< 1 Korintofo 9 >
1 Menne me ho ana? Menyɛ ɔsomafo ana? Minhuu Yesu yɛn Awurade ana? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu ana?
Οὐκ εἰμὶ ἐλεύθερος; οὐκ εἰμὶ ἀπόστολος; οὐχὶ Ἰησοῦν τὸν κύριον ἡμῶν ἑώρακα; οὐ τὸ ἔργον μου ὑμεῖς ἐστε ἐν κυρίῳ;
2 Na sɛ afoforo mpo nnye me nto mu sɛ ɔsomafo a, mo de, mugye me to mu saa. Sɛnea mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanse sɛ meyɛ ɔsomafo.
εἰ ἄλλοις οὐκ εἰμὶ ἀπόστολος, ἀλλά γε ὑμῖν εἰμι· ἡ γὰρ σφραγίς μου τῆς ἀποστολῆς ὑμεῖς ἐστε ἐν κυρίῳ.
3 Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɔkwan yi so na mefa yi me ho ano.
ἡ ἐμὴ ἀπολογία τοῖς ἐμὲ ἀνακρίνουσίν ἐστιν αὕτη·
4 Minni ho kwan sɛ mʼadwuma nti wɔma me aduan di ma me nsu nom ana?
μὴ οὐκ ἔχομεν ἐξουσίαν φαγεῖν καὶ πιεῖν;
5 Minni ho kwan sɛ meyɛ nea asomafo a aka no yɛe no bi, sɛnea Awurade nuanom ne Petro yɛe, na meware Okristonibea de no ka me ho tu mʼakwan yi?
μὴ οὐκ ἔχομεν ἐξουσίαν ἀδελφὴν γυναῖκα περιάγειν, ὡς καὶ οἱ λοιποὶ ἀπόστολοι καὶ οἱ ἀδελφοὶ τοῦ κυρίου καὶ Κηφᾶς;
6 Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhama?
ἢ μόνος ἐγὼ καὶ Βαρνάβας οὐκ ἔχομεν ἐξουσίαν μὴ ἐργάζεσθαι;
7 Ɔsraani bɛn na otua ɔno ankasa ne ho ka? Okuafo bɛn na onni nʼafuw mu nnɔbae bi? Oguanhwɛfo bɛn na ɔnnom ne nguan a ɔyɛn wɔn no nufusu bi?
τίς στρατεύεται ἰδίοις ὀψωνίοις ποτέ; τίς φυτεύει ἀμπελῶνα, καὶ τὸν καρπὸν αὐτοῦ οὐκ ἐσθίει; [ἢ] τίς ποιμαίνει ποίμνην, καὶ ἐκ τοῦ γάλακτος τῆς ποίμνης οὐκ ἐσθίει;
8 Ɛnsɛ sɛ miti nhwɛso a ɛwɔ yɛn abrabɔ dedaw no mu, efisɛ Mmara no ka asɛm koro no ara.
μὴ κατὰ ἄνθρωπον ταῦτα λαλῶ; ἢ καὶ ὁ νόμος ταῦτα οὐ λέγει;
9 Yɛkenkan wɔ Mose Mmara no mu se, “Sɛ wode nantwi retiatia aburow so a, nkyekyere nʼano.” Nantwi ho asɛm na ehia Onyankopɔn ana?
ἐν γὰρ τῷ Μωυσέως νόμῳ γέγραπται, Οὐ κημώσεις βοῦν ἀλοῶντα. μὴ τῶν βοῶν μέλει τῷ θεῷ;
10 Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho ana? Nokware, wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Ɛsɛ sɛ onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu.
ἢ δι᾽ ἡμᾶς πάντως λέγει; δι᾽ ἡμᾶς γὰρ ἐγράφη, ὅτι ὀφείλει ἐπ᾽ ἐλπίδι ὁ ἀροτριῶν ἀροτριᾶν, καὶ ὁ ἀλοῶν ἐπ᾽ ἐλπίδι τοῦ μετέχειν.
11 Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yenya wiase nnepa fi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo ana?
εἰ ἡμεῖς ὑμῖν τὰ πνευματικὰ ἐσπείραμεν, μέγα εἰ ἡμεῖς ὑμῶν τὰ σαρκικὰ θερίσομεν;
12 Na sɛ afoforo wɔ tumi sɛ wɔhwɛ eyinom anim fi mo nkyɛn a, so yɛn de, yenni tumi a ɛboro saa ana? Nanso yɛamfa saa tumi yi anni dwuma biara. Mmom yɛpenee biribiara so sɛnea yɛrensiw Kristo asɛmpa no ho kwan.
εἰ ἄλλοι τῆς ὑμῶν ἐξουσίας μετέχουσιν, οὐ μᾶλλον ἡμεῖς; ἀλλ᾽ οὐκ ἐχρησάμεθα τῇ ἐξουσίᾳ ταύτῃ, ἀλλὰ πάντα στέγομεν, ἵνα μή τινα ἐγκοπὴν δῶμεν τῷ εὐαγγελίῳ τοῦ χριστοῦ.
