< 1 Ahemfo 19 >

1 Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel.
And Ahab told Jezebel all that Elijah had done, and withal how he had slain all the prophets with the sword.
2 Enti Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia se, “Sɛ ɔkyena sesɛɛ na minkum wo, sɛnea woakum nkurɔfo yi a, anyame no nkum me bi.”
Then Jezebel sent a messenger unto Elijah, saying, So let the gods do [to me], and more also, if I make not thy life as the life of one of them by to morrow about this time.
3 Elia tee nkra no, osuroe, enti oguan de peree ne ti. Ɔkɔɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaw ne somfo wɔ hɔ,
And when he saw [that], he arose, and went for his life, and came to Beer-sheba, which [belongeth] to Judah, and left his servant there.
4 na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, “Nea mahu no ara dɔɔ me so, Awurade. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom.”
But he himself went a day’s journey into the wilderness, and came and sat down under a juniper tree: and he requested for himself that he might die; and said, It is enough; now, O LORD, take away my life; for I [am] not better than my fathers.
5 Na ɔdaa dua no ase. Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, “Sɔre na didi.”
And as he lay and slept under a juniper tree, behold, then an angel touched him, and said unto him, Arise [and] eat.
6 Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio.
And he looked, and, behold, [there was] a cake baken on the coals, and a cruse of water at his head. And he did eat and drink, and laid him down again.
7 Na Awurade bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware.”
And the angel of the LORD came again the second time, and touched him, and said, Arise [and] eat; because the journey [is] too great for thee.
8 Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so.
And he arose, and did eat and drink, and went in the strength of that meat forty days and forty nights unto Horeb the mount of God.
9 Okoduu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. Na Awurade bisaa no se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?”
And he came thither unto a cave, and lodged there; and, behold, the word of the LORD [came] to him, and he said unto him, What doest thou here, Elijah?
10 Elia buae se, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.”
And he said, I have been very jealous for the LORD God of hosts: for the children of Israel have forsaken thy covenant, thrown down thine altars, and slain thy prophets with the sword; and I, [even] I only, am left; and they seek my life, to take it away.
11 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fi adi kogyina mʼanim wɔ bepɔw no so.” Na bere a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa dennen bi bɔ sii bepɔw no mu. Na mframa no ano den no twitwaa abotan no mu. Nanso na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosowee. Nanso na Awurade nni asasewosow no mu.
And he said, Go forth, and stand upon the mount before the LORD. And, behold, the LORD passed by, and a great and strong wind rent the mountains, and brake in pieces the rocks before the LORD; [but] the LORD [was] not in the wind: and after the wind an earthquake; [but] the LORD [was] not in the earthquake:
12 Na asasewosow no akyi, ogya puei. Nanso na Awurade nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ nea wɔde ka asomsɛm bae.
And after the earthquake a fire; [but] the LORD [was] not in the fire: and after the fire a still small voice.
13 Elia tee nne no, ɔde nʼatade kataa nʼanim na ofi ɔbodan no mu, kogyinaa ano kwan no ano. Na nne bi bisae se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?”
And it was [so], when Elijah heard [it], that he wrapped his face in his mantle, and went out, and stood in the entering in of the cave. And, behold, [there came] a voice unto him, and said, What doest thou here, Elijah?
14 Obuaa bio se, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.”
And he said, I have been very jealous for the LORD God of hosts: because the children of Israel have forsaken thy covenant, thrown down thine altars, and slain thy prophets with the sword; and I, [even] I only, am left; and they seek my life, to take it away.
15 Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “San wʼakyi kɔ faako a wufi bae, na kɔ Damasko sare so. Na sɛ wudu hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene.
And the LORD said unto him, Go, return on thy way to the wilderness of Damascus: and when thou comest, anoint Hazael [to be] king over Syria:
16 Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ofi Abel-Mehola, na onsi wʼanan mu sɛ me diyifo.
And Jehu the son of Nimshi shalt thou anoint [to be] king over Israel: and Elisha the son of Shaphat of Abel-meholah shalt thou anoint [to be] prophet in thy room.
17 Obiara a obeguan afi Hasael ho no, Yehu bekum no, na obiara a obeguan afi Yehu ho nso no, Elisa bekum no.
And it shall come to pass, [that] him that escapeth the sword of Hazael shall Jehu slay: and him that escapeth from the sword of Jehu shall Elisha slay.
18 Eyinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforo mpem ason bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotow Baal, mfew nʼano da, no ho ban.”
Yet I have left [me] seven thousand in Israel, all the knees which have not bowed unto Baal, and every mouth which hath not kissed him.
19 Na Elia fii hɔ kɔ kohuu Safat babarima Elisa, na ɔde anantwi mpamho dumien refuntum afuw a nʼankasa reka mpamho a ɛto so dumien no. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow nʼatade guu ne so.
So he departed thence, and found Elisha the son of Shaphat, who [was] plowing [with] twelve yoke [of oxen] before him, and he with the twelfth: and Elijah passed by him, and cast his mantle upon him.
20 Elisa gyaw anantwi no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, “Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ.” Elia buae se, “San kɔ. Dɛn na mayɛ wo?”
And he left the oxen, and ran after Elijah, and said, Let me, I pray thee, kiss my father and my mother, and [then] I will follow thee. And he said unto him, Go back again: for what have I done to thee?
21 Afei, Elisa san kɔɔ anantwi no ho kokunkum wɔn. Ɔde funtumfiri no ho nnua no yɛɛ nnyansin de noaa nam no de maa mmarima no ma wɔwee. Afei ɔkɔ kodii Elia akyi ma ɔbɛyɛɛ ne somfo.
And he returned back from him, and took a yoke of oxen, and slew them, and boiled their flesh with the instruments of the oxen, and gave unto the people, and they did eat. Then he arose, and went after Elijah, and ministered unto him.

< 1 Ahemfo 19 >