< 1 Korintofo 2 >

1 Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so.
ⲁ̅ⲟⲩⲟϩ ⳿ⲁⲛⲟⲕ ϩⲱ ⲉⲧⲁⲓ⳿ⲓ ϩⲁⲣⲱⲧⲉⲛ ⲛⲁ⳿ⲥⲛⲏⲟⲩ ⲛⲉⲧⲁⲓ⳿ⲓ ⲁⲛ ⲕⲁⲧⲁ ⲟⲩϭⲓⲥⲓ ⳿ⲛⲧⲉ ⲟⲩⲥⲁϫⲓ ⲓⲉ ⲟⲩⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⲉⲓⲧⲁⲙⲟ ⳿ⲙⲙⲱⲧⲉⲛ ⳿ⲉⲡⲓⲙⲩⲥⲧⲏⲣⲓⲟⲛ ⳿ⲛⲧⲉ ⲫϯ.
2 Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no.
ⲃ̅⳿ⲙⲡⲓϯϩⲁⲡ ⲅⲁⲣ ⳿ⲉ⳿ⲉⲙⲓ ⳿⳿ⲛ⳿ϩⲗⲓ ϧⲉⲛ ⲑⲏⲛⲟⲩ ⳿ⲉⲃⲏⲗ ⳿ⲉⲒⲏ̅ⲥ̅ Ⲡⲭ̅ⲥ̅ ⲟⲩⲟϩ ⲫⲁⲓ ⳿ⲉⲁⲩⲁϣϥ.
3 Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me.
ⲅ̅⳿ⲁⲛⲟⲕ ϩⲱ ϧⲉⲛ ⲟⲩⲙⲉⲧⲁⲥⲑⲉⲛⲏⲥ ⲛⲉⲙ ⲟⲩϩⲟϯ ⲛⲉⲙ ⲟⲩ⳿ⲥⲑⲉⲣⲧⲉⲣ ⳿ⲉⲛⲁϣⲱϥ ⲁⲓ⳿ⲓ ϩⲁⲣⲱⲧⲉⲛ.
4 Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi.
ⲇ̅ⲟⲩⲟϩ ⲡⲁⲥⲁϫⲓ ⲛⲉⲙ ⲡⲁϩⲓⲱⲓϣ ⲛⲁϥϧⲉⲛ ϩⲁⲛⲑⲱⲧ ⳿ⲛϩⲏⲧ ⲁⲛ ⳿ⲛⲧⲉ ϩⲁⲛⲥⲁϫⲓ ⳿ⲛⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⳿ⲛⲣⲱⲙⲓ ⲁⲗⲗⲁ ϧⲉⲛ ⲟⲩⲱⲛϩ ⳿ⲉⲃⲟⲗ ⳿ⲛⲧⲉ ⲟⲩⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲛⲉⲙ ⲟⲩϫⲟⲙ.
5 Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so.
ⲉ̅ϩⲓⲛⲁ ⲡⲉⲧⲉⲛⲛⲁϩϯ ⳿ⲛⲧⲉϥ⳿ϣⲧⲉⲙϣⲱⲡⲓ ϧⲉⲛ ⲟⲩⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⳿ⲛⲣⲱⲙⲓ ⲁⲗⲗⲁ ϧⲉⲛ ⲟⲩϫⲟⲙ ⳿ⲛⲧⲉ ⲫϯ.
