< 1 Korintofo 14 >
1 Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma mpere nhwehwɛ Honhom akyɛde no, ne titiriw no nkɔmhyɛ.
Pursue the love, and seek earnestly the spiritual things, and rather that ye may prophecy,
2 Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm.
for he who is speaking in an [unknown] tongue — to men he doth not speak, but to God, for no one doth hearken, and in spirit he doth speak secrets;
3 Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ.
and he who is prophesying to men doth speak edification, and exhortation, and comfort;
4 Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa.
he who is speaking in an [unknown] tongue, himself doth edify, and he who is prophesying, an assembly doth edify;
5 Ɛwɔ mu sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Efisɛ onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa.
and I wish you all to speak with tongues, and more that ye may prophecy, for greater is he who is prophesying than he who is speaking with tongues, except one may interpret, that the assembly may receive edification.
6 Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo.
And now, brethren, if I may come unto you speaking tongues, what shall I profit you, except I shall speak to you either in revelation, or in knowledge, or in prophesying, or in teaching?
7 Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ.
yet the things without life giving sound — whether pipe or harp — if a difference in the sounds they may not give, how shall be known that which is piped or that which is harped?
8 Na sɛ nea ɔhyɛn akobɛn no nso anhyɛn no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko?
for if also an uncertain sound a trumpet may give, who shall prepare himself for battle?
9 Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu.
so also ye, if through the tongue, speech easily understood ye may not give — how shall that which is spoken be known? for ye shall be speaking to air.
10 Ɔkasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu.
There are, it may be, so many kinds of voices in the world, and none of them is unmeaning,
11 Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no.
if, then, I do not know the power of the voice, I shall be to him who is speaking a foreigner, and he who is speaking, is to me a foreigner;
12 Esiane sɛ mopere sɛ mubenya Honhom no akyɛde no nti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ nea ɛbɛboa asafo no ama agyina yiye.
so also ye, since ye are earnestly desirous of spiritual gifts, for the building up of the assembly seek that ye may abound;
13 Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae na otumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase.
wherefore he who is speaking in an [unknown] tongue — let him pray that he may interpret;
14 Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no, nanso mʼadwene mmoa.
for if I pray in an [unknown] tongue, my spirit doth pray, and my understanding is unfruitful.
15 Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae, na mede me ntease bɛbɔ mpae nso; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede me ntease nso bɛto bi.
What then is it? I will pray with the spirit, and I will pray also with the understanding; I will sing psalms with the spirit, and I will sing psalms also with the understanding;
16 Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase.
since, if thou mayest bless with the spirit, he who is filling the place of the unlearned, how shall he say the Amen at thy giving of thanks, since what thou dost say he hath not known?
17 Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no wɔ ɔkwan biara so.
for thou, indeed, dost give thanks well, but the other is not built up!
18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa.
I give thanks to my God — more than you all with tongues speaking —
19 Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu.
but in an assembly I wish to speak five words through my understanding, that others also I may instruct, rather than myriads of words in an [unknown] tongue.
20 Monnnwene sɛ mmofra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm de a, monyɛ mo ho sɛ mmofra. Nanso munnwen sɛ mmadwemma.
Brethren, become not children in the understanding, but in the evil be ye babes, and in the understanding become ye perfect;
21 Kyerɛwsɛm no ka se, “Menam nnipa a wɔka kasa foforo so bɛkasa akyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔho anofafa so bɛkasa, nanso wɔrentie me,” Awurade na ose.
in the law it hath been written, that, 'With other tongues and with other lips I will speak to this people, and not even so will they hear Me, saith the Lord;'
22 Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne na Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne.
so that the tongues are for a sign, not to the believing, but to the unbelieving; and the prophesy [is] not for the unbelieving, but for the believing,
23 Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fi ase ka kasa foforo na sɛ ahɔho anaa wɔn a wonni gyidi fra mo mu a, munnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam?
If, therefore, the whole assembly may come together, to the same place, and all may speak with tongues, and there may come in unlearned or unbelievers, will they not say that ye are mad?
24 Nanso sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a onni gyidi anaa onipa foforo bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bebu no atɛn
and if all may prophecy, and any one may come in, an unbeliever or unlearned, he is convicted by all, he is discerned by all,
25 na ne kokoamsɛm bɛda adi, na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne se, “Nokware ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”
and so the secrets of his heart become manifest, and so having fallen upon [his] face, he will bow before God, declaring that God really is among you.
26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ dɛn? Sɛ muhyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforo na ɔfoforo nso akyerɛkyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔso.
What then is it, brethren? whenever ye may come together, each of you hath a psalm, hath a teaching, hath a tongue, hath a revelation, hath an interpretation? let all things be for building up;
27 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforo a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforo nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase.
if an [unknown] tongue any one do speak, by two, or at the most, by three, and in turn, and let one interpret;
28 Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforo yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.
and if there may be no interpreter, let him be silent in an assembly, and to himself let him speak, and to God.
29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie adwene ho.
And prophets — let two or three speak, and let the others discern,
30 Na sɛ obi a ɔte hɔ no nso nya asɛm fi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa.
and if to another sitting [anything] may be revealed, let the first be silent;
31 Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛnea mo nyinaa benya osuahu bi ne nkuranhyɛ.
for ye are able, one by one, all to prophesy, that all may learn, and all may be exhorted,
32 Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so gyae ma ɔfoforo nso kasa.
and the spiritual gift of prophets to prophets are subject,
33 Efisɛ Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoepɛfo. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no.
for God is not [a God] of tumult, but of peace, as in all the assemblies of the saints.
34 Ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wonni ho kwan sɛ wɔkasa, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.
Your women in the assemblies let them be silent, for it hath not been permitted to them to speak, but to be subject, as also the law saith;
35 Sɛ wɔrehwehwɛ biribi mu ahu a, wommisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbea kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguase.
and if they wish to learn anything, at home their own husbands let them question, for it is a shame to women to speak in an assembly.
36 Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no fi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na efi?
From you did the word of God come forth? or to you alone did it come?
37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ, “Nsɛm a merekyerɛw yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ menkyerɛw.”
if any one doth think to be a prophet, or spiritual, let him acknowledge the things that I write to you — that of the Lord they are commands;
38 Enti sɛ ontie eyi a, ɛno de munntie ɔno nso.
and if any one is ignorant — let him be ignorant;
39 Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforo.
so that, brethren, earnestly desire to prophesy, and to speak with tongues do not forbid;
40 Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.
let all things be done decently and in order.