< 1 Ahemfo 6 >
1 Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif mu no, ofii ase sii Awurade Asɔredan no.
Mfeɛ ahanan aduɔwɔtwe a wɔgyee Israelfoɔ firii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so ɔhene mfeɛ ɛnan no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no.
2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tenten mu yɛ anammɔn aduɔkron, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum.
Asɔredan a ɔhene Salomo si maa Awurade no tentenemu yɛ anammɔn aduɔkron, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum.
3 Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten yɛ anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu yɛ pɛ. Na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.
Ntwonoo a ɛda asɔredan no anim no tentene yɛ anammɔn aduasa a, ɛne asɔredan no ntrɛmu yɛ pɛ. Na, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn dunum.
4 Salomo yɛɛ mfɛnsere wɔ ɔfasu no soro hyiae.
Salomo yɛɛ ntokua wɔ ɔfasuo no soro hyiaeɛ.
5 Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae.
Asɔredan no fasukyire no nso, wɔsisii adan bebree fomfam ho hyiaeɛ.
6 Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu yɛ anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw yɛ anammɔn akron na apampamu dan no trɛw yɛ anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu.
Na ɛyɛ aborɔsan a ɛtoa so mmiɛnsa a aseɛ dan no tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn nson ne fa. Aborɔsan a ɛtɔ so mmienu no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nkron ɛnna apampam dan no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa. Wɔde mpunan a ɛgugu nnannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasuo no mu na aka adan no afomfam ɔfasuo no ho. Enti, ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpunan no anhyehyɛ ɔfasuo no ankasa mu.
7 Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ.
Na aboɔ a wɔde sii asɔredan no nso, wɔsiesiee ho wɔ abopaebea hɔ enti, ɛdan no sie no, obi ante hama, pɛeɛ anaa dadeɛ biara nnyegyeeɛ wɔ adansiiɛ hɔ.
8 Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam.
Na ɛkwan a wɔde kɔ aseɛ adan no mu no da Asɔredan no anafoɔ fam. Atwedeɛ kyinkyimiɛ na wɔforo kɔ ɛdan a ɛto so mmienu no so na foforɔ nso wɔ adan a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no ntam.
9 Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no.
Wɔwiee asɔredan no sie no, Salomo de nnua ne ntweneduro mpunan yɛɛ ani nsamsoɔ no.
10 Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason.
Sɛdeɛ wɔaka no, na adan wowɔ ɛdan no afanan nyinaa a wɔnam ntweneduro so de afam Asɔredan no afasuo no ho. Ɛdan no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson.
11 Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se,
Na Awurade de saa asɛm yi brɛɛ Salomo sɛ,
12 “Saa Asɔredan a woresi yi de, sɛ woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so.
“Ɛfa saa Asɔredan a woresie yi ho no, sɛ woyɛ ɔsetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛeɛ a, na wodi me ɔhyɛ nsɛm so a, menam wo so bɛdi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so.
13 Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da.”
Mɛtena Israel mamfoɔ mu, na merempa me nkurɔfoɔ akyi da.”
14 Na Salomo wiee asɔredan no si.
Na Salomo wiee asɔredan no sie.
15 Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so.
Na emu nyinaa, ɛfiri fam kɔsi nsamsoɔ no, wɔde nnua na ɛkataa ɔfasuo no anim. Wɔde tweneduro na ɛkataa ɔfasuo no anim, na wɔde pepeaa kataa abrannaa no so.
16 Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so.
Ɔtwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no tiri mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ atweeɛmu yɛ anammɔn aduasa a wɔde ntweneduro asam fam hɔ, de kɔsi ani nsameeɛ no so.
17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia.
Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduosia.
18 Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni.
Wɔde ntweneduro na ɛsam aboɔ afasuo a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wɔsenee nkoraa fɛfɛ ne nhwiren, de dii nsameeɛ no ani adwini.
19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no besi.
Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde Awurade Apam Adaka no bɛsi.
20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho.
Saa kronkron mu kronkron no, na ne ntentenemu yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ amapa duraa nʼafasuo ne ne nsamsoɔ no ho nyinaa. Saa ara na ɔduraa afɔrebukyia a wɔde ntweneduro ayɛ no ho.
21 Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban.
Afei, asɔredan no mu nkaeɛ no, ɔde sikakɔkɔɔ amapa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɛkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban.
22 Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei.
Enti, ɔde sikakɔkɔɔ sam Asɔredan no ho nyinaa, kronkron mu kronkron ne afɔrebukyia no nyinaa ho, de wieeɛ.
23 Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ.
Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngo dua senee Kerubim mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ.
24 Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa.
Kerubim baako biara ataban mu trɛ yɛ anammɔn dunum a, ataban baako biara tenten yɛ anammɔn nson ne fa.
25 Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ
Na Kerubim mmienu no nyinaa tebea ne wɔn kɛseɛ yɛ pɛ
26 a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum.
a ɔbaako biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum.
27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini.
Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ataban mu trɛ no firi ɔfasuo baako kɔka ɔfasuo baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɛdan no mfimfini.
28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho.
Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa Kerubim mmienu no ho.
29 Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho.
Na kronkronbea mu afasuo ne ɛdan mu no, ɔdii adwini a ɛyɛ Kerubim mmɛdua ne nhwiren guu ho.
30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so.
Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan mmienu no abrannaa so.
31 Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum.
Ɛkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngo dua yɛɛ apono mmienu a emu biara wɔ twɛtwɛwa enum.
32 Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
Saa apono no ho nso, na wɔadi Kerubim, mmɛdua ne nhwiren adwini, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
33 Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu.
Afei, ɔde ngo dua yɛɛ aponnwa a emu biara wɔ twɛtwɛwa ɛnan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu.
34 Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so.
Ɔde pepeaa nnua yɛɛ apono mmienu a wɔbobɔ, na wɔsii ɛpono no biara ɛkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔ gu ɛno ara so.
35 Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
Saa apono yi, wɔde Kerubim, mmɛdua, ne nhwiren adi ho adwini, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
36 Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so.
Wɔsii adihɔ hɔ afasuo no kwan bi so a ntweneduro nnua ntosoɔ baako wɔ aboɔ a wɔatwa ntotosoɔ mmiɛnsa biara so.
37 Wɔtoo Awurade Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no.
Wɔtwaa Awurade Asɔredan fapem no bosome Siv (bɛyɛ Kɔtɔnimaa) mfimfini a saa ɛberɛ no na Salomo adi ɔhene mfeɛ ɛnan no.
38 Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no.
Wɔwiee ɛdan no ho biribiara bosome Bul (bɛyɛ Obubuo) mfimfini no a na wadi ɔhene mfeɛ dubaako. Enti, mfeɛ nson na wɔde sii asɔredan no.