< 1 Ahemfo 16 >
1 Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ,
Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ,
2 “Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw.
“Mepagyaa wo firii mfuturo mu, de wo tuaa me nkurɔfoɔ Israel ano. Nanso, wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfoɔ Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ me abufuo.
3 Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de.
Enti, merebɛsɛe Baasa ne ne fie, na mɛyɛ wo fie te sɛ Nebat babarima Yeroboam deɛ.
4 Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.”
Wɔn a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no deɛ, nkraman bɛwe wɔn ɛnam. Na ewiem nnomaa na wɔbɛsosɔ wɔn a wɔbɛwuwu wiram no.”
5 Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu.
Na Baasa adedie ne ɛho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mpontuo no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
6 Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene.
Baasa wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
7 Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ Awurade ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ Awurade abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi.
Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifoɔ Yehu so baa Baasa ne ne fiefoɔ so, ɛsiane bɔne dodoɔ a na wayɛ wɔ Awurade ani so no enti. Saa nneyɛeɛ no hyɛɛ Awurade abufuo. Na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeroboam fie no ara pɛ, ɛfiri sɛ, Baasa nso sɛee Yeroboam fie.
8 Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien.
Baasa babarima Ela hyɛɛ aseɛ dii Israel so wɔ Tirsa a saa ɛberɛ no, na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nsia. Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmienu.
9 Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa.
Na Simri, a na ɔyɛ safohene wɔ adehyeɛ nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛkum Ela. Ɛda bi, Ela boroo nsã wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ no fie wɔ Tirsa.
10 Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so.
Simri kɔɔ hɔ de adeɛ kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wuiɛ. Saa asɛm yi sii ɔhene Asa adedie wɔ Yuda no afe a ɛtɔ so aduonu nson mu. Enti, Simri bɛyɛɛ ɔhene a ɔdi so.
11 Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo.
Ɛhɔ ara, Simri kunkumm Baasa adehyeɛ abusua no mu nnipa nyinaa a wannya abarimaa baako koraa. Mpo, ɔkunkumm ne ntɛtɛbusuafoɔ ne ne nnamfonom.
12 Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no.
Simri sɛee Baasa ahennie nnidisoɔ no, sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Yehu so ahyɛ no.
13 Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.
Yeinom siiɛ ɛsiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodoɔ a wɔdii Israel anim ma wɔyɛeɛ no enti. Wɔde wɔn abosom huhuo hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
14 Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Ela ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
15 Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no
Simri tenaa Tirsa dii adeɛ Israel, ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduonu nson mu, nanso ɔdii adeɛ nnanson pɛ. Ɛberɛ a Israel akodɔm a na wɔrekɔto ahyɛ Filistifoɔ kuro Gibeton so no
16 tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo.
tee sɛ Simri akum ɔhene no, wɔyii ɔsahene Omri de no dii adeɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ.
17 Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no.
Enti, Omri dii Israel akodɔm anim, firi Gibeton kɔtuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkuro no.
18 Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu.
Ɛberɛ a Simri hunuu sɛ wɔafa kuro no, ɔkɔɔ ɔhene no abankɛsewa mu wɔ ne fie, na ɔhyee hɔ ne ne ho fraeɛ, ma ɔwuu egyadɛreɛ no mu.
19 Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so.
Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛeɛ no so.
20 Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Simri adedie ho nsɛm nkaeɛ ne ne pɔ bɔne a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
21 Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi.
Na afei, na Israelfoɔ no mu akyɛ mmienu. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so ɔhene, ɛnna ɛfa a aka no nso gyinaa Omri akyi.
22 Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene.
Nanso, Omri akyidifoɔ no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifoɔ no so. Enti, wɔkumm Tibni, ma Omri dii ɔhene.
23 Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa.
Omri hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Israel ɛberɛ a ɔhene Asa adi adeɛ wɔ Yuda mfeɛ aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu a ɔde emu nsia tenaa Tirsa.
24 Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam.
Na Omri tɔɔ bepɔ bi a seesei wɔfrɛ no Samaria, firii Semer a na ɛyɛ ne dea no nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Ɔkyekyeree kuro wɔ so, na ɔtoo kuro no edin Samaria, de hyɛɛ Semer animuonyam.
25 Nanso Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de.
Nanso, Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no deɛ.
26 Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, abufuw.
Ɔdii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so somm abosom, sɛdeɛ Yeroboam dii Israel anim, ma wɔyɛɛ no. Ɔde yei hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, abufuo.
27 Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Omri adedie ho nsɛm nkaeɛ no ne deɛ ne tumi ano kɔsi ne ne dwuma a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
28 Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene.
Omri wuiɛ no, wɔsiee no Samaria. Na ne babarima Ahab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
29 Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien.
Omri ba Ahab hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na ɔhene Asa adi adeɛ Yuda mfeɛ aduasa nwɔtwe mu. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ aduonu mmienu.
30 Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de.
Nanso Omri ba Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sene ahemfo a wɔdi nʼanim no nyinaa mu biara deɛ.
31 Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no.
Na ɔyɛɛ deɛ Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfoɔhene Etbaal babaa, na ɔhyɛɛ aseɛ somm Baal, sɔree no.
32 Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal wɔ Samaria.
Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔsii abosomfie ne afɔrebukyia maa Baal wɔ Samaria.
33 Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
Afei, ɔsii Asera afɔrebukyia. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Onyankopɔn abufuo sene ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
34 Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te.
Nʼahennie so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ɔfiri Bet-El sane kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wuiɛ. Na ɔtintim abɔntenpono de wieeɛ no nso, ne kaakyire Segub nso wuiɛ. Yei nyinaa sisiiɛ, sɛdeɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kaeɛ no teɛ.