< 1 Ahemfo 4 >
1 Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.
King Solomon was king over all Israel.
2 Na eyinom ne ne mpanyimfo: Sadok babarima Asaria.
These were his officials: Azariah son of Zadok was the priest.
3 Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.
Elihoreph and Ahijah sons of Shisha, were secretaries. Jehoshaphat son of Ahilud was the recorder.
4 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no; Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.
Benaiah son of Jehoiada was over the army. Zadok and Abiathar were priests.
5 Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.
Azariah son of Nathan was over the officers. Zabud son of Nathan was a priest and the king's friend.
6 Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.
Ahishar was over the household. Adoniram son of Abda was over the men who were subjected to forced labor.
7 Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.
Solomon had twelve officers over all Israel, who provided food for the king and his household. Each man had to make provision for one month in the year.
8 Saa amradofo dumien no din na edidi so yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.
These were their names: Ben-Hur, in the hill country of Ephraim;
9 Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
Ben-Deker in Makaz, Shaalbim, Beth Shemesh, and Elon Beth Hanan;
10 Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
Ben-Hesed, in Arubboth (to him belonged Sokoh and all the land of Hepher);
11 Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).
Ben-Abinadab, in all Naphoth Dor (he had Taphath the daughter of Solomon as his wife);
12 Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.
Baana son of Ahilud, in Taanach and Megiddo, and all Beth Shan that is beside Zarethan below Jezreel, from Beth Shan to Abel Meholah as far as the other side of Jokmeam;
13 Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.
Ben-Geber, in Ramoth Gilead (to him belonged the towns of Jair son of Manasseh, that are in Gilead, and the region of Argob belonged to him, which is in Bashan, sixty great cities with walls and bronze gate bars);
14 Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
Ahinadab son of Iddo, in Mahanaim;
15 Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.
Ahimaaz, in Naphtali (he also married Basemath the daughter of Solomon as his wife);
16 Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
Baana son of Hushai, in Asher and Bealoth;
17 Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
Jehoshaphat son of Paruah, in Issachar;
18 Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
Shimei son of Ela, in Benjamin;
19 Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
and Geber son of Uri, in the land of Gilead, the country of Sihon king of the Amorites and of Og king of Bashan, and he was the only official who was in the land.
20 Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ.
Judah and Israel were as numerous as the sand by the sea. They were eating and drinking and were happy.
21 Salomo dii ahemman nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.
Solomon ruled over all the kingdoms from the River to the land of the Philistines and to the border of Egypt. They brought tribute and served Solomon all the days of his life.
22 Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa,
Solomon's provision for one day was thirty cors of fine flour and sixty cors of meal,
23 anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ.
ten fat oxen, twenty oxen out of the pastures, and one hundred sheep, besides deer, gazelles, roebucks, and fattened fowl.
24 Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa.
For he had dominion over all the region on this side of the River, from Tiphsah as far as to Gaza, over all the kings on this side the River, and he had peace on all sides around him.
25 Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.
Judah and Israel lived in safety, every man under his vine and under his fig tree, from Dan to Beersheba, all the days of Solomon.
26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.
Solomon had forty thousand stalls of horses for his chariots, and twelve thousand horsemen.
27 Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu.
Those officials provided food for King Solomon and for all who came to King Solomon's table, every man in his month. They let nothing be lacking.
28 Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.
They also brought to the proper place barley and straw for the chariot horses and riding horses, each one bringing in what he was able.
29 Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea.
God gave Solomon great wisdom and understanding, and wideness of understanding like the sand on the seashore.
30 Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.
Solomon's wisdom exceeded the wisdom of all the people of the east and all the wisdom of Egypt.
31 Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.
He was wiser than all men—than Ethan the Ezrahite, Heman, Kalkol, and Darda, the sons of Mahol—and his fame reached all the surrounding nations.
32 Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum.
He spoke three thousand proverbs and his songs were one thousand and five in number.
33 Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso.
He described the plants, from the cedar that is in Lebanon to the hyssop that grows out of the wall. He explained also about beasts, birds, creeping things, and fish.
34 Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.
People came from all the nations to hear the wisdom of Solomon. They came from all kings of the earth who had heard of his wisdom.