6 Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. (aiōn g165)
ⲋ̅ⲟⲩⲥⲟⲫⲓⲁ ⲇⲉ ⲡⲉⲧⲉⲛⲥⲁϫⲓ ⳿ⲙⲙⲟⲥ ϧⲉⲛ ⲛⲏ ⲉⲧϫⲏⲕ ⳿ⲉⲃⲟⲗ ⲟⲩⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⲇⲉ ⳿ⲛⲑⲁ ⲡⲁⲓⲉⲛⲉϩ ⲁⲛ ⲧⲉ ⲟⲩⲇⲉ ⳿ⲛⲑⲁ ⲛⲓⲁⲣⲭⲱⲛ ⲁⲛ ⳿ⲛⲧⲉ ⲡⲁⲓⲉⲛⲉϩ ⲛⲁⲓ ⲉⲑⲛⲁⲕⲱⲣϥ. (aiōn g165)
7 Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. (aiōn g165)
ⲍ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲟⲩⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⳿ⲛⲧⲉ ⲫϯ ⲉⲧⲉⲛⲥⲁϫⲓ ⳿ⲙⲙⲟⲥ ϧⲉⲛ ⲟⲩⲙⲩⲥⲧⲏⲣⲓⲟⲛ ⲑⲏⲉⲧϩⲏⲡ ⲑⲏ - ⲉⲧⲁϥⲉⲣϣⲟⲣⲡ ⳿ⲛⲑⲁϣⲥ ⳿ⲛϫⲉ ⲫϯ ϧⲁϫⲱⲟⲩ ⳿ⲛⲛⲓⲉⲛⲉϩ ⳿ⲉⲟⲩⲱⲟⲩ ⲛⲁⲛ. (aiōn g165)
8 Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. (aiōn g165)
ⲏ̅ⲑⲏ⳿ⲉⲧⲉ ⳿ⲙⲡⲉ ⳿ϩⲗⲓ ⳿ⲛⲛⲓⲁⲣⲭⲱⲛ ⳿ⲛⲧⲉ ⲡⲁⲓⲉⲛⲉϩ ⲥⲟⲩⲱⲛⲥ ⳿ⲉⲛⲉ ⲁⲩⲥⲟⲩⲱⲛⲥ ⲅⲁⲣ ⲛⲁⲩⲛⲁⲉϣ Ⲡ⳪ ⳿ⲛⲧⲉ ⳿ⲡⲱⲟⲩ ⲁⲛ ⲡⲉ. (aiōn g165)
9 Kyerɛwsɛm no ka se, “Nea onipa biara anhu na wante da, nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.”
ⲑ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲕⲁⲧⲁ ⳿ⲫⲣⲏϯ ⲉⲧ⳿ⲥϧⲏⲟⲩⲧ ϫⲉ ⲛⲏ⳿ⲉⲧⲉ ⳿ⲙⲡⲉ ⲃⲁⲗ ⲛⲁⲩ ⳿ⲉⲣⲱⲟⲩ ⲟⲩⲇⲉ ⳿ⲙⲡⲉ ⲙⲁϣϫ ⲥⲟⲑⲙⲟⲩ ⲟⲩⲇⲉ ⳿ⲙⲡⲟⲩϣⲉ ⳿ⲉ⳿ϩⲣⲏⲓ ⳿ⲉϫⲉⲛ ⳿ⲡϩⲏⲧ ⳿ⲛⲣⲱⲙⲓ ⲛⲏⲉⲧⲁ ⲫϯ ⲥⲉⲃⲧⲱⲧⲟⲩ ⳿ⲛⲛⲏ ⲉⲑⲛⲁⲙⲉⲛⲣⲓⲧϥ.
10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so.
ⲓ̅⳿ⲁⲛⲟⲛ ⲅⲁⲣ ⲁϥϭⲟⲣⲡⲟⲩ ⲛⲁⲛ ⳿ⲉⲃⲟⲗ ⳿ⲛϫⲉ ⲫϯ ⳿ⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲉⲛ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲅⲁⲣ ⳿ϥϧⲟⲧϧⲉⲧ ⳿ⲛⲉⲛⲭⲁⲓ ⲛⲓⲃⲉⲛ ⲛⲉⲙ ⲛⲏⲉⲧϣⲏⲕ ⳿ⲛⲧⲉ ⲫϯ.
11 Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa.
ⲓ̅ⲁ̅ⲛⲓⲙ ⲅⲁⲣ ϧⲉⲛ ⲛⲓⲣⲱⲙⲓ ⲉⲧⲥⲱⲟⲩⲛ ⳿ⲛⲛⲁ ⲡⲓⲣⲱⲙⲓ ⳿ⲉⲃⲏⲗ ⳿ⲉⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⳿ⲛⲧⲉ ⲡⲓⲣⲱⲙⲓ ⲉⲧϣⲟⲡ ⳿ⲛϧⲏⲧϥ ⲡⲁⲓⲣⲏϯ ⲟⲛ ⲛⲁ ⲫϯ ⳿ⲙⲡⲉ ⳿ϩⲗⲓ ⳿ⲉⲙⲓ ⳿ⲉⲣⲱⲟⲩ ⳿ⲉⲃⲏⲗ ⳿ⲉⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⳿ⲛⲧⲉ ⲫϯ.