13 Munim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduan fi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka so no nso nya wɔn afɔrebɔde.
οὐκ οἴδατε ὅτι οἱ τὰ ἱερὰ ἐργαζόμενοι τὰ ἐκ τοῦ ἱεροῦ ἐσθίουσιν; οἱ τῷ θυσιαστηρίῳ παρεδρεύοντες τῷ θυσιαστηρίῳ συμμερίζονται;
14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena fi mu.
οὕτως καὶ ὁ κύριος διέταξεν τοῖς τὸ εὐαγγέλιον καταγγέλλουσιν ἐκ τοῦ εὐαγγελίου ζῆν·
15 Nanso memfaa saa kyɛfa yi mu biara nnii dwuma ɛ. Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw mprempren sɛ mobɛyɛ saa nneɛma no ama me. Ɛno de, anka medi kan awu sen sɛ mɛma obi asiw me eyi ho kwan.
ἐγὼ δὲ οὐ κέχρημαι οὐδενὶ τούτων· οὐκ ἔγραψα δὲ ταῦτα, ἵνα οὕτως γένηται ἐν ἐμοί· καλὸν γάρ μοι μᾶλλον ἀποθανεῖν, ἢ τὸ καύχημά μου οὐδεὶς κενώσει.
16 Minni tumi sɛ mɛhoahoa me ho bere a meka asɛmpa no, efisɛ ɛyɛ ɔhyɛ ma me sɛ menka. Na sɛ manka asɛmpa no a, mehu amane.
ἐὰν γὰρ εὐαγγελίζωμαι, οὐκ ἔστιν μοι καύχημα· ἀνάγκη γάρ μοι ἐπίκειται· οὐαὶ γάρ μοί ἐστιν, ἐὰν μὴ εὐαγγελίσωμαι.
17 Sɛ mifi me pɛ mu yɛ adwuma no a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so.
εἰ γὰρ ἑκὼν τοῦτο πράσσω, μισθὸν ἔχω· εἰ δὲ ἄκων, οἰκονομίαν πεπίστευμαι.
18 Ɛno de, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa kyɛfa biara nso.
τίς οὖν μού ἐστιν ὁ μισθός; ἵνα εὐαγγελιζόμενος ἀδάπανον θήσω τὸ εὐαγγέλιον, εἰς τὸ μὴ καταχρήσασθαι τῇ ἐξουσίᾳ μου ἐν τῷ εὐαγγελίῳ.
19 Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsakra akra dodow biara a metumi.
ἐλεύθερος γὰρ ὢν ἐκ πάντων, πᾶσιν ἐμαυτὸν ἐδούλωσα, ἵνα τοὺς πλείονας κερδήσω·
20 Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so, mmom na mankasa nhyɛ mmara no ase de, sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.
καὶ ἐγενόμην τοῖς Ἰουδαίοις ὡς Ἰουδαῖος, ἵνα Ἰουδαίους κερδήσω· τοῖς ὑπὸ νόμον ὡς ὑπὸ νόμον, μὴ ὢν αὐτὸς ὑπὸ νόμον, ἵνα τοὺς ὑπὸ νόμον κερδήσω·
21 Saa ara na mekɔfraa amanamanmufo mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛnea metumi atwetwe wɔn aba me nkyɛn. Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mmara so; mehyɛ Kristo mmara ase.
τοῖς ἀνόμοις ὡς ἄνομος, μὴ ὢν ἄνομος θεοῦ ἀλλ᾽ ἔννομος χριστοῦ, ἵνα κερδάνω τοὺς ἀνόμους.
22 Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛnea metumi afa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so agye wɔn mu bi nkwa.
ἐγενόμην τοῖς ἀσθενέσιν ἀσθενής, ἵνα τοὺς ἀσθενεῖς κερδήσω· τοῖς πᾶσιν γέγονα πάντα, ἵνα πάντως τινὰς σώσω.
23 Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi.
πάντα δὲ ποιῶ διὰ τὸ εὐαγγέλιον, ἵνα συγκοινωνὸς αὐτοῦ γένωμαι.
24 Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no.
οὐκ οἴδατε, ὅτι οἱ ἐν σταδίῳ τρέχοντες πάντες μὲν τρέχουσιν, εἷς δὲ λαμβάνει τὸ βραβεῖον; οὕτως τρέχετε ἵνα καταλάβητε.
25 Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa.
πᾶς δὲ ὁ ἀγωνιζόμενος πάντα ἐγκρατεύεται· ἐκεῖνοι μὲν οὖν ἵνα φθαρτὸν στέφανον λάβωσιν, ἡμεῖς δὲ ἄφθαρτον.
26 Ɛno nti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukuboni a ne kuturuku mfom no.
ἐγὼ τοίνυν οὕτως τρέχω ὡς οὐκ ἀδήλως, οὕτως πυκτεύω ὡς οὐκ ἀέρα δέρων·
27 Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.
ἀλλὰ ὑπωπιάζω μου τὸ σῶμα καὶ δουλαγωγῶ, μή πως ἄλλοις κηρύξας αὐτὸς ἀδόκιμος γένωμαι.