< 1 Ahemfo 21 >

1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi.
Some time later, Naboth the Jezreelite happened to own a vineyard in Jezreel next to the palace of Ahab king of Samaria.
2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.”
So Ahab said to Naboth, “Give me your vineyard to use as a vegetable garden, since it is next to my palace. I will give you a better vineyard in its place—or if you prefer, I will give you its value in silver.”
3 Nanso Nabot buae se, “Awurade mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapade bɛma wo.”
But Naboth replied, “The LORD forbid that I should give you the inheritance of my fathers.”
4 Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.
So Ahab went to his palace, sullen and angry because Naboth the Jezreelite had told him, “I will not give you the inheritance of my fathers.” He lay down on his bed, turned his face away, and refused to eat.
5 Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?”
Soon his wife Jezebel came in and asked, “Why are you so sullen that you refuse to eat?”
6 Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
Ahab answered, “Because I spoke to Naboth the Jezreelite and told him, ‘Give me your vineyard for silver, or if you wish, I will give you another vineyard in its place.’ And he replied, ‘I will not give you my vineyard!’”
7 Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!”
But his wife Jezebel said to him, “Do you not reign over Israel? Get up, eat some food, and be cheerful, for I will get you the vineyard of Naboth the Jezreelite.”
8 Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no.
Then Jezebel wrote letters in Ahab’s name, sealed them with his seal, and sent them to the elders and nobles who lived with Naboth in his city.
9 Krataa no mu nsɛm ne sɛ: “Yi da bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea wɔ nnipa no mu.
In the letters she wrote: “Proclaim a fast and give Naboth a seat of honor among the people.
10 Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no.”
But seat two scoundrels opposite him and have them testify, ‘You have cursed both God and the king!’ Then take him out and stone him to death.”
11 Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no.
So the elders and nobles who lived in Naboth’s city did as Jezebel had instructed in the letters she had written to them.
12 Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu.
They proclaimed a fast and gave Naboth a seat of honor among the people.
13 Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no.
And the two scoundrels came in and sat opposite Naboth, and these men testified against him before the people, saying, “Naboth has cursed both God and the king!” So they took him outside the city and stoned him to death.
14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.”
Then they sent word to Jezebel: “Naboth has been stoned to death.”
15 Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.”
When Jezebel heard that Naboth had been stoned to death, she said to Ahab, “Get up and take possession of the vineyard of Naboth the Jezreelite, who refused to give it to you for silver. For Naboth is no longer alive, but dead.”
16 Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.
And when Ahab heard that Naboth was dead, he got up and went down to take possession of the vineyard of Naboth the Jezreelite.
17 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
Then the word of the LORD came to Elijah the Tishbite, saying,
18 “Kɔ na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa.
“Get up and go down to meet Ahab king of Israel, who is in Samaria. See, he is in the vineyard of Naboth, of which he has gone to take possession.
19 Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’”
Tell him that this is what the LORD says: ‘Have you not murdered a man and seized his land?’ Then tell him that this is also what the LORD says: ‘In the place where the dogs licked up the blood of Naboth, there also the dogs will lick up your blood—yes, yours!’”
20 Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.” Obuae se, “Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no wɔ Awurade ani so.
When Elijah arrived, Ahab said to him, “So you have found me out, my enemy.” He replied, “I have found you out because you have sold yourself to do evil in the sight of the LORD.
21 ‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho.
This is what the LORD says: ‘I will bring calamity on you and consume your descendants; I will cut off from Ahab every male in Israel, both slave and free.
22 Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’
I will make your house like that of Jeroboam son of Nebat and like that of Baasha son of Ahijah, because you have provoked My anger and caused Israel to sin.’
23 “Na Isebel nso, Awurade ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam wɔ kuropɔn no afasu ho.
And the LORD also speaks concerning Jezebel: ‘The dogs will devour Jezebel by the wall of Jezreel.’
24 “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.”
Anyone belonging to Ahab who dies in the city will be eaten by dogs, and anyone who dies in the field will be eaten by the birds of the air.”
25 (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne.
(Surely there was never one like Ahab, who sold himself to do evil in the sight of the LORD, incited by his wife Jezebel.
26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifo a Awurade pam wɔn wɔ Israelfo anim no).
He committed the most detestable acts by going after idols, just like the Amorites whom the LORD had driven out before the Israelites.)
27 Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii.
When Ahab heard these words, he tore his clothes, put on sackcloth, and fasted. He lay down in sackcloth and walked around meekly.
28 Na Awurade asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ,
Then the word of the LORD came to Elijah the Tishbite, saying:
29 “Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa.”
“Have you seen how Ahab has humbled himself before Me? Because he has humbled himself before Me, I will not bring the calamity during his days, but I will bring it upon his house in the days of his son.”

< 1 Ahemfo 21 >