axletrees, and their naves, and their felloes, and their spokes, were all cast.
34 Na nsusomu nsa anan wowɔ nteaseɛnam no atwɔtwɔw anan no biara so a epuepue fi nteaseɛnam no so.
And there were four undersetters to the four corners of each one base; the undersetters were of one piece with the base itself.
35 Nteaseɛnam no mu biara atifi no na na hankare bi a ne trɛw yɛ nsateaa akron wɔ. Nsusomu no ne nkyɛnkyɛn ntetareho no nso, wɔagu ama ɛne teaseɛnam no atoa mu.
And on the top of the base was a rounded compass of half a cubit high: and on the top of the base were its side-ledges; and its borders were of one piece with itself.
36 Wɔde kerubim, gyata ne mmedua a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnyinaso ahorow no ho baabiara a kwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia.
And he engraved on the plates of its side-ledges and on its borders, cherubim, lions, and palm-trees: and in the open space of every one were pendant wreaths round about.
37 Nsu nteaseɛnam du no, na ne nyinaa akɛse yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na woguu ne nyinaa wɔ ade koro mu.
After this manner did he make the ten bases: one casting, one measure, one form, was there for all of them.
38 Huram san yɛɛ kɔbere mfrafrae nsukorade du de maa nteaseɛnam no mu biara. Na nsukorade no mu trɛw yɛ anammɔn asia a etumi kora nsu gyare ahannu aduonu.
Then made he ten lavers of copper; forty baths could each one laver contain; every laver was four cubits: each one laver was upon each one base of the ten bases.
39 Ɔhyehyɛɛ nsu nteaseɛnam no anum wɔ Asɔredan no anafo fam, na anum nso wɔ atifi fam. Wɔde Po no sii Asɔredan no anafo apuei fam twɔtwɔw so.
And he put the bases, five on the right side of the house, and five on the left side of the house: and the sea he set on the right side of the house eastward opposite the south.
40 Afei, ɔyɛɛ nkuku, sofi ne nsukorade a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
And Hiram made the lavers, and the shovels, and the basins; so Hiram made an end of doing all the work that he made for king Solomon for the house of the Lord.
41 Afadum abien, afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
The two pillars, and the two bowl-shaped capitals that were on the top of the two pillars; and the two net-works, to cover the two bowl-shaped capitals which were upon the top of the pillars;
42 atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no),
And the four hundred pomegranates for the two net-works, two rows of pomegranates for each one net-work, to cover the two bowl-shaped, capitals that were upon the front of the pillars;
43 nsu nteaseɛnam du a nsukorade du sisi so,
And the ten bases, and the ten lavers upon the bases;
44 Po no ne anantwi dumien a ɛhyehyɛ ase,
And the one sea, and the twelve oxen under the sea;
45 Nkuku, sofi ne nsukorade. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafrae a wɔapɔw ho.
And the pots, and the shovels, and the basins; and all these vessels, which Hiram had made for king Solomon for the house of the Lord, were of polished copper.
46 Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no so.
In the plain of Jordan did the king cast them, in the clay-ground between Succoth and Zarethan.
47 Salomo ankari nkuku ne nkaka no, efisɛ na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafrae no mu duru nso, wɔantumi ankari.
And Solomon set down all the vessels [unweighed], because they were exceedingly many: the weight of the copper was not inquired into.
48 Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔremuka, sikakɔkɔɔ kyerɛwpon a Ne Daa Nwɔhɔ brodo gu so,
And Solomon made all the vessels that pertained unto the house of the Lord: The altar of gold, and the table whereupon the show-bread was, of gold,
49 sikakɔkɔɔ kaneadua a anum sisi anafo fam, na anum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron anim hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, akanea ne mpiakyiri a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
And the candlesticks, five on the right side, and five on the left, before the debir, of pure gold, with the flowers, and the lamps, and the tongs of gold,
50 nkuruwa, akanea adabaw, nsiso, nsanka ne nkankyee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɔkwan ano apon a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne anim nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
And the bowls, and the knives, and the basins, and the spoons, and the censers of pure gold; and the hinges, for the doors of the inner house, for the holy of holies, for the doors of the house, and for the temple, [were] of gold.
51 Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛde a nʼagya Dawid ato din no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
And so was ended all the work that king Solomon made for the house of the Lord: and Solomon brought in the things sanctified by David his father, the silver, and the gold, and the vessels, [and] he placed [these] in the treasuries of the house of the Lord.

< 1 Ahemfo 7 >