< 1 Korintofo 15 >

1 Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho.
Next, friends, I would like to remind you of the good news which I told you, and which you received – the good news on which you have taken your stand,
2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni.
and by means of which you are being saved. I would like to remind you of the words that I used in telling it to you, since you are still holding fast to it, and since it was not in vain that you became believers in Christ.
3 Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se
For at the very beginning of my teaching I gave you the account which I had myself received – that Christ died for our sins (as the scriptures had foretold),
4 wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no,
that he was buried, that on the third day he was raised (as the scriptures had foretold),
5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa.
and that he appeared to Cephas, and then to the Twelve.
6 Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu.
After that, he appeared to more than five hundred of his followers at one time, most of whom are still alive, though some have gone to their rest.
7 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa.
After that, he appeared to James, and then to all the apostles.
8 Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.
Last of all, he appeared even to me, who am, as it were, a miscarried baby – born untimely.
9 Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo.
For I am the least of the apostles, I who am unworthy of the name of ‘apostle,’ because I persecuted the church of God.
10 Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.
But it is through the love of God that I am what I am, and the love that he showed me has not been wasted. No, I have toiled harder than any of them, and yet it was not I, but the love of God working with me.
11 Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di.
Whether, then, it was I or whether it was they, this we proclaim, and this you believed.
12 Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre?
Now, if it is proclaimed of Christ that he has been raised from the dead, how is it that some of you say that there is no such thing as a resurrection of the dead?
13 Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu.
But, if there is no such thing as a resurrection of the dead, then even Christ has not been raised;
14 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi.
and, if Christ has not been raised, then our proclamation is without meaning, and our faith without meaning also!
15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu.
Yes, and we are being proved to have borne false testimony about God; for we testified of God that he raised the Christ, whom he did not raise, if, indeed, the dead do not rise!
16 Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre.
For, if the dead do not rise, then even Christ himself has not been raised,
17 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu.
and, if Christ has not been raised, your faith is folly – your sins are on you still!
18 Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera.
Yes, and they, who have passed to their rest in union with Christ, perished!
19 Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha.
If all that we have done has been to place our hope in Christ for this life, then we of all people are the most to be pitied.
20 Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre.
But, in truth, Christ has been raised from the dead, the first-fruits of those who are at rest.
21 Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba.
For, since through a man there is death, so, too, through a man there is a resurrection of the dead.
22 Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa.
For, as through union with Adam all die, so through union with the Christ will all be made to live.
23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi.
But each in their proper order – Christ the first-fruits; afterward, at his coming, those who belong to the Christ.
24 Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no.
Then will come the end – when he surrenders the kingdom to his God and Father, having overthrown all other rule and all other authority and power.
25 Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase.
For he must reign until God ‘has put all his enemies under his feet.’
26 Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu.
The last enemy to be overthrown is death;
27 Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase.
for God has placed all things under Christ’s feet. (But, when it is said that all things have been placed under Christ, it is plain that God is excepted who placed everything under him.)
28 Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
And, when everything has been placed under him, the Son will place himself under God who placed everything under him, so that God may be all in all!
29 Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu?
Again, what good will they be doing who are baptized on behalf of the dead? If it is true that the dead do not rise, why are people baptized on their behalf?
30 Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu?
Why, too, do we risk our lives every hour?
31 Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi.
Daily I face death – I swear it, friends, by the pride in you that I feel through my union with Christ Jesus, our Lord.
32 Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no.
If with only human hopes I had fought in the arena at Ephesus, what should I have gained by it? If the dead do not rise, then let us eat and drink, for tomorrow we will die!
33 “Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.”
Do not be deceived. ‘Good character is marred by evil company.’
34 Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn.
Wake up to a righteous life, and cease to sin. There are some who have no true knowledge of God. I speak in this way to shame you.
35 Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔde nipaduasu bɛn na ɛbɛba?”
Someone, however, may ask ‘How do the dead rise? And in what body will they come?’
36 Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi.
You foolish person! The seed you yourself sow does not come to life, unless it dies!
37 Na nea wodua wɔ fam no yɛ aba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɔmo aba anaa aba foforo a ɛnyɛ afifide no a wɔatu atɛw a, ebenyin.
And when you sow, you sow not the body that will be, but a mere grain – perhaps of wheat, or something else.
38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no.
God gives it the body that he pleases – to each seed its special body.
39 Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de na nsumnam nso wɔ wɔn de.
All forms of life are not the same; there is one for people, another for beasts, another for birds, and another for fish.
40 Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua.
There are heavenly bodies, and earthly bodies; but the beauty of the heavenly bodies is not the beauty of the earthly.
41 Owia wɔ nʼankasa ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛsu ahorow.
There is a beauty of the sun, and a beauty of the moon, and a beauty of the stars; for even star differs from star in beauty.
42 Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw.
It is the same with the resurrection of the dead. Sown a mortal body, it rises immortal; sown disfigured, it rises beautiful;
43 Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden.
sown weak, it rises strong; sown a human body, it rises a spiritual body.
44 Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam, na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ.
As surely as there is a human body, there is also a spiritual body.
45 Kyerɛwsɛm no ka se, “Na Adam a odi kan no yɛ onipa teasefo” nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa.
That is what is meant by the words – ‘Adam, the first man, became a human being’; the last Adam became a life-giving spirit.
46 Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa wɔ nea okura honam fam nipadua no akyi.
That which comes first is not the spiritual, but the human; afterward comes the spiritual;
47 Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro.
the first man was from the dust of the earth; the second man from heaven.
48 Wɔn a wɔte asase so no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wofi ɔsoro.
Those who are of the dust are like him who came from the dust; and those who are of heaven are like him who came from heaven.
49 Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi ɔsoro no.
And as we have borne the likeness of him who came from the dust, so let us bear the likeness of him who came from heaven.
50 Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ.
This I say, friends – Flesh and blood can have no share in the kingdom of God, nor can the perishable share the imperishable.
51 Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa;
Listen, I will tell you God’s hidden purpose! We will not all have passed to our rest, but we will all be transformed – in a moment, in the twinkling of an eye,
52 sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra.
at the last trumpet-call; for the trumpet will sound, and the dead will rise immortal, and we, also, will be transformed.
53 Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho.
For this perishable body of ours must put on an imperishable form, and this dying body a deathless form.
54 Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!”
And, when this dying body has put on its deathless form, then indeed will the words of scripture come true –
55 “Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?” (Hadēs g86)
‘death has been swallowed up in victory! Where, Death, is your victory? Where, death, is your sting?’ (Hadēs g86)
56 Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu.
It is sin that gives death its sting, and it is the Law that gives sin its power.
57 Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!
But thanks be to God, who gives us the victory, through Jesus Christ, our Lord.
58 Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.
Therefore, my dear friends, stand firm, unshaken, always diligent in the Lord’s work, for you know that, in union with him, your toil is not in vain.

< 1 Korintofo 15 >