12 Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa.
ⲓ̅ⲃ̅⳿ⲁⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⳿ⲛⲧⲉ ⲡⲁⲓⲕⲟⲥⲙⲟⲥ ⲁⲛ ⲡⲉⲧⲁⲛϭⲓⲧϥ ⲁⲗⲗⲁ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲡⲓ⳿ⲉⲃⲟⲗ ϧⲉⲛ ⲫϯ ϩⲓⲛⲁ ⳿ⲛⲧⲉⲛ⳿ⲉⲙⲓ ⳿ⲉⲛⲏⲉⲧⲁ ⲫϯ ⲧⲏⲓⲧⲟⲩ ⲛⲁⲛ ⳿ⲛ⳿ϩⲙⲟⲧ.
13 Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no.
ⲓ̅ⲅ̅ⲉⲧⲉ ⲛⲁⲓ ⲛⲉ ⲉⲧⲉⲛⲥⲁϫⲓ ⳿ⲙⲙⲱⲟⲩ ϧⲉⲛ ϩⲁⲛⲙⲉⲧⲣⲉϥϯ⳿ⲥⲃⲱ ⳿ⲛⲛⲓⲣⲱⲙⲓ ⲁⲛ ⳿ⲛⲧⲉ ϩⲁⲛⲥⲁϫⲓ ⳿ⲛⲥⲟⲫⲓ⳿ⲁ ⲁⲗⲗⲁ ϧⲉⲛ ϩⲁⲛⲙⲉⲧⲣⲉϥϯ ⳿ⲥⲃⲱ ⳿ⲛⲧⲉ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲉⲛⲉⲣⲥⲩⲛ⳿ⲕⲣⲓⲛⲓⲛ ⳿ⲛϩⲁⲛⲡⲛ̅ⲁ̅ⲧⲓⲕⲟⲛ ⳿ⲛⲛⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ⲧⲓⲕⲟⲛ.
14 Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ.
ⲓ̅ⲇ̅ⲡⲓⲯⲩⲭⲓⲕⲟⲥ ⲇⲉ ⳿ⲛⲣⲱⲙⲓ ⳿ⲙⲡⲁϥϣⲉⲡ ⲛⲁ ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ ⲫϯ ⳿ⲉⲣⲟϥ ⲟⲩⲙⲉⲧⲥⲟϫ ⲅⲁⲣ ⲛⲁϥ ⲡⲉ ⲟⲩⲟϩ ⳿ⲙⲙⲟⲛ ⳿ϣϫⲟⲙ ⳿ⲙⲙⲟϥ ⳿ⲉ⳿ⲉⲙⲓ ϫⲉ ⲁⲩϧⲟⲧϧⲉⲧ ⳿ⲙⲙⲟϥ ⲡⲛ̅ⲁ̅ⲧⲓⲕⲟⲥ.
15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn.
ⲓ̅ⲉ̅ⲡⲓⲡⲛ̅ⲁ̅ⲧⲓⲕⲱⲥ ⲇⲉ ⳿ⲛⲑⲟϥ ϣⲁϥϧⲉⲧϧⲉⲧ ⳿ⲛⲉⲛⲭⲁⲓ ⲛⲓⲃⲉⲛ ⳿ⲛⲑⲟϥ ⲇⲉ ⳿ⲙⲡⲁⲣⲉ ⳿ϩⲗⲓ ⳿ϣϧⲉⲧϧⲱⲧϥ.
16 Kyerɛwsɛm no ka se, “Hena na onim Awurade adwene? Hena na obetumi atu no fo?” Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi.
ⲓ̅ⲋ̅ⲛⲓⲙ ⲅⲁⲣ ⲡⲉⲧⲁϥ⳿ⲉⲙⲓ ⳿ⲉ⳿ⲡϩⲏⲧ ⳿ⲙⲠ⳪ ⳿ⲙⲙⲟⲛ ⲛⲓⲙ ⲉⲑⲛⲁ⳿ϣⲧⲥⲁⲃⲟϥ ⳿ⲁⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⳿ⲡϩⲏⲧ ⳿ⲙⲠⲭ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲧⲉⲙⲙⲟⲛ.

< 1 Korintofo 2 >