< 1 Ahemfo 14 >
1 Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree denneennen.
Saa ɛberɛ no, Yeroboam babarima Abia yaree dendeenden.
2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sesa wo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wo sɛ wone ɔhemmea no. Na kɔ odiyifo Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me se medi hene no nkyɛn wɔ Silo.
Enti, Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ, “Sesa wo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara renhunu wo sɛ wone ɔhemmaa no. Na kɔ odiyifoɔ Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔhene no, nkyɛn wɔ Silo.
3 Fa brodo mua du, ɔfam ne ɛwo tumpan kɔkyɛ no, na bisa no nea ɛbɛba abarimaa no so.”
Fa burodo mua edu, ɔfam ne ɛwoɔ akɔtoa kɔkyɛ no, na bisa no deɛ ɛbɛba abarimaa no so.”
4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo. Saa bere no na wabɔ akwakoraa a onhu ade.
Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fie wɔ Silo. Saa ɛberɛ no na wabɔ akɔkoraa a ɔnhunu adeɛ.
5 Nanso na Awurade aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.”
Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.”
6 Na Ahiya tee ne nan ase wɔ pon ano no, ɔfrɛe se, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn nti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforo?” Na ɔka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo.
Na Ahiya tee ne nan ase wɔ ɛpono ano no, ɔfrɛɛ sɛ, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn enti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforɔ?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo.
7 Fa saa nkra yi a efi Awurade, Israel Nyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam se, ‘Mepagyaw wo fi mpapahwekwa mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene.
Fa saa nkra yi a ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam sɛ, ‘Mepagyaa wo firi mpapahwekwaa mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene.
8 Mituu ahemman no ase fii Dawid fi, de maa wo. Nanso woammu wo bra te sɛ me somfo Dawid a odii mʼahyɛde so a ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no.
Metuu ahemman no ase firii Dawid fie, de maa wo. Nanso, woammu wo bra, te sɛ me ɔsomfoɔ Dawid a ɔdii mʼahyɛdeɛ so a ɔde nʼakoma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no.
9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso sen wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo wo no. Woayɛ anyame afoforo ma ɛnam so ama me bo afuw wo, wo sikakɔkɔɔ nantwi mma no nti. Na esiane sɛ woadan wʼakyi akyerɛ me nti,
Bɔne a woayɛ no dɔɔso kyɛn wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo woɔ no. Woayɛ anyame afoforɔ ma ɛnam so ama me bo afu wo, wo sikakɔkɔɔ nantwie mma no enti. Na ɛsiane sɛ woadane wʼakyi akyerɛ me enti,
10 mede amanehunu bɛba wo fi ahenni nnidiso so, na mekum wo mmabarima nyinaa, akoa ne nea odi ne ho so nso. Mɛhyew wʼahenni nnidiso no ase, sɛnea obi hyew wura ma ase tu koraa no.
mede amanehunu bɛba wo fie ahennie nnidisoɔ so, na makum wo mmammarima nyinaa, akoa ne deɛ ɔdi ne ho so nso. Mɛhye wʼahennie nnidisoɔ no ase, sɛdeɛ obi hye wura ma aseɛ tu koraa no.
11 Me, Awurade, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’”
Me, Awurade, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’”
12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere se, “Kɔ fie, na sɛ wuwura kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu.
Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere sɛ, “Kɔ efie, na sɛ wowura kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu.
13 Na Israel nyinaa besu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ofi mo fi a wobesie no yiye, na saa abofra no nko na Awurade, Israel Nyankopɔn, hu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fifo nyinaa mu.
Na Israel nyinaa bɛsu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ɔfiri mo fie a wɔbɛsie no yie, na saa abɔfra no nko na Awurade, Israel Onyankopɔn, hunu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fiefoɔ nyinaa mu.
14 Na Awurade bɛpagyaw ne hene a obedi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fifo ase. Saa asɛm no besi nnɛ yi ara, saa dɔnhwerew yi ara mu.
Na Awurade bɛpagya ɔhene adi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fiefoɔ ase. Saa asɛm no bɛsi ɛnnɛ yi ara, saa dɔnhwereɛ yi ara mu.
15 Na Awurade bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ Awurade abufuw.
Na Awurade bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo.
16 Ɔbɛto Israel asaworam, efisɛ Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”
Ɔbɛto Israel asaworam, ɛfiri sɛ, Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”
17 Na Yeroboam yere san kɔɔ Tirsa. Na bere a owuraa ne fi no, abofra no wui.
Na Yeroboam yere sane kɔɔ Tirsa. Na ɛberɛ a ɔwuraa ne fie no, abɔfra no wuiɛ.
18 Bere a Israelfo siee no no, wosuu no sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya so hyɛe no.
Ɛberɛ a Israelfoɔ siee no no, wɔsuu no sɛdeɛ Awurade nam odiyifoɔ Ahiya so hyɛeɛ no.
19 Yeroboam ahenni ho nsɛm nkae, nʼakodi nyinaa ne ɔkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma Mu.
Yeroboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ, nʼakodie nyinaa ne ɛkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma Mu.
20 Yeroboam dii ade wɔ Israel mfe aduonu abien. Owui no, ne babarima Nadab na odii nʼade sɛ ɔhene.
Yeroboam dii adeɛ wɔ Israel mfeɛ aduonu mmienu. Ɔwuiɛ no, ne babarima Nadab na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
21 Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
Na Salomo babarima Rehoboam na na ɔdi ɔhene wɔ Yuda. Ɛberɛ a ɔdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduanan baako, na ɔdii adeɛ mfeɛ dunson wɔ Yerusalem, kuro a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuo no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din animuonyam. Na Rehoboam maame din de Naama a ɔyɛ Amonni.
22 Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo.
Ɛberɛ a na Rehoboam di adeɛ no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuu wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sene deɛ wɔn agyanom no yɛeɛ mpo.
23 Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase.
Wɔsisii abosomfie, gyinaa nnannua a wɔate ho ne Asera afɔrebukyia wɔ bepɔ biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase.
24 Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a Awurade pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no.
Mpo, na abosomfie mmarima nnwamanfoɔ wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwadeɛ ahodoɔ a amanaman a wɔsom abosom no yɛeɛ enti a Awurade pamoo wɔn firii asase no so maa Israelfoɔ no.
25 Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so.
Rehoboam dii adeɛ ne mfeɛ enum so no, Misraimhene Sisak bɛto hyɛɛ Yerusalem so.
26 Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho.
Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfie hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛeɛ no ka ho.
27 Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so.
Akyire yi, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfie awɛmfoɔ no nsa sɛ wɔnhwɛ so.
28 Bere biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.
Ɛberɛ biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfoɔ no soa kɔ hɔ bi, na sɛ ɔwie na ɔreba a, wɔsane de bɛgu awɛmfoɔ ɛdan no mu.
29 Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Na Rehoboam ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma a ɔdiiɛ no deɛ, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam.
Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam.
31 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.
Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.