< 1 Yohane 1 >
1 Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.
Ми [звіщаємо вам] про те, що було від початку, що ми чули, що бачили власними очима, що оглядали й до чого торкалися нашими руками, – про Слово Життя.
2 Nkwa no daa ne ho adi; yɛahu na yɛadi ho adanse, na yɛka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔada no adi akyerɛ yɛn no kyerɛ mo. (aiōnios )
Життя явилося, ми Його бачили, [про Нього] свідчимо й звіщаємо вам Життя вічне, яке було з Отцем і явилося нам. (aiōnios )
3 Yɛkaa nea yehui na yɛtee no kyerɛɛ mo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne yɛn bɛyɛ adedifo wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu.
Ми проголошуємо вам те, що ми бачили й чули, щоб і ви мали спільність із нами. А наша спільність – з Отцем та Його Сином Ісусом Христом.
4 Yɛrekyerɛw eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bewie pɛyɛ.
Про це й пишемо вам, щоб наша радість була повною.
5 Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa.
Ось звістка, яку ми чули від Нього й звіщаємо вам: Бог – це світло, і в Ньому немає ніякої темряви.
6 Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu.
Якщо ми кажемо, що маємо спільність із Ним, а ходимо в темряві, то обманюємо й не перебуваємо в істині.
7 Na sɛ yɛte hann mu sɛnea ɔte hann mu no a, ɛno de na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.
А якщо ходимо у світлі, як і Він є у світлі, то маємо спільність одне з одним, і кров Ісуса, Сина Божого, очищає нас від усякого гріха.
8 Sɛ yɛka se yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu.
Якщо ми кажемо, що не маємо гріха, то вводимо себе в оману і в нас немає істини.
9 Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.
Якщо ж ми визнаємо наші гріхи, то Він простить їх та очистить нас від усякої неправедності, бо Він вірний і праведний.
10 Sɛ yɛka se yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a nʼAsɛm no nni yɛn mu.
А коли кажемо, що ми не згрішили, то робимо Його неправдомовцем, і Його Слова немає в нас.