< 1 Ahemfo 13 >
1 Awurade hyɛɛ Onyame nipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na oduu hɔ bere a na Yeroboam rekɔ afɔremuka no ho akɔbɔ afɔre.
And behold, by the word of the Lord, a man of God went from Judah to Bethel, when Jeroboam was standing over the altar, and burning incense.
2 Na ɔde Awurade nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea Awurade se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’”
And by the word of the Lord, he cried out against the altar. And he said: “O altar, O altar! Thus says the Lord: ‘Behold, a son will be born to the house of David, Josiah by name. And upon you, he will immolate the priests of the high places, who now burn incense upon you. And upon you, he will burn up the bones of men.’”
3 Da no ara, Onyankopɔn nipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na ɔkae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade ada no adi. Afɔremuka no mu bɛpae abien, na nsõ a egu so no ahwie agu.”
And he gave a sign on the same day, saying: “This will be the sign that the Lord has spoken. Behold, the altar shall be torn apart, and the ashes that are upon it shall be poured out.”
4 Ɔhene Yeroboam bo fuw Onyame nipa yi sɛ wakasa atia afɔremuka yi. Enti ɔteɛɛ ne nsa wɔ ne so, teɛɛ mu se, “Monkyere no!” Nanso ne nsa a ɔteɛɛ wɔ ɔbarima no so no sinsenii a wantumi anyɛ ho hwee.
And when the king had heard the word of the man of God, which he had cried out against the altar at Bethel, he extended his hand from the altar, saying, “Apprehend him!” But his hand, which he had extended against him, withered. And he was unable to draw it back to himself.
5 Na afɔremuka no mu paee abien, na nsõ a egu so no hwie gui, sɛnea nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa nam Awurade nsɛm so daa no adi kyerɛɛ no.
Also, the altar was torn apart, and the ashes were poured out from the altar, in accord with the sign that the man of God had predicted by the word of the Lord.
6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Srɛ Awurade, wo Nyankopɔn, ma me na me nsa no nya ahoɔden.” Enti Onyankopɔn nipa no srɛɛ Awurade maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no.
And the king said to the man of God, “Entreat the face of the Lord your God, and pray for me, so that my hand may be restored to me.” And the man of God prayed before the face of the Lord, and the hand of the king was restored to him, and it became as it had been before.
7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi, na mɛma wo akyɛde bi.”
Then the king said to the man of God: “Come home with me, so that you may dine. And I will give you gifts.”
8 Nanso Onyankopɔn nipa no buaa no se, “Mpo, sɛ wode wʼagyapade mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na brodo nso, merenni na manom nsu wɔ ha.
And the man of God responded to the king: “Even if you will give me one half part of your house, I will not go with you, nor eat bread, nor drink water in this place.
9 Awurade asɛm so na wɔnam hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi brodo anaa wonom nsu wɔ hɔ. Afei, nsan mfa ɔkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’”
For so it was commanded to me by the word of the Lord, ordering: ‘You shall not eat bread, and you shall not drink water, nor shall you return by the way that you came.’”
10 Enti ofi Bet-El faa ɔkwan foforo so sɛ ɔrekɔ fie.
Then he departed by another way, and he did not return along the way that he had traveled to Bethel.
11 Na ɛbaa sɛ na odiyifo akwakoraa bi te Bet-El. Ne mmabarima bɛkaa nea Onyankopɔn nipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa kyerɛɛ wɔn agya no.
Now a certain elderly prophet was living in Bethel. His sons went to him, and they described to him all the works which the man of God had accomplished on that day in Bethel. And they described to their father the words that he had spoken to the king.
12 Odiyifo akwakoraa no bisaa wɔn se, “Na ɔfaa he?” Na ne mmabarima no kyerɛɛ no ɔkwan a Onyankopɔn nipa no faa so kɔe.
And their father said to them, “By which way did he depart?” His sons showed him the way by which the man of God, who had come from Judah, had departed.
13 Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no no, ohuruw tenaa ne so
And he said to his sons, “Saddle the donkey for me.” And when they had saddled it, he climbed on,
14 tiw Onyankopɔn nipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifo akwakoraa no bisaa no se, “Wone Onyankopɔn nipa a wufi Yuda no ana?” Obuaa no se, “Yiw, ɛyɛ me.”
and he went away after the man of God. And he found him sitting under a terebinth tree. And he said to him, “Are you the man of God who came from Judah?” And he responded, “I am.”
15 Afei, odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi.”
And he said to him, “Come home with me, so that you may eat bread.”
16 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha.
But he said: “I am not able to turn back, nor to go with you. Neither will I eat bread, or drink water in this place.
17 Awurade hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi aduan biara anaa wonom nsu bere a wowɔ hɔ, anaa wofa ɔkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so san wʼakyi.’”
