< 1 Korintofo 6 >
1 Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn, na monkɔ Awurade nkurɔfo hɔ mmom?
Dare any of you, having a matter against his neighbour, go to law before the unrighteous, and not before the holy ones?
2 Munnim sɛ atreneefo na wobebu wiase atɛn? Na sɛ ɛsɛ sɛ mo na mubu wiase atɛn a, muntumi mmu atɛn wɔ nsɛm nketenkete ho?
Don’t you know that the holy ones will judge the world? And if the world is judged by you, are you unworthy to judge the smallest matters?
3 Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma ho atɛn?
Don’t you know that we will judge angels? How much more, things that pertain to this life?
4 Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie?
If then you have to judge things pertaining to this life, do you set them to judge who are of no account in the assembly?
5 Ɛyɛ animguase ma no! Minim yiye sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi wɔ mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm.
I say this to move you to shame. Isn’t there even one wise man amongst you who would be able to decide between his brothers?
6 Eye sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so anaasɛ onua de onua bɛkɔ asennii ama wɔn a wonni gyidi adi abua wɔn asɛm?
But brother goes to law with brother, and that before unbelievers!
7 Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii no kyerɛ sɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye sɛ obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom.
Therefore it is already altogether a defect in you that you have lawsuits one with another. Why not rather be wronged? Why not rather be defrauded?
8 Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.
No, but you yourselves do wrong and defraud, and that against your brothers.
9 Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da,
Or don’t you know that the unrighteous will not inherit God’s Kingdom? Don’t be deceived. Neither the sexually immoral, nor idolaters, nor adulterers, nor male prostitutes, nor homosexuals,
10 anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.
nor thieves, nor covetous, nor drunkards, nor slanderers, nor extortionists, will inherit God’s Kingdom.
11 Na anka mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.
Some of you were such, but you were washed. You were sanctified. You were justified in the name of the Lord Yeshua, and in the Spirit of our God.
12 Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ.” Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa.
“All things are lawful for me,” but not all things are expedient. “All things are lawful for me,” but I will not be brought under the power of anything.
13 Obi foforo nso bɛka se, “Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan.” Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
“Foods for the belly, and the belly for foods,” but God will bring to nothing both it and them. But the body is not for sexual immorality, but for the Lord, and the Lord for the body.
14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu.
Now God raised up the Lord, and will also raise us up by his power.
15 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da.
Don’t you know that your bodies are members of Messiah? Shall I then take the members of Messiah and make them members of a prostitute? May it never be!
16 Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro.”
Or don’t you know that he who is joined to a prostitute is one body? For, “The two”, he says, “will become one flesh.”
17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
But he who is joined to the Lord is one spirit.
18 Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua.
Flee sexual immorality! “Every sin that a man does is outside the body,” but he who commits sexual immorality sins against his own body.
19 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho;
Or don’t you know that your body is a temple of the Holy Spirit who is in you, whom you have from God? You are not your own,
20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.
for you were bought with a price. Therefore glorify God in your body and in your spirit, which are God’s.