< 1 Korintofo 8 >

1 Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Yenim sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan na ɔdɔ ma nkɔso.
Now about things offered to images: we all seem to ourselves to have knowledge. Knowledge gives pride, but love gives true strength.
2 Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu.
If anyone seems to himself to have knowledge, so far he has not the right sort of knowledge about anything;
3 Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
But if anyone has love for God, God has knowledge of him.
4 Enti nnuan a wɔde ma ahoni sɛ wonni no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ.
So, then, as to the question of taking food offered to images, we are certain that an image is nothing in the world, and that there is no God but one.
5 Nneɛma bebree wɔ ɔsoro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom.
For though there are those who have the name of gods, in heaven or on earth, as there are a number of gods and a number of lords,
6 Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa.
There is for us only one God, the Father, of whom are all things, and we are for him; and one Lord, Jesus Christ, through whom are all things, and we have our being through him.
7 Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi.
Still, all men have not that knowledge: but some, being used till now to the image, are conscious that they are taking food which has been offered to the image; and because they are not strong in the faith, their minds are troubled.
8 Ɛnyɛ aduan a yɛadi no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduan no a, yɛntɔ sin, na sɛ yedi nso a, yɛmmoro so.
But God's approval of us is not based on the food we take: if we do not take it we are no worse for it; and if we take it we are no better.
9 Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu.
But take care that this power of yours does not give cause for trouble to the feeble.
10 Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛw wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi ana?
For if a man sees you, who have knowledge, taking food as a guest in the house of an image, will it not give him, if he is feeble, the idea that he may take food offered to images?
11 Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera?
And so, through your knowledge, you are the cause of destruction to your brother, for whom Christ underwent death.
12 Na ɛnam saa ɔkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, efisɛ wonam wɔn adwene mu mmerɛwyɛ so adaadaa wɔn.
And in this way, doing evil to the brothers, and causing trouble to those whose faith is feeble, you are sinning against Christ.
13 Enti sɛ nea midi de me nua kɔ bɔne mu a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. (aiōn g165)
For this reason, if food is a cause of trouble to my brother, I will give up taking meat for ever, so that I may not be a cause of trouble to my brother. (aiōn g165)

< 1 Korintofo 8 >