For the Lord has spoken to me, by the word of the Lord, saying, “You shall not eat bread, and you shall not drink water in that place, nor shall you return by the way that you arrived.”
18 Odiyifo akwakoraa no buae se, “Me nso, meyɛ odiyifo sɛ wo ara. Na ɔbɔfo bi kaa Awurade asɛm kyerɛɛ me se, ‘Fa no san bra wo fi, na ommedidi na ɔnnom nsu.’” Nanso na odiyifo akwakoraa no redaadaa no.
And he said to him: “I, too, am a prophet like you. And an Angel spoke to me, by the word of the Lord, saying, ‘Lead him back with you to your house, so that he may eat bread, and drink water.’” And so he deceived him.
19 Enti Onyankopɔn nipa no ne no san kɔe, kodidi nomee wɔ ne fi.
And he led him back with him. Then he ate bread and drank water in his house.
20 Bere a wɔte didipon ho redidi no, nkra fi Awurade nkyɛn baa odiyifo akwakoraa no so.
And while they were sitting at table, the word of the Lord came to the prophet who had led him back.
21 Ɔteɛɛ mu guu Onyankopɔn nipa a ofi Yuda no so se, “Sɛɛ na Awurade ka: Woabu Awurade asɛm so, na woanni ahyɛde a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so.
And he cried out to the man of God who had arrived from Judah, saying: “Thus says the Lord: Because you were not obedient to the mouth of the Lord, and you did not keep the commandment that the Lord your God instructed to you,
22 Wosan baa ha bedii aduan, nom nsu, nanso ɔka kyerɛɛ wo se nni hwee, nnom hwee. Esiane eyi nti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom da mu.”
and you turned back, and ate bread, and drank water in the place where he commanded you that you should not eat bread, nor drink water: your dead body shall not be carried back to the sepulcher of your fathers.”
23 Na Onyankopɔn nipa no didi nom wiei no, odiyifo no hyehyɛɛ nʼafurum no maa no,
And when he had eaten and had drunk, he saddled his donkey for the prophet whom he had led back.
24 na Onyankopɔn nipa no sii kwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bekum no. Nʼamu no daa ɔkwan mu a, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho.
And when he had departed, a lion found him along the way, and it killed him, and his dead body was left upon the road. Now the donkey was standing beside him. And the lion was standing beside the dead body.
25 Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɔkwan mu a gyata no gyina ho. Enti wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifo akwakoraa no te hɔ.
And behold, men who were passing by saw the dead body lying in the road, with the lion standing beside the body. And they went and made it widely known in the city where that elderly prophet was living.
26 Bere a odiyifo akwakoraa no tee asɛm no, ɔkae se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a wanni Awurade ahyɛde so no. Awurade ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata tow hyɛɛ no so, kum no.”
And when that prophet, who had led him back from the way, had heard it, he said: “It is the man of God, who was disobedient to the mouth of the Lord. And the Lord has delivered him to the lion. And it has torn him apart and killed him, in accord with the word of the Lord, which he spoke to him.”
27 Na odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no.
And he said to his sons, “Saddle a donkey for me.” And when they had saddled it,
28 Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so.
and he had departed, he found the dead body lying on the road, with the donkey and the lion standing beside the dead body. The lion did not eat from the dead body, nor did it harm the donkey.
29 Enti odiyifo no faa Onyankopɔn nipa no amu no de no too nʼafurum no so, san de no kɔɔ kurom, kosuu no, siee no.
Then the prophet took the dead body of the man of God, and he placed it upon the donkey, and returning, he brought it into the city of the elderly prophet, so that he might mourn for him.
30 Ɔde amu no too nʼankasa ne da mu, fii awerɛhow mu, suu no se, “Ao, me nua!”
And he placed his dead body in his own sepulcher. And they mourned for him, saying: “Alas! Alas! My brother!”
31 Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Sɛ mewu a, munsie me wɔ ɔda a woasie Onyankopɔn nipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho.
And when they had mourned over him, he said to his sons: “When I will have died, bury me in the sepulcher in which the man of God was buried. Place my bones beside his bones.
32 Na asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no se ɔnka ntia afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ne abosomfi no a ɛwowɔ Samaria nkurow so no, ɛbɛba mu.”
For certainly, the word will arrive, which he predicted by the word of the Lord, against the altar, which is in Bethel, and against all the shrines of the high places, which are in the cities of Samaria.”
33 Nanso eyi akyi koraa no, Yeroboam annan ne ho amfi nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfo fi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, otumi yɛɛ ɔsɔfo wɔ abosomfi hɔ.
After these words, Jeroboam did not turn back from his very evil way. Instead, to the contrary, he made priests for the high places out of the least of the people. Whosoever was willing, he filled his hand, and he became a priest of the high places.
34 Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, maa ne fifo nyinaa wuwui.
And for this reason, the house of Jeroboam sinned, and was uprooted, and was wiped from the face of the earth.