< 1 Korintofo 3 >

1 Nokware, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefo a wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi.
Brothers, I couldn’t speak to you as to spiritual, but as to fleshly, as to babies in Christ.
2 Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ na enye mma mo. Na mprempren ara mpo enye mma mo,
I fed you with milk, not with solid food, for you weren’t yet ready. Indeed, you aren’t ready even now,
3 efisɛ moda so te hɔ sɛ wiasefo. Sɛ anibere wɔ mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, so ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefo a mote hɔ ma wiase?
for you are still fleshly. For insofar as there is jealousy, strife, and factions amongst you, aren’t you fleshly, and don’t you walk in the ways of men?
4 Sɛ obi ka se, “Me de, midi Paulo akyi” na ɔfoforo nso ka se, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefo ana?
For when one says, “I follow Paul,” and another, “I follow Apollos,” aren’t you fleshly?
5 Mibisa se Apolo yɛ hena? Na Paulo nso yɛ hena? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.
Who then is Apollos, and who is Paul, but servants through whom you believed, and each as the Lord gave to him?
6 Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii.
I planted. Apollos watered. But God gave the increase.
7 Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii.
So then neither he who plants is anything, nor he who waters, but God who gives the increase.
8 Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu no ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade.
Now he who plants and he who waters are the same, but each will receive his own reward according to his own labour.
9 Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan.
For we are God’s fellow workers. You are God’s farming, God’s building.
10 Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so yɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem na onipa foforo nso resi atoa so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɔkwan pa so si.
According to the grace of God which was given to me, as a wise master builder I laid a foundation, and another builds on it. But let each man be careful how he builds on it.
11 Efisɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɔdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforo biara bio.
For no one can lay any other foundation than that which has been laid, which is Jesus Christ.
12 Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden abo na ebesi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforo nso de nnua anaa sare anaa baamu.
But if anyone builds on the foundation with gold, silver, costly stones, wood, hay, or straw,
13 Obiara dwuma a odii no bɛda adi da no; da no gya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahu dwuma ko no ye a eye.
each man’s work will be revealed. For the Day will declare it, because it is revealed in fire; and the fire itself will test what sort of work each man’s work is.
14 Sɛ nea onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ebenya akatua.
If any man’s work remains which he built on it, he will receive a reward.
15 Na sɛ obi adwuma hyew wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa sɛ obi a waguan afi gyaframa mu.
If any man’s work is burnt, he will suffer loss, but he himself will be saved, but as through fire.
16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana?
Don’t you know that you are God’s temple and that God’s Spirit lives in you?
17 Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no.
If anyone destroys God’s temple, God will destroy him; for God’s temple is holy, which you are.
18 Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo. (aiōn g165)
Let no one deceive himself. If anyone thinks that he is wise amongst you in this world, let him become a fool that he may become wise. (aiōn g165)
19 Efisɛ nea wiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anitew mu.”
For the wisdom of this world is foolishness with God. For it is written, “He has taken the wise in their craftiness.”
20 Bio, Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade nim onipa nsusuwii. Onim sɛ enkosi hwee.”
And again, “The Lord knows the reasoning of the wise, that it is worthless.”
21 Enti ɛnsɛ sɛ obiara de nea onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea.
Therefore let no one boast in men. For all things are yours,
22 Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owu, nnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea,
whether Paul, or Apollos, or Cephas, or the world, or life, or death, or things present, or things to come. All are yours,
23 na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.
and you are Christ’s, and Christ is God’s.

< 1 Korintofo 3 >