< 1 Korintofo 7 >
1 Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware.
Bet par to, ko jūs man esat rakstījuši, saku: cilvēkam ir labi, sievas neaizskart;
2 Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.
Bet lai maucība nenotiek, tad lai ikkatram ir sava sieva, un lai ikkatrai ir savs vīrs,
3 Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko.
Vīrs sievai lai parāda pienākamu mīlestību; tā arīdzan sieva vīram.
4 Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi.
Sievai nav vaļas par savu miesu, bet vīram; tā arī vīram nav vaļas par savu miesu, bet sievai.
5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so.
Neatraujaties viens otram, kā tikai vienā prātā uz kādu laiku, lai jums vaļa ir Dievu lūgt; un nāciet atkal kopā, lai sātans jūs nekārdina, kad nevarat valdīties.
6 Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom mereka no sɛ mama mo ho kwan.
To saku, atvēlēdams un ne pavēlēdams.
7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi wɔ nʼakyɛde na ɔfoforo nso wɔ nʼakyɛde.
Jo es gribētu, ka visi cilvēki tādi būtu, kā es; bet ikkatram ir sava dāvana no Dieva, vienam šāda, otram tāda.
8 Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Eye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi.
Bet es saku nelaulātiem un atraitnēm: labi tiem, ja tie paliek itin kā es.
9 Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew.
Bet ja tie nevar valdīties, tad lai iedodas laulībā: jo labāki ir iedoties laulībā, nekā degt kārībā.
10 Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ sɛ ɔbea gyaa ne kunu.
Bet laulātiem pavēlu ne es, bet Tas Kungs, lai sieva neatšķiras no vīra.
11 Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.
Un ja tā arī būtu atšķīrusies, tad tai būs palikt bez laulības, vai salīgt ar vīru; un lai vīrs neatstumj sievu.
12 Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no.
Bet tiem citiem saku es, ne Tas Kungs: ja kādam brālim ir neticīga sieva un tai ir pa prātam, dzīvot ar viņu, lai viņš to neatstumj.
13 Saa ara nso na sɛ Okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no.
Un ja sievai ir neticīgs vīrs, un tam ir pa prātam, dzīvot ar viņu, tā lai viņu neatstumj.
14 Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron.
Jo neticīgais vīrs ir svētīts caur sievu, un neticīgā sieva ir svētīta caur vīru, jo citādi jūsu bērni būtu nešķīsti, bet tagad tie ir svēti.
15 Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu.
Bet ja tas neticīgais atšķiras, tad lai tas atšķiras; tas brālis vai tā māsa šinīs lietās nav saistīti. Dievs mūs ir aicinājis uz mieru.
16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?
Jo ko tu, sieva, zini, vai tu vīru izglābsi? Jeb ko tu, vīrs, zini, vai tu sievu izglābsi?
17 Mo mu biara ntena ase wɔ tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.
Tomēr kā kuram Dievs ir piešķīris, kā kuru Tas Kungs ir aicinājis, tā lai tas staigā, un tāpat es pavēlu visās draudzēs.
18 Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia.
Jo kas ir aicināts apgraizīts, tas lai neuzvelk priekšādu; ja kas ir aicināts iekš priekšādas, tas lai netop apgraizīts.
19 Efisɛ sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so.
Apgraizīšana nav nekas, un priekšāda nav nekas, bet Dieva baušļu turēšana.
20 Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.
Kā kurš ir aicināts, tā lai viņš paliek.
21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so.
Ja tu kalps būdams esi aicināts, nebēdā par to; bet ja tu vari tapt svabads, tad to jo labāki pieņem.
22 Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa.
Ja kas iekš Tā Kunga ir aicināts, kalps būdams, tas ir Tā Kunga svabadnieks; tāpat arīdzan, kas svabadnieks būdams, ir aicināts, tas ir Kristus kalps.
23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa.
Jūs esat dārgi atpirkti; netopiet cilvēku kalpi.
24 Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.
Ikkatram, brāļi, kā tas ir aicināts, tā tam būs palikt pie Dieva.
25 Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu.
Bet par tām meitām man nav Tā Kunga pavēles; bet padomu dodu, kā no Tā Kunga žēlastību dabūjis, ka esmu uzticīgs.
26 Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw sɛ eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara.
Tad nu man šķiet, tā esam labi tagadēja bēdu laika dēļ, ka cilvēkam labi, tāpat palikt.
27 Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree ana? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere.
Ja esi saderēts ar sievu, tad nemeklē atlaišanu; ja esi vaļā no sievas, tad nemeklē sievu.
28 Nanso sɛ woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. Sɛ ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ sɛ mobɛkwati saa ɔhaw no.
Bet ja arī būsi laulībā iedevies, tad neesi grēkojis, un ja meita būs laulībā iedevusies, tad tā nav grēkojusi; bet tādiem pie miesas būs bēdas, bet es jūs gribētu saudzēt.
29 Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da;
Bet to es saku, brāļi, tas laiks ir īss; tāpēc nu tie, kam sievas, lai ir, tā kā kad tiem nebūtu;
30 wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de;
Un tie, kas raud, lai ir kā kas neraud; un kas priecājās, kā kas nepriecājās, un kas pērk, kā kas to nepatur:
31 wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ.
Un kas šo pasauli lieto, kā kas to nelieto; jo šīs pasaules būšana paiet.
32 Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no;
Bet es gribu, ka jūs esat bez zūdīšanās. Kas nelaulāts, tas rūpējās par Tā Kunga lietām, kā tas Tam Kungam var patikt;
33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani,
Bet kas laulāts, tas rūpējās par pasaules lietām, kā tas sievai var patikt.
34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.
Tāda pat starpība ir starp sievu un meitu: tā nelaulātā rūpējās par Tā Kunga lietām, ka tā svēta būtu miesā un garā; bet tā laulātā rūpējās par pasaules lietām, kā tā vīram var patikt.
35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.
Un to es saku jums pašiem par labu: ne, ka gribētu jums apmest valgu, bet ka jūs godīgi dzīvojiet un pie Tā Kunga turaties bez mitēšanās.
36 Sɛ ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware sɛ ontumi nyɛ nʼasɛde, na sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho.
Bet ja kam šķiet, ka viņa meitai, kas pāri par gadiem, tas nepieklājoties, un ja tam tā vajag notikt, tad lai dara, ko gribēdams; viņš negrēko: lai tā laulībā iedodas.
37 Nanso eye mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware.
Bet kas ir pastāvīgs savā sirdī, un kam vajadzības nav, bet ir vaļa, pēc sava paša prāta darīt, un to savā sirdī ir apņēmies, savu meitu paturēt nelaulātu, - tas dara labi.
38 Eye sɛ ɔbarima ware de, nanso sɛ anka wanware koraa a na eye.
Tad nu, kas laulībā izdod, tas dara labi, un kas laulībā neizdod, tas dara labāki.
39 Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware.
Sieva caur bauslību ir sieta, kamēr viņas vīrs dzīvs; bet kad viņas vīrs ir miris, tad tai ir vaļa precēt kuru grib, tikai iekš Tā Kunga.
40 Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso mewɔ Onyame Honhom.
Bet viņa ir jo svētīga, ja viņa tāpat paliek, pēc mana padoma; bet man šķiet, ka man arīdzan ir Dieva Gars.