< 1 Yohane 5 >

1 Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.
כל המאמין כי ישוע הוא המשיח הנה זה ילד מאלהים וכל האהב את מולידו יאהב גם את הנולד מאתו׃
2 Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛde so.
בזאת נדע כי נאהב את בני האלהים באהבתנו את האלהים ובשמרנו את מצותיו׃
3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn,
כי זאת אהבת אלהים היא אשר נשמר את מצותיו ומצותיו אינן כבדות׃
4 efisɛ Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Yɛnam yɛn gyidi so di wiase so nkonim.
כי כל הנולד מאת האלהים מנצח את העולם ואמונתנו הנצחון המנצח את העולם׃
5 Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.
מי הוא זה המנצח את העולם אם לא המאמין בישוע שהוא בן האלהים׃
6 Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom, nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ Honhom no ne nokware no.
זה הוא אשר בא במים ובדם ישוע המשיח לא במים לבד כי אם במים ובדם והרוח הוא המעיד כי הרוח הוא האמת׃
7 Nnansefo baasa na wɔwɔ hɔ.
כי שלשה המה המעידים בשמים האב הדבר ורוח הקדש ושלשתם אחד המה׃
8 Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa nnansefo yi adwene hyia.
ושלשה המה המעידים בארץ הרוח המים והדם ושלשתם לאחת המה׃
9 Yegye adanse a nnipa di no di; nanso adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho.
אם נקבל עדות בני אדם הנה עדות האלהים גדולה ממנה כי זאת היא עדות האלהים אשר העיד על בנו׃
10 Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanse yi adi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni.
המאמין בבן האלהים יש לו העדות בנפשו ואשר לא יאמין לאלהים לכזב שמהו יען לא האמין בעדות אשר העיד האלהים על בנו׃
11 Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. (aiōnios g166)
וזאת היא העדות כי חיי עולמים נתן לנו האלהים והחיים האלה בבנו המה׃ (aiōnios g166)
12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.
אשר יש לו הבן יש לו החיים ואשר אין לו בן האלהים אין לו החיים׃
13 Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
זאת כתבתי אליכם המאמינים בשם בן האלהים למען תדעון שיש לכם חיי עולם ולמען תאמינו בשם בן האלהים׃ (aiōnios g166)
14 Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn.
וזה הוא בטחוננו אליו אשר אם נשאל דבר כפי רצונו ישמענו׃
15 Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.
ומדעתנו כי ישמענו לכל אשר נשאל נדע גם זאת כי נשיג את המשאלות אשר שאלנו ממנו׃
16 Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka sɛ mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn.
איש כי יראה את אחיו חוטא חטאת אשר לא למות שאל ישאל בעדו ויתן לו חיים לכל אשר חטאו לא למות הן יש חטא למות על זה לא אמר לשאל בעדו׃
17 Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu.
כל מעשה שלא כמשפט חטא היא ויש חטא שלא למות׃
18 Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne.
ידענו כי כל הנולד מאת האלהים לא יחטא כי אשר ילד מאת האלהים ישמר את נפשו והרע לא יגע בו׃
19 Yenim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na wiasefo de wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase.
ידענו כי מאלהים אנחנו וכל העולם ברע הוא׃
20 Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahu nokware Nyankopɔn no. Ɔno ne nokware no, Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no. Ɔno ne Nyankopɔn nokwafo a ɔma daa nkwa no. (aiōnios g166)
וידענו כי בא בן אלהים ויתן לנו בינה לדעת את האמתי ובאמתי אנחנו בבנו ישוע המשיח זה הוא האל האמתי וחיי העולם׃ (aiōnios g166)
21 Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.
בני השמרו לכם מן האלילים אמן׃

< 1 Yohane 5 >