< 1 Korintofo 16 >
1 Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi.
Wu ziza'a nitu tere wu sere kpe wu zo bi hwu tere Rji wa me tere ni Ikilisiyoyi ni Galatiya, Anaki bi ti.
2 Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow.
Ni ve wu mumla wu sati, du bi ka kpe zi, ni zi nibubu wubi ma wagbeble bi ni kai. Bita tei naki iton wa metaye ana wa bila tere bi shu kpi ni tei na.
3 Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem.
Wuton wa me taye, me tindu ni du ni bi wa bi kpa ye ni ba nha ni bawu ni duba gni sakon bi hi ni Urushilima.
4 Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.
Wu anita bi wu meme me he game, wu baka wu me.
5 Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ.
Wu me taye niyi me zu ni mece donia. Du naki me zu ni mace donia.
6 Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ.
Ani tabi me son niyi, me wuton wu suyi ni duyi zo me nit zeryi ni du wuzhi wa me zu.
7 Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ.
Wu me na son me to yi ziza'a na me ka si hi mu. me yo sur mena hei niton mekuson niyi. Irji ni ta kpa yeme.
8 Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no.
Me sar ku kri ni afisus nive wu fentikos.
9 Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.
Ikon bwu ni mu bar wubilo shishi nime ba bar (bi karme bar).
10 Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara.
Wu ton wa Timoti ni taye bi ka du ka kpa le niyi indu Rji ani tei na wo ime me me se tei.
11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim.
Du ri na kpa a zir na. Za ni konmu wu bima ni se sur, wa har ka ye ni me. Du me son du bi tzir baba mir vayi ba.
12 Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba.
Wuni tu vayi mbu Afolos, me yo sur mu du ziyarce ni yi ni bru miri vayi, wu ana yo sur wuye ziza'a rina. u ton ni ta yi ani ye
13 Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden.
Mla ya ni son gbangban ni bangaskiya ni son, ison wu lulo, ni tsar gbengle suron.
14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
Du kpe wa bi tei, bi katei ni kpayembi.
15 Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom,
Wuni tere wu in ndi biko site fan as, baba yi ba kuci kpa Rji ni akaya, wuba yo tumba ni yi hidima ni biwa ba kpa Rji. Ziza'a me bre yi miri ya.
16 sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no.
Bika yi biyayya ni iri ndi biyi ni du biwa ba zo nimi ndu wani fama nita.
17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan
Me gir ni ye sitefan as, ni furtunatas ni Akai kas, Bazo me ka wu na hei na.
18 na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.
Wu baka wartsaka ni ruhu mu ni wubi wa naki bika mla inoli biki tei.
19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo. Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo.
Du ikilisiyoyi bi Asia ba turici ba niyiwu. Aquila mba Pricilla ba ciyi ni de Rji, ni ikilisiya wa ha hei niwu ni miko mba.
20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo. Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.
Du mini vayi ba ciyi ci kpambi sumba maitsarki.
21 Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo.
Ime Bulus, me han wayi ni womu.
22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”
Du ndi wa ana kpaye meni Rji na ani hei ndi La'anane. Du Rji mbu ye.
23 Awurade Yesu adom mmra mo so.
Du Alheri Baci Yesu du son ni yi.
24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.
Du kpayem mu du son ni yi wawu ni minde Baci Yesu [Amin]