< 1 Ahemfo 15 >

1 Yeroboam dii ade wɔ Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene.
La dix-huitième année du roi Jéroboam, fils de Nabat, Abiam devint roi de Juda,
2 Odii hene wɔ Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea.
et il régna trois ans à Jérusalem. Sa mère se nommait Maacha, fille d’Abessalom.
3 Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni Awurade ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid.
Il marcha dans tous les péchés de son père qu’il avait commis avant lui, et son cœur n’était pas tout entier à Yahweh, comme l’avait été le cœur de David, son père.
4 Nanso esiane Dawid nti, Awurade, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade wɔ Yerusalem.
Mais, à cause de David, Yahweh, son Dieu, lui donna une lampe à Jérusalem en établissant son fils après lui et en laissant subsister Jérusalem.
5 Na Dawid ayɛ nea eye wɔ Awurade ani so. Odii Awurade ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara.
Car David avait fait ce qui est droit aux yeux de Yahweh, et il ne s’était pas détourné pendant toute sa vie de tous les commandements qu’il en avait reçus, excepté dans l’affaire d’Urie le Héthéen.
6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam.
Il y eut guerre entre Roboam et Jéroboam tant qu’il vécut.
7 Nsɛm a aka a esisii wɔ Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara.
Le reste des actes d’Abiam, et tout ce qu’il a fait, cela n’est-il pas écrit dans le livre des Chroniques des rois de Juda. Il y eut guerre entre Abiam et Jéroboam.
8 Na Abiyam wui no, wosiee no wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade sɛ ɔhene.
Abiam se coucha avec ses pères, et on l’enterrera dans la ville de David. Asa, son fils, régna à sa place.
9 Yeroboam dii hene wɔ Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene wɔ Yuda.
La vingtième année de Jéroboam, roi d’Israël, Asa devint roi de Juda,
10 Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea.
et il régna quarante et un ans à Jérusalem. Sa mère s’appelait Maacha, fille d’Abessalom.
11 Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no.
Asa fit ce qui est droit aux yeux de Yahweh, comme David, son père.
12 Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa.
Il fit disparaître du pays les prostitués et enleva toutes les idoles que ses pères avaient faites.
13 Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no wɔ Kidron bon mu.
Et même il ôta la dignité de reine-mère à Maacha, sa mère, parce qu’elle avait fait une idole abominable pour Astarté. Asa abattit son idole abominable et la brûla au torrent de Cédron.
14 Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ Awurade mu nʼasetena nyinaa mu.
Mais les hauts lieux ne disparurent point, quoique le cœur d’Asa fut parfaitement à Yahweh pendant toute sa vie.
15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa Awurade Asɔredan no bae.
Il mit dans la maison de Yahweh les choses consacrées par son père et les choses consacrées par lui-même, de l’argent, de l’or et des vases.
16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam.
Il y eut guerre entre Asa et Baasa, roi d’Israël, pendant toute leur vie.
17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri wɔ Yudahene Asa asase so.
Baasa, roi d’Israël, monta contre Juda, et il bâtit Rama, pour empêcher les gens d’Asa, roi de Juda, de sortir et d’entrer.
18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ Awurade Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho:
Asa prit tout l’argent et l’or qui étaient restés dans les trésors de la maison de Yahweh et les trésors de la maison du roi, et les mit entre les mains de ses serviteurs; et le roi Asa envoya ces derniers vers Ben-Hadad, fils de Tabremon, fils de Hézion, roi de Syrie, qui habitait à Damas, pour dire:
19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me.”
« Qu’il y ait une alliance entre moi et toi, comme il y en avait une entre mon père et ton père. Je t’envoie un présent en argent et en or. Va, romps ton alliance avec Baasa, roi d’Israël, afin qu’il s’éloigne de moi. »
20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so.
Ben-Hadad écouta le roi Asa; il envoya les chefs de son armée contre les villes d’Israël, et il battit Ahion, Dan, Abel-Beth-Maacha, et tout Cenéroth avec tout le pays de Nephthali.
21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ.
Baasa, l’ayant appris, cessa de bâtir Rama, et resta à Thersa.
22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma wɔ Rama no afi hɔ. Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso.
Le roi Asa fit convoquer tout Juda, sans exempter personne; et ils emportèrent les pierres et le bois avec lesquels Baasa construisait Rama, et le roi Asa bâtit avec eux Gabaa de Benjamin et Maspha.
23 Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan.
Le reste de tous les actes d’Asa, tous ses exploits, et tout ce qu’il a fait, et les villes qu’il a bâties, cela n’est-il pas écrit dans le livre des Chroniques des rois de Juda? Toutefois, au temps de sa vieillesse, il eut les pieds malades.
24 Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene.
Asa se coucha avec ses pères et il fut enterré avec ses pères dans la ville de David, son père; et Josaphat, son fils, régna à sa place.
25 Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade wɔ Israel bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe abien mu. Odii ade wɔ Israel mfe abien.
Nadab, fils de Jéroboam, devint roi d’Israël la seconde année d’Asa, roi de Juda, et il régna deux ans sur Israël.
26 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no.
Il fit ce qui est mal aux yeux de Yahweh, et il marcha dans la voie de son père et dans les péchés de son père qu’il avait fait commettre à Israël.
27 Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no.
Baasa, fils d’Ahias, de la maison d’Issachar, conspira contre lui; et Baasa le frappa à Gebbéthon, qui appartenait aux Philistins, car Nadab et tout Israël faisaient le siège de Gebbéthon.
28 Baasa kum Nadab wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi hɔ.
Baasa le mit à mort la troisième année d’Asa, roi de Juda, et il régna à sa place.
29 Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no.
Lorsqu’il fut devenu roi, il frappa toute la maison de Jéroboam; il n’épargna de la maison de Jéroboam aucune âme vivante, sans l’exterminer, selon la parole que Yahweh avait dite par l’organe de son serviteur Ahias de Silo,
30 Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw.
à cause des péchés de Jéroboam qu’il avait commis, et qu’il avait fait commettre à Israël, irritant ainsi Yahweh, le Dieu d’Israël.
31 Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Le reste des actes de Nadab, et tout ce qu’il a fait, cela n’est-il pas écrit dans le livre des Chroniques des rois d’Israël?
32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam.
Il y eut guerre entre Asa et Baasa, roi d’Israël, pendant toute leur vie.
33 Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan.
La troisième année d’Asa, roi de Juda, Baasa, fils d’Ahias, devint roi sur tout Israël à Thersa, et il régna vingt-quatre ans.
34 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no.
Il fit ce qui est mal aux yeux de Yahweh, et il marcha dans la voie de Jéroboam et dans les péchés que celui-ci avait fait commettre à Israël.

< 1 Ahemfo 15 >