< 1 Ahemfo 10 >

1 Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe.
And when the queen of Sheba heard of the fame of Solomon in connection with the name of the Lord, she came to prove him with riddles.
2 Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho.
And she came to Jerusalem with an exceedingly great train, with camels bearing spices, and gold in great abundance, and precious stones: and when she was come to Solomon, she spoke with him of all that was on her heart.
3 Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene.
And Solomon solved [for] her all her questions: nothing remained hidden from the king, which he did not tell her.
4 Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no,
And when the queen of Sheba saw all Solomon's wisdom, and the house that he had built,
5 ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw.
And the food of his table, and the sitting of his servants, and the attendance of his ministers, and their apparel, and his cup-bearers, and his ascent by which he went up unto the house of the Lord: there was no more spirit in her.
6 Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware!
And she said to the king, The truth only was the word that I heard in my own land of thy acts and of thy wisdom.
7 Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
And I believed not in the words, until I came, and my eyes saw [all]: and, behold, the half hath not been told me; thou excellest in wisdom and prosperity the report which I have heard.
8 Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm.
Happy are thy men, happy are these thy servants, who stand before thee continually, who hear thy wisdom.
9 Awurade, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.”
Blessed be the Lord thy God, who hath had delight in thee, to place thee on the throne of Israel; because the Lord loveth Israel for ever, therefore hath he made thee king, to do justice and righteousness.
10 Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no.
And she gave to the king one hundred and twenty talents of gold, and of spices a very great store, and precious stones: there came no more spices in such abundance as these which the queen of Sheba gave to king Solomon.
11 Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho.
And also the ship of Hiram, that fetched gold from Ophir, brought in from Ophir in great abundance sandal-wood and precious stones.
12 Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da.
And the king made of the sandal-wood a railing for the house of the Lord, and for the king's house, and harps and psalteries for the singers: there came no such sandal-wood, nor was it seen [again] until this day.
13 Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom.
And king Solomon gave unto the queen of Sheba all her pleasure, whatsoever she asked, beside what Solomon gave her of his royal bounty. So she turned about and went to her own country, she and her servants.
14 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum,
Now the weight of the gold that came to Solomon in one year was six hundred and sixty and six talents of gold,
15 a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho.
Beside [what he had] of the traveling tradesmen, and of the traffic of the merchants, and of the kings of confederate nations, and of the governors of the country.
16 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason.
And king Solomon made two hundred targets of beaten gold: six hundred shekels of gold he used for each one target.
17 Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi.
And [he made] three hundred shields of beaten gold; three manehs of gold he used for each one shield: and the king put them in the house of the forest of Lebanon.
18 Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
The king also made a great throne of ivory, and overlaid it with the best gold.
19 Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ.
The throne had six steps, and there was a round top on the throne behind; and there were arms on either side on the place of the seat, and two lions stood beside the arms.
20 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho.
And twelve lions stood there upon the six steps on both sides: there was not the like made in any other kingdom.
21 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi.
And all king Solomon's drinking-vessels were of gold, and all the vessels of the house of the forest of Lebanon were of pure gold; none were of silver; it was not valued in the days of Solomon at the least.
22 Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma.
For the king had a Tharshish-ship at sea with the ship of Hiram: once in three years the Tharshish-ship used to come home, laden with gold, and silver, ivory, and apes, and peacocks.
23 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
And king Solomon became greater than all the kings of the earth for riches and for wisdom.
24 Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi.
And [men of] all the earth sought the presence of Solomon to hear his wisdom, which God had put in his heart.
25 Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ.
And they brought every man his present, vessels of silver, and vessels of gold, and garments, and armor, and spices, horses, and mules: and so year by year.
26 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem.
And Solomon gathered together chariots and horsemen: and he had a thousand and four hundred chariots, and twelve thousand horsemen, whom he quartered in the cities for chariots, and near the king at Jerusalem.
27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so.
And the king rendered the silver in Jerusalem like stones, and the cedars he rendered like the sycamore-trees that are in the lowlands, for abundance.
28 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye.
And Solomon had horses brought out of Egypt; and a company of the king's merchants bought a quantity at a price.
29 Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo.
And a chariot-team came up and went out of Egypt for six hundred shekels of silver, and a horse for a hundred and fifty: and so for all the kings of the Hittites, and for the kings of Syria, did they bring them out by their means.

< 1 Ahemfo 10 >