< 1 Korintofo 4 >

1 Ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokware no ahyɛ yɛn nsa.
人应当以我们为基督的执事,为 神奥秘事的管家。
2 Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware.
所求于管家的,是要他有忠心。
3 Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a, ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn.
我被你们论断,或被别人论断,我都以为极小的事;连我自己也不论断自己。
4 Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn.
我虽不觉得自己有错,却也不能因此得以称义;但判断我的乃是主。
5 Enti ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kosi sɛ bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw wɔ sum mu no adi na wada nea ahintaw wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na onipa biara anya nʼayeyi afi Onyankopɔn hɔ.
所以,时候未到,什么都不要论断,只等主来,他要照出暗中的隐情,显明人心的意念。那时,各人要从 神那里得着称赞。
6 Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta.
弟兄们,我为你们的缘故,拿这些事转比自己和亚波罗,叫你们效法我们不可过于圣经所记,免得你们自高自大,贵重这个,轻看那个。
7 Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde?
使你与人不同的是谁呢?你有什么不是领受的呢?若是领受的,为何自夸,仿佛不是领受的呢?
8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho.
你们已经饱足了!已经丰富了!不用我们,自己就作王了!我愿意你们果真作王,叫我们也得与你们一同作王。
9 Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ.
我想 神把我们使徒明明列在末后,好像定死罪的囚犯;因为我们成了一台戏,给世人和天使观看。
10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo.
我们为基督的缘故算是愚拙的,你们在基督里倒是聪明的;我们软弱,你们倒强壮;你们有荣耀,我们倒被藐视。
11 Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena;
直到如今,我们还是又饥又渴,又赤身露体,又挨打,又没有一定的住处,
12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano.
并且劳苦,亲手做工。被人咒骂,我们就祝福;被人逼迫,我们就忍受;
13 Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ.
被人毁谤,我们就善劝。直到如今,人还把我们看作世界上的污秽,万物中的渣滓。
14 Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn.
我写这话,不是叫你们羞愧,乃是警戒你们,好像我所亲爱的儿女一样。
15 Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya.
你们学基督的,师傅虽有一万,为父的却是不多,因我在基督耶稣里用福音生了你们。
16 Mesrɛ mo sɛ munsuasua me.
所以,我求你们效法我。
17 Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu.
因此我已打发提摩太到你们那里去。他在主里面,是我所亲爱、有忠心的儿子。他必提醒你们,记念我在基督里怎样行事,在各处各教会中怎样教导人。
18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo.
有些人自高自大,以为我不到你们那里去;
19 Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no.
然而,主若许我,我必快到你们那里去,并且我所要知道的,不是那些自高自大之人的言语,乃是他们的权能。
20 Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.
因为 神的国不在乎言语,乃在乎权能。
21 Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn?
你们愿意怎么样呢?是愿意我带着刑杖到你们那里去呢?还是要我存慈爱温柔的心呢?

< 1 Korintofo 